Samuel Ofosu-Ampofo

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Samuel Ofosu-Ampofo
Minister for Local Government and Rural Development
Bere
2011–2013
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
OdikanfoJoseph Yieleh Chireh
Eastern Regional Minister
Bere
2009–2011
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
OdikanfoKwadwo Afram Asiedu
AnanmusiniDr Kwasi Appiah-Kubi
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Fanteakwa North
Bere
1996–2004
AnanmusiniKwadjo Agyei Addo
Ne ho asɛm
Awo bere10 March 1962 (1962-03-10) (age 62)
Ne manGhanaGhana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
NehokaniJoyce Ofosu-Ampofo
MmaObed Ofosu-Ampofo, Steve Ofosu-Ampofo, Aaron Ofosu-Ampofo, Samuel Ofosu-Ampofo, Ebenezer Ofosu-Ampofo, Vivian Ofosu-Ampofo
Sukuu a w'akɔGhana Institute of Management & Public Administration (GIMPA)
N'adwumaMechanical Engineer

Wɔwoo Samuel Ofosu-Ampofo Ɔbɛnem da a ɛtɔ so du, afe apem, ahankron ne aduosia-mmeinu no mu. Ɔyɛ mmarahyɛbadwani dada. Ɔsane yɛ District Chief Executive ma Fateakwa Atifi fam wɔ Ghana Atɔeɛ mantam mu.[1][2] Ɔsane yɛ ɔsoafoɔ dada wɔ Atