Benito Owusu Bio

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Benito Owusu Bio
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
name in native languageBenito Owusu-Bio Sesa
given nameBenito, Owusu Sesa
family nameOwusu Sesa
date of birth1 Obubuo 1968 Sesa
place of birthAtwima District Sesa
native languageAsante Kasa Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationgeneral manager, Amanyɔni Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 6th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 5th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 4th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atUniversity of Birmingham, Kwame Nkrumah University of Science and Technology Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Benito Owusu Bio (wɔwoo no Ɔpɛpɔn 1, 1968) yɛ asase ho sikasɛm ho nimdefo ne Ghana amanyɔni a ɔte Republic of Ghana. Ɔyɛ mmrahyɛbagua no muni a ogyina hɔ ma Atwima-Nwabiagya mantam a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana Ɔmanpanyin a ɛto so 4,5,6, 7 ne 8 mmrahyɛbagua no mu. Ɔyɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no muni .

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Owusu Ɔberɛfɛw da 1, afe 1968. Ɔfiri Akropong kuro bi a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana . Ɔyɛ Kwame Nkrumah Sukuupɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfiridwuma So no ade . Ɔwɔ Bachelor of Science abodin krataa wɔ Asase Sikasɛm mu wɔ sukuupɔn no mu. Ɔnyaa abodin krataa no wɔ afe 1994. Ɔsan yɛ Birmingham Sukuupɔn mu ade . Ɔwɔ Masters wɔ Sociology mu wɔ Ahɔhoyɛ mu. Ɔnyaa adansedie krataa no wɔ afe 1998.

Adwuma[sesa]

Na Owusu yɛ Hotel Georgia Limited a ɛwɔ Kumasi no panyin .

Amammui mu adwuma[sesa]

Owusu yɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no muni . Ɔbɛyɛɛ mmrahyɛbagua muni fi Ɔpɛpɔn 2005 bere a ɔdaa ne ho adi sɛ nkonimdifo wɔ Amansan Abatow mu wɔ December 2004.[1] Efi saa bere no, wadi tumi mpɛn anan a ɛtoatoa so. Ɔyɛ MP a ɔhwɛ Atwima-Nwabiagya North mantam so. Wɔapaw no sɛ mmrahyɛbagua muni ama saa mantam yi wɔ Republic of Ghana a ɛto so anan no mmrahyɛbagua a ɛto so anan, anum, asia ne ason no mu. Na ɔyɛ akwan ne akwantuo Boayikuo ne Ɔmanfoɔ Akontaabuo Boayikuo no muni wɔ 4th Republic of Ghana mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nson no mu. Bere a na ɔwɔ mmrahyɛbagua mu no, wɔpaw no sɛ Ɔmanpanyin Abadiakyiri a ɔhwɛ Asase ne Abɔde mu Nneɛma so.

Abatow a wɔyɛ[sesa]

Wɔpaw Owusu-Bio sɛ mmrahyɛbaguani ma Atwima-Nwabiagya Atifi fam mantam a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana nea edi kan wɔ afe 2004 Ghana amansan abatow no mu.[2] Odii nkonim wɔ New Patriotic Party no tekiti so.[2] Na ne mansin no yɛ mmrahyɛbagua nkongua 36 no fa wɔ nkongua 39 a Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no dii wɔ saa abatow no mu maa Ashanti Mantam no mu . New Patriotic Party no nyaa mmrahyɛbagua nkongua 128 wɔ nkongua 230 mu. Wɔde abatoɔ 56,337 na ɛpaw no wɔ abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ nyinaa mu 70,252 a ɛne abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ nyinaa mu 80.2% yɛ pɛ.[2] Wɔpaw no sen Ebenezer Obu Tetteh a ofi Peoples’ National Convention, Nana Appia Manu a ofi National Democratic Congress, Munni Issah a ofi Convention People’s Party ne Ben Owusu Boadu a ofi Every Ghanaian Living Everywhere amammui kuw no mu.[2] Eyinom nyaa abatow a ɛfata nyinaa mu 1.0% 17.1%, 1.5% ne 0.3%.[2]

Wɔ afe 2008 mu no, odii nkonim wɔ amansan abatow no mu wɔ New Patriotic Party tekiti so maa ɔmansin koro no ara.[3] Ná ne mansin no ka mmrahyɛbagua nkongua 34 a ɛwɔ nkongua 39 a Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no dii wɔ saa abatow no mu maa Ashanti Mantam no mu no ho. New Patriotic Party no nyaa mmrahyɛbagua nkongua 109 wɔ nkongua 230 mu. Wɔde abatoɔ 46,605 na ɛpaw no wɔ abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ nyinaa mu 72,973 a ɛne abatoɔ a ɛfata nyinaa mu 63.87% yɛ pɛ.[3] Wɔpaw no sen Chogkureh Christopher a ofi National Democratic Congress ne Yaw Frimpong ne kuw a ɛde ne ho so.[3] Eyinom nyaa abatow a wɔtow no nyinaa mu 17.07% ne 19.06%.[3]

Wɔ afe 2012 mu no, ɔdii nkonim wɔ amansan abatoɔ no mu wɔ New Patriotic Party tekiti so maa ɔmansin korɔ no ara.[4] Wɔde abatoɔ 27,456 na ɛpaw no wɔ abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ nyinaa mu 45,849 a ɛne abatoɔ a ɛfata nyinaa mu 59.88% yɛ pɛ.[4] Wɔpaw no sen Anthony Bernard Ansah a ofi National Democratic Congress, Kwadwo Amponsah a ofi Progressive People’s Party ne Dickson Osei-Asibey a ɔyɛ obi a ɔde ne ho.[4] 12,13 Eyinom nyaa abatow a wɔtow no nyinaa mu 18.2%, 0.84% ne 21.08%.[4] Wɔsan paw Benito wɔ afe 2016 ne 2020 amansan abatoɔ mu sɛ ɔnyɛ ananmusifoɔ wɔ Fourth Republic mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nson ne 8 no mu.

Ankorankoro asetra[sesa]

Owusu-Bio yɛ Kristoni na ɔyɛ Anglikan asɔre no muni. Ɔwaree na ɔwɔ mma baasa.

Hwɛ nso[sesa]

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. Elections 2004; Ghana's Parliamentary and Presidential Elections. Accra: Electoral Commission of Ghana; Friedrich Ebert Stiftung. 2005. p. 121.
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 2.4 Elections 2004; Ghana's Parliamentary and Presidential Elections. Accra: Electoral Commission of Ghana; Friedrich Ebert Stiftung. 2005. p. 121.
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 Ghana Elections 2008. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2010. p. 59.
  4. 4.0 4.1 4.2 4.3 Elections 2012. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. p. 148.