Daddy lumba

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Daddy lumba
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameCharles Sesa
date of birth29 Ɛbɔ 1964 Sesa
place of birthNsuta Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationmusician Sesa
educated atJuaben Senior High School Sesa

Daddy Lumba a  Wɔwoo no Ɛbɔ bosome da ɛtɔ so aduonu-nkron wɔ afe apem ahenkron aduosia- nnan mu no yɛ Ghanani nnwomtoni a Ɔsane nso twerɛ  nnwom. Ɔde nnwom apaawa bɛyɛ sɛ aduasa nnan na ato dwa. Wɔwoo  Lumba a ne din ankasa ne Charles Kwadwo Fosu wɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Nsuta Amangoase ɛwɔ Sekyere Central District a ɛbɛn MampongAshanti mantam mu. Nnipa pii no ara na ɛtaa ka sɛ Daddy Lumba yɛ nnwomtoɔ mu akonini aberɛ nyinaa[1][2][3][4][5]

Ne mmɔfra ase ne Nabusua[sesa]

Lumba agya a ɔde no baa wiase ne Owoahene Kwadwo Fosuh na,ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛni, ɔwui na Lumba da so yɛ abɔfra kumaa bi. Ne maame nso din ne Comfort Gyamfi a wɔtaa frɛ no Ama Saah no nso yɛ ɔkyerɛkyerɛni . Ɔwuiɛ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne baako no mu wɔ Kumasi. Ne Maame wuo yi haa no yie ɛfiri sɛ na ɔno ne Lumba adeɛ nyinaa. Lumba  nnwom pii no a ɛbi  ne  "Anidasoɔ Wɔhɔ Ma Obiara", "Ohia Asɛm", "Ɛmmere Pa Bɛba", "Agya Bi Wua Agya Bi Tease", no nyinaa ɔyɛ de hyɛɛ ne Maame anionyam[6].

Lumba aware wɔ mma.

Adwuma[sesa]

Daddy Lumba nwomtoɔ adwuma no hyɛɛ aseɛ wɔ aberɛ a na wadi mfeɛ du- nsia. Na ɔno ne panin a ɔda Juaben ntoasoɔ sukuu no kuo a Wɔto nnwom no ano firi afe apem ahenkron aduowɔtwe mmiɛnsa de kɔsi afe apem ahenkron aduowɔtwe nnan mu aberɛ a na Awuraa Christabel na ne ɔyɛ nnwomtoɔ kyerɛkyerɛni ɛna ɔweiɛ sukuu no afe apem ahenkron aduowɔtwe nnum. Ɛwɔ Juaben ntoasoɔ sukuu mu no, Lumba ne ne nnamfo bi te sɛ Yaw ,Kwabena ne ne mpena Theresa Abebrese  tee ɛkuo a na wɔfrɛ no "Lumba Brothers group".

Wɔwei sukuu no,Daddy ne ne mpena Theresa tuu kwan kɔɔ Germany sɛ ɔkɔ hwehwɛ yie die.

Ɛwɔ Germany,Lumba kɔ hyiaa Ernest Nana Acheampong. Na Acheampong ate ɛkuo a wɔfrɛ "talking dreams with a white man" dada. Adeɛ na Lumba nim saa berɛ no ne Nyame nwomtoɔ ɛna ɔsrɛɛ Nana Acheampong sɛ ɔmfa no nwura "highlife music" nnwomtoɔ no mu.

Wɔtee ɛkuo foforɔ na,wɔfrɛ no "Lumba Brothers" te sɛ ɛdin korɔ no ara wɔdii kan tee wɔ Juaben ntoasoɔ sukuu mu no.

Wɔn mmienu hyehyɛɛ sɛ wɔde nnwom apaawa bɛto dwa wɔ afe apem ahenkron aduowɔtwe nsia nanso sikasɛm nti nwom apaawa no baa ɛdwa so afe apem ahenkron aduowɔtwe nkron mu berɛ a Lumba yere Akosua Serwaa boa wɔn no. Nnwom no din ne "Yɛɛyɛ Aka Akwantuo Mu".

