Amos Lawerh Buertey

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Amos Lawerh Buertey
nnipa
sex or gendermale Sesa
date of birth10 Ayɛwohomumɔ 1954 Sesa
place of birthAda Foah Sesa
occupationlawyer, Amanyɔni Sesa
position heldMember of the 3rd Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 2nd Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 1st Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atGhana School of Law Sesa
member of political partyNational Democratic Congress (Ghana) Sesa
religion or worldviewKristofo Sesa

Amos Lawerh Buertey About this soundsɛnea yɛbɔ "Amos Lawerh Buertey" (wɔwoo no Ayɛwohomummɔ bosome da a ɛtɔ so du wɔ afe apem ahankron aduonum nan) yɛ Ghana , asɛnnibea gyinamufoɔ sane nso yɛ mmarahyɛbedwanii wɔ mmarahyɛbedwakuo a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ kwasafoman a ɛtɔ so nan a ɔgyina hɔ ma Ada mpɛsoa so wɔ Nkran pupuni mantam wɔ Ghana.[1]

Abrabɔ ahyɛaseɛ ne sukuu.[sesa]

Wɔwoo Lawerh wɔ Ayɛwohomummɔ bosome da a ɛtɔ du wɔ afe apem ahankron aduonum nan wɔ Ada, kuro bi a ɛwɔ Nkran punpuni mantamGhana. Ɔkɔɔ sukuu wɔ Ghana mmaranim sukuu na ɔnyaa n'apɔnkyibaa nkrataa wɔ mmaranim mu.

Amanyɔsɛm.[sesa]

Wɔtoo Lawerh so aba ma no baa aban mu wɔ mmarahyɛbedwakuo a edikan wɔ kwasafoman a ɛtɔ nan wɔ GhanaƆpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nson wɔ afe apem ahankron aduokron mmiɛnsa berɛ a wɔdaa no adi wieeɛ sɛ ɔno na wadi nkunim wɔ afe apem ahankron aduokron mmienu Ghana mmarahyɛbedwa abatoɔ a wɔtoo no Ɔpɛnimaa bosome da a ɛtɔ so aduonu nkron wɔ afe apem ahankron aduokron mmienu. Na ɔyɛ ekuoba wɔ mmarahyɛbedwakuo a ɛtɔ so mmienu wɔ kwasafoman a ɛtɔ so nan wɔ Ghana ɛna wɔtoo ne so aba ma no bɛyɛɛ mmarahyɛbedwanii maa Ada mpɛsoa a na ɔwɔ Kyineɛ amanyɔkuo (National Democratic Congress) berɛ a na wɔreto afe apem ahankron aduokron mmienu Ghana abatoɔ wɔ ɔpɛnimaa bosome no mu.[2] Ɔnyaa mma mpem aduonu nan, ahasa ne dunson firii mma mpem aduasa mmienu, ahanson ne aduowɔtwe num mu a ɛgyina hɔ ma ɔhamu nkyekyɛmu aduonum nson akyirepɔn aduoson sene n'asɔretiafoɔ Apetorgbor Adinortey a wate ne ho a ɔnyaa mma mpem nan, ahanan ne aduosia nsia ɛgyina hɔ ma ɔhamu nkyekyɛmu du akyirepɔn aduosia firii mma dodoɔ no mu ɛna Patrick Nelson Sogbodjor a ɔwɔ Akokɔ amanyɔkuo (Convention people's party) nso nyaa mma dodoɔ mpem nan ne mmienu a ɛgyina hɔ ma ɔhamu nkyekyɛmu nkron akyirepɔn aduonum.[3] Wɔ mfeɛ mpem mmienu mu no ɔnyaa mma mpem du mmiɛnsa, ahasa ne dunson firii mma dodoɔ mpem aduonu nan,ahasa ne aduosia nan mu a ɛgyina hɔ ma ɔhamu nkyekyɛmu aduonum nan akyirepɔn aduoson.[4] Lawerh yɛɛ mmarahyɛbedwanii firii afe apem ahankron aduokron nsia kɔpem mfeɛ mpem mmienu. Ɔdii ntwo wɔ mfeɛ mpem mmienu dane akonnwa no maa Alex Narh Nartey-Enyo.[5]

Nnwuma[sesa]

Lawerh yɛ asɛnnibea gyinamufoɔ sane nso yɛɛ ɔsoafoɔ abɛdiakyire a ɔhwɛ Nkran punpuni mantam so.[6]

N'abrabɔ[sesa]

Lawerh yɛ Kristoni.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. Ghana Parliamentary Register
  2. "Parliament specific guidelines to regulate religious practices". www.ghanaweb.com. 12 March 2002. Retrieved 6 October 2020.
  3. FM, Peace. "Parliament – Ada Constituency Election 1996 Results". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 1 September 2020.
  4. FM, Peace. "Parliament – Ada Constituency Election 2000 Results". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 1 September 2020.
  5. FM, Peace. "Parliament – Ada Constituency Election 2004 Results". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 1 September 2020.
  6. https://allafrica.com/stories/200011090098.html