Akwasi Opong-Fosu
Hon. Akwasi Oppong Fosu | |
|---|---|
| Member of the Ghana Parliament for Amenfi East | |
Mprenpren | |
| Bere 7 January 2013 | |
| Odikanfo | Joseph Aidoo |
| Ɛdɔm keseɛ | 10,357 |
| Minister for Local Government and Rural Development | |
| Bere 2013 – May 2014 | |
| Ɔmanpanyin | John Dramani Mahama |
| Odikanfo | Samuel Ofosu-Ampofo |
| Ananmusini | Julius Debrah |
| Ne ho asɛm | |
| Awo bere | 1 February 1958 |
| Ne man | Ghanaian |
| Amanyɔkuo | National Democratic Congress |
Akwasi Oppong Fosu (wɔwoo no Ɔpɛpɔn bosome ne da a ɛtɔ so 1, wɔ afe 1958 mu) no yɛ Ghana ɔmanyɛfo. Ɔyɛ Mmarahyɛ Bagua no muni ma Amenfi Apuei fam amansin firi Ɔbɛnem bosome ne da a ɛtɔ so 7 wɔ afe 2013.[1] Ɔyɛ National Democratic Congress no muni.
Ɔmanpanyin John Dramani Mahama paw no sɛ Ɔmanpanyin no sɛ Ɔmanpanyin a ɔhwɛ Mpɔtam Aban ne Nkuraase Nkɔsoɔ so wɔ Oforisuo bosome no mu wɔ afe 2013 mu,[2] na Julius Debrah na odii n’ade wɔ saa abodin no mu wɔ Kotonima bosome no mu wɔ afe 2014 mu.
Ankorankoro asetra
[sesa]Fosu yɛ Kristoni (Asɛmfua Anwonwade Asɔre Amanaman Ntam). Ɔwaree na ɔwɔ mma baanan.[3]
Mfitiase asetra ne nhomasua
[sesa]Wɔwoo Fosu wɔ Ɔpɛpɔn bosome ne da da a ɛtɔ so 1, wɔ afe 1958. Ɔfiri Afransiei, kuro bi a ɛwɔ Ghana Atɔeɛ Mantam mu. Ɔkɔɔ London Sukuupɔn mu na onyaa ne master’s degree wɔ Public Policy and Management mu wɔ afe 2002 mu.[3]
Amanyɔsɛm
[sesa]Fosu yɛ National Democratic Congress(NDC) amanyɔkuw no muni. Wɔ afe 2012 mu no, ɔde NDC mmarahyɛ bagua a ɛtɔ so nsia a ɛwɔ republic a ɛtɔ so nnan no tekiti so sii akan maa Amenfi Apueeɛ nkongua no na ɔdii nkonim.[3]
Adwumafa
[sesa]Fosu ɔyɛ adwuma wɔ mpɔtam hɔ aban adwuma mu wɔ Accra.[3]
Beaɛ a menyaa mmoa fii
[sesa]- ↑ Parliamentary Results - Amenfi EastConstituency, retrieved 2023-10-01
- ↑ Oye Lithur, others sworn-in by President Mahama (in English), 2013-02-04, retrieved 2023-10-01
- 1 2 3 4 MPs (in American English), retrieved 2023-10-01