Daddy Lumba ne nyinaa mu no de nnwom apaawa aduasa mmiɛnsa na ato dwa. Nnwom apaawa no bi ne Aben Wɔha, Awosuɔ, Obi Ate Me So Buɔ, Sika Asɛm ne Ebi Se Ɛyɛ Aduro.

Seisei ɔpɛ sɛ ɔde nnwom apaawa a ɛtɔ so aduasa nnan a wato no din " Nnipa Foo Na Ɛka Nsɛm Foo.

Ɔyɛ adeɛ pa ara,  ɛfiri sɛ ɔtaa de nnwom ahodoɔ a ɛgye din ba adwa so ɛfiri bere a ɔno ara yɛ ne ho Ghanafoɔ nnwomtofoɔ mu akunini no baako wɔ" Highlife genre" no.

Ɔno na ɔde baa highlife nnwomtoɔ mu ɛwɔ bere a, ɔreyɛ "blockbuster" nnwom apaawa a, yɛfrɛ no 'Woho Kyere' a ɛgyee din afe apem ahenkron aduokron nkron mu. Daddy Lumba ne Ofori Amponsah kaa wɔn ho bɔɔ mu saa afe no de nnwom nnum  a ɛgyee din pa ara baeɛ no na ɛyii Ofori Amponsah nsoroma pueɛ. Ne nyinaa mu Lumba aboa Ghana nnwomtofoɔ du- mmiɛnsa wɔ wɔn nnwomtoɔ adwuma mu.[6]

Ɛwɔ afe apem ahenkron aduokron nkron mu no, Daddy Lumba nyaa abodin mmiɛnsa a Ɛno ne  "Best Album, Artist of the Year ne the Most popular Song of the Year" ɛwɔ abodin kuo a wɔfrɛ no  " Ghana Music Awards".

Ansa na yɛ wuraa Mfeɛ mpem mmienu ne mmienu mu no, na afe biara Daddy Lumba de nnwom a ɛgye din ba adwa so.

Ne nnwomtoɔ adwuma no nyɛ deɛ ɔhaw biara nni mu, ɛbere bi mu na ɔde Nyame nnwom ato dwa ɛbere foforɔ nso na wama Nnipa ho adwiri wɔn wɔ wiase nnwom mu ne mfoni ho.

Nnipa abɔ no sommoa pii sɛ Lumba asesa ne wedeɛ berɛ a ɔsraeɛ no. Nanso ɔnnye ntom sɛ biribi saa akɔ so.

Daddy wɔ no ara ne beaeɛ a ɔyɛ ne nnwom ne mfidie a ɔde di nnwom ho dwuma. Ne nnwomtoɔ no sesa afe biara de hyia nsesaeɛ a ɛba berɛ ano berɛ ano ne deɛ Nnipa rehwehwɛ abere biara no. Wɔbɛtumi akan no aka nnɛ mmerɛ mu "highlife nnwomtofoɔ ho. Daddy Lumba agye abodin pii wɔ "Ghana Music Awards " ne afoforɔ bi ase. Ɛna ɔda so sɔ nnɛ mmerɛ mu mmaa ne,mmariama ani.

Ne nnwom pii no ara Ɔbaa Yvonne Ohene Dian a wɔtaa,frɛ no 'SHE' na ɔto Akyire deɛ no.

Ɛwɔ Ɔpɛnimaa bosome da ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu mmienu mu na, Daddy Lumba de nnwom a nnipa atwen akyɛre a wato no din , 'Ofo Na Edi Asem Fo' baa ɛdwa so[7]

Ne nnwuma[sesa]

Ɛwɔ Ɛbɔ bosome mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu mmienu mu no, Daddy Lumba o

Buses DLFM (106.9 MHz), kasa fie a ɛdi ne dwuma wɔ Twi kasa mu wɔ  Nkran kuro no mu.

