Cletus Avoka

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Cletus Avoka
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
family nameAvoka Sesa
date of birth30 Obubuo 1952 Sesa
place of birthZebilla Sesa
languages spoken, written or signedEnglish, Twi Sesa
occupationlawyer Sesa
educated atUniversity of Ghana, Ghana School of Law, Navrongo Senior High School Sesa
member of political partyNational Democratic Congress (Ghana) Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Cletus Apul Avoka (wɔwoo no ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔso aduonu) na ɔyɛ Ghana mmranimfoɔ, Amanyɔni ne Mmarahyɛbedwani ma Zebilla Apueɛ wɔ Atifido Apueɛ Mantam.[1]

Na ɔyɛ ɛdɔm dodoɔ baano da ni wɔ mmrahyɛbedwafie ɛberɛ a na ɔwɔ aban mu no ɛna bio nso na ɔyɛ Ɔsoafoɔ ɔhwɛ Afisɛm , Nsaase ne Akwaeɛ so.[2]

Abrabɔ ahyɛaseɛ ne nnwomasua[sesa]

Wɔwoo Cletus Apul Avoka wɔ Obubuo bosome da ɛtɔso aduasa wɔ afe apem ahankono ne aduonum baako mu. Ɔnyinii wɔ Teshie a ɛbɛn Zebilla wɔ Atifido Apueɛ Mantam mu. Ɔkɔɔ sukuu wɔ Navrongo ntoasoɔ sukuu mu ɛna ɔkɔɔ University of Ghana suapɔn mu a ɔnyaa L.L.B abɔdin wɔ afe apem aha nkono ne aduoson nsia. Ɔsan kɔɔ mmra ho sukuu a ɔbɛyɛɛ mmranimfoɔ wɔ afe apem aha nkono ne aduoson nwɔtwe mu.[1]

Amanyɔsɛm dwumadie[sesa]

mfeɛ mpem mmienu abatoɔ akyiri no, ɔbɛsii Benjamin Kunbuor ana mu maa mmarahybedwa a ɛtɔso nsia wɔ Adehyeman a ɛtɔso nnan a na ɔyɛ ɛdɔm dodoɔ baanodani. Na ɔyɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ afisɛm so wɔ National Democratic Congress aban a Atta Mills da ano wɔ Ghana de kɔsii mfeɛ mpem mmienu ne edu mu.

Hi diberɛ a edi kan ne Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ nsaase ne akwaeɛ so wɔ Jerry Rawlings aban mu.[3] Na ɔyɛ mmrahyɛbedwani ma Bawku Apueɛ abatoɔ mpɛsoasofoɔ wɔ Atifido Atɔeɛ Mantam mu wɔ Ghana firi afe apem ahankron ne aduokono mmiɛnsa kusii mfeɛ mpem mmienu ne enum mu.[1]

Ɛwɔ mfie mpem mmienu ne nwɔtwe mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ mu no, wɔtoo aba yii no sɛ mmranimhyɛbedwani a ɛtɔso mmienu mma Zebilla abatoɔ mpasoasofoɔ na ɔhyɛɛ ne dwumadie ase wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nkono mu.[1]

Mfeɛ mpem mmienu abatoɔ[sesa]

Na Avoka yɛ mmarahyɛbedwani ma Garu- Tempane efiri mfie mpem mmienu de kɔsii mfeɛmpem mmienu ne ɛnnan.ɛwɔ mfeɛ mpem mmienu no, Ɔdii nkonim bɛ yɛɛ mmarahyɛbedwaniii maa Garu - Tampena abatoɔ mpasoasofoɔ wɔ Atifido Atɔeɛ Mantam mu wɔ Ghana. Ɔgyinaeɛ sɛ kɔntɔntkwerɛ dii nkonim wɔ saa abatoɔ no mu wɔ Atifido Apueɛ Mantam. Ɔnyaa mma no mu mpem du nan,aha mmienu ne Aduonwɔtwe mmienu.

y

Yei gyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛ mu aduanan num ne akyiripɔ aduanan wɔ mma dodoɔ ɔtoeɛ no mu. Ɔdii Azuma Dominic NDC, William Pullam PNC, Emmanuel S.N.Asigri NPP, Tindogo D.Ashock of CPP, Haod M.Yussif of UGM ne Hamidu Sahanona of NRP.

Yei bɛyɛɛ mpem du mmienu, ahanu ne aduonu nan, mpem mmienu, ahankono ne nwɔtwe, apem,ahasa ne aduosia, aha mmienu ne aduokono mmiɛnsa, mpem ahanu aduanan nsia, ɔha ne aduasa nwɔtwe. A egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛ mu aduasa nwɔtwe ne akyiripɔ aduokono, nkono akyiripɔ aduonu, nan kyiripɔ aduasa, hwee ne akyiripɔ aduokono, hwee ne akyiripɔ aduonwɔtwe,ne hwee ne akyiripɔ aduanan.

wɔ abatoɔ no mu no, Ɔnyaa mpem du mmiɛnsa, ne aduoson nan de firii nnipa dodoɔ a ɛtoo aba no mo a egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛ mu aduanan ne akyiripɔ aduonum de boroo. Moses Appiah a ɔnyaa mpem du, aha nan ne aduoson a ɛyɛ ɔha mu nkyekyɛ mu aduasa mmienu ne pɔ aduonum, John Akparibo nyaa mpem nsia, ahanson ne baako ɛyɛ ɔha mu nkyekyɛ mu aduonu ne pɔ aduonwɔtwe.

Ɔsan dii nkunim bio wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu abatoɔ mu a ɔnyaa mpem aduonu baako,ne aha nkono de firii nnipa dodoɔ a ɛtoo aba no mu a ɛyɛ ɔha mu nkyekyɛ mu aduonum mmiɛnsa, akyiripɔ aduonu nwɔtwe, Frank Fuseni Adongo nyaa mpem du nson, ne aduonwɔtwe mmienu a ɛyɛ ɔha mu nkyekyɛm aduanan baako akyiripɔ aduonum nsia, Mallam Yussif Isa nyaa apem,ahanson ne aduasa nkono a ɛyɛ ɔha mu nkyekyɛ mu nnan akyiripɔ aduonu mmiɛnsa ɛna Atangnaba Abraham nyaa ahasa ne aduonwɔtwe num a ɛyɛ ɔha mu nkyekyɛ myu hwee akyiripɔ aduokono nan.[4]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Avoka yɛ Onyamesomni a waware san wɔ mma nan.

  • List of Mills government ministers

Beaeɛ a me nyaa nsɛm no[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 http://www.ghanamps.com/mps/details.php?id=2565
  2. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Parliament-needs-men-of-wisdom-and-experience-like-me-Cletus-Avoka-763733
  3. http://www.modernghana.com/news/103854/1/president-swears-in-mmore-cabinet-ministers-.html
  4. http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2012/uppereast/176/index.php