Derrick Oduro

Ɛfi Wikipedia
Hon.
Derrick Oduro
Deputy Minister
Bere
March 2017 – 6 January 2021
ƆmanpanyinNana Akuffo-Addo
AnanmusiniJoseph Kwasi Mensah
Ne ho asɛm
Awo bereFebruary 23, 1958 (1958-02-23) (age 66)
Dromankese, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
N'adwumaPolitician
N'adwumaGhana army

Derrick Oduro (wɔwoo no Ɔpɛpɔn da a ɛtɔ so aduonu-mmeɛnsa, afe Apem Ahankron ne sɛ duonum-nwɔtwe -1958) yɛ Ghana ɔmanyɔni a ɔno nso yɛ ɔsraani a wakɔ pɛnhyen wɔ Ghana Asraafo mu. Ma ɔwɔ dibea a ɛyɛ ɔsraani panyin. Ɔyɛ Ɔsono kokroko ammanyɔkuo (New Patriotic Party-NPP) mu ni na ɔyɛ Ɔman Bammɔ Soafo abadiakyiri wɔ Ghana.[1][2][3]Ɔsan nso yɛ mmarahyɛbadwani ma Nkoranza Atifi abatoɔ mpɛsoa no wɔ saa bere no Brono Ahafo mantam no fa baabi a mprempren yi ɛyɛ Bono Apueiɛ mantam no mu .[4]

Abrabɔ Ahyaseɛ ne Nwomasua[sesa]

Derick Oduro firi Dromankɛse a ɛwɔ saa bere no Bono Ahafo Mantam a mprempren ɛyɛ Bono Apueiɛ Fam Mantam wɔ Ghana. Ɔwɔ (Masters of Arts ) wɔ nniso ne akandifosɛm mu( Governance and Leadership) wɔ Ghana Institute of Management and Public Administration (GIMPA). Ɔsan nso wɔ Diploma wɔ Ɔman Sikasɛm mu (Economics) wɔ Institute of Accountancy Training ne Certificate wɔ Cranfield University.[5]

Adwumyɛ ne Amanyɔsɛm[sesa]

Oduro hyɛɛ n’adwuma ase sɛ sikasɛm hwɛsofoɔ wɔ (Akosas Business College ) firi afe Apem Ahankron Aduɔson Nson (1977 )kɔsi afe Apem Ahankron Aduɔson Nkron (1979). Ɛno akyiri no, wɔfaa no sɛ ɔnkɔ asraadie firi afe Apem Ahankron ne Aduɔson-kron (1979) kɔsi afe mfe Mpem Mmienu ne anum (2005). Ɔkɔɔ ahomegyeɛ mu wɔ asraafoɔ mu. Na ɔbɛyɛɛ Nkoranza Mantam Nhyiamu no titenani firi mfeɛ Mpem Mmienu ne Num (2005 )kɔsi Mfeɛ Mpem Mmienu ne Nson (2007). Wɔ afe 2007 mu no, wɔ Ɔsono kokroko amdnyɔkuo (New Patriotic Party-NPP) tekiti So. Derrick Oduro dii n’asɔretiafoɔ a wɔfiri amanyɔkuo ahodoɔ mu so nkonim . Na ɔbɛgyinaa Nkoranza Atifi abatoɔ mpɛsoa no ananmu. Wagyina ne mansin ananmu de bɛsi nnɛ.[6]

Ɔde Kyiniiɛ amanyɔkuo (National Democratic Congress-NDC)no tekiti sii akan wɔ mfeɛ Mpem Mmienu ne Aduonu (2020 ) Ghana amansan abatoɔ no mu na ɔdii nkoguo wɔ Joseph Kwasi Mensah a ɔfiri National Democratic Congress no anim. Joseph Mensah nyaa mma no mu 15,124 berɛ a Oduro nyaa ɛmu mpemdu, ahankron ne aduɔson -nwɔtwe (10,978)

N'ankasa Abrabɔ[sesa]

Derrick Oduro, awo mmamu nsia. Na ɔyɛ memeneda asɔre ADA ne.[7][8]

Abadwakuo[sesa]

Mprenpren yi, ɔka abadwakuo a ɛhwɛ mma, mmarima ne mmɔfra nsɛm so no ho. Ɔsan ka sikasɛm abadwakuo no ho. Afei, ɔsan ka abadwakuo a we ɔhwɛ mmabunu ne agudie ne ammamerɛ ho nsɛm so no ho.

Baabi a Menyaa Mmoa Friiɛ.[9]

Baabi a Menyaa Mmoa Friiɛ[sesa]

  1. "Derrick Oduro", Wikipedia (in English), 2023-01-31, retrieved 2023-10-01
  2. "Derrick Oduro", Wikipedia (in English), 2023-01-31, retrieved 2023-10-01
  3. Kojo Akoto Boateng (2017-03-15), Akufo-Addo names 50 deputies, 4 ministers of state (in American English), retrieved 2023-10-01
  4. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-01
  5. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-01
  6. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-01
  7. MPs (in American English), retrieved 2023-10-01
  8. MPs (in American English), retrieved 2023-10-01
  9. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-01