Ne Nnwom Bi[sesa]

Yereye Aka Akwantuo Mu (ɔne Nana Acheampong) (1989)

Obi Ate Meso Bo (1990)

Sika Asem (1991)

Vida with Felix Owusu (1993)

The Very Best Of Daddy Lumba Vol. 1 (1994)

Mesom Jesus (1995)

Playboy (1995)

Biribi gyegye wo (1995)

Hwan na Otene ɔne Akua Serwaa Bonsu (1996)

Sesee Wo Se (1997)

Aben waha (1998)

Woho kyere ɔne Ofori Amponsah (1999)

Ebi se ɛyɛ aduro (1999)

Back for Good (1999)

Aseɛ ho (ɔne Borax) (2000)

Mato Odo mu (2000)

Poison (2001)

Mɛma afa wo tirim (2002)

Bubra (2003)

Pa Ntoma (with Borax) (2004)

Ahenfo Kyinye with Pat Thomas (2004)

Area Boy (2005)

Give peace a chance (2005)

Tokrom (2006)

Agenda (2007)

Sika (2008)

Aware Pa Ye Anibre (2009)

Kohye Po (2011)

Awoso (2014)

Ye Nea Woho Beto Wo (2014)

Hosanna with Great Ampong (2015)

Enko den (2016)

Abodin[sesa]

Ɛwɔ Ɔsanaa bosome da ɛtɔ so du-nwɔtwe wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-nwɔtwe mu no, wɔbɔɔ no abodin  sɛ Daddy Lumba ne Ɔkonini wɔ anigyedeɛ mu ɛwɔ " Exclusive Men of the Year Africa Awards" (EMY Award) abodin dwumadie no ase.

Ɛwɔ mfeɛ mpem mmienu nu no," Ghana Music Awards" bɔɔ no abasobodeɛ sɛ ɔno ne afe no nyinaa nnwomtofoɔ a ɔyɛɛ adeɛ , ne nnwom apaawa ne deɛ ɛdikan ɛna ne nnwom na ɛgyee din saa,afe no mu.(Artist of the Year, Best Album of the Year, Most Popular Song of the Year).

Ɛwɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa mu no "Ghana Music Awards" maa no abasobodeɛ sɛ ɔno ne saa berɛ no mu 'Highlife Artist', ' Contemporary Highlife Song', 'Contemporary Highlife Album'.

Beaeɛ Menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. ALEXIS GIBBS (2016-11-09), "'What Makes My Image of Him into an Image of Him?': Philosophers on Film and the Question of Educational Meaning", Journal of Philosophy of Education, vol. 51, no. 1, pp. 267–280, doi:10.1111/1467-9752.12223, ISSN 0309-8249, retrieved 2023-05-28
  2. Sheet Music and Lyrics for all 4 years of Class of 1954 Glee Songs, doi:10.31096/wua007-245, retrieved 2023-05-28
  3. G. J. Leigh (2004-09-09), The World's Greatest Fix, doi:10.1093/oso/9780195165821.001.0001, retrieved 2023-05-28
  4. Heny Kusdiyanti, Nur Indah Agustina, Indra Febrianto, Robby Wijaya (2022-11-07), "Implementasi Lampu Ultrasonik Dolphin Pengusir Lumba-Lumba dalam Mengurangi Persistent Poverty Nelayan Pantai Sendang Biru", I-Com: Indonesian Community Journal, vol. 2, no. 3, pp. 558–564, doi:10.33379/icom.v2i3.1750, ISSN 2809-2031, retrieved 2023-05-29{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  5. "Physics: Why isn't the sky violet, daddy?", Science News, vol. 168, no. 5, pp. 78–78, 2005-07-30, doi:10.1002/scin.5591680518, ISSN 0036-8423, retrieved 2023-05-29
  6. 6.0 6.1 Fig. 1. Allen Whipple with his wife and children, retrieved 2023-05-29
  7. "Copyright", Concert and Live Music Photography, Elsevier, pp. iv, 2012, retrieved 2023-05-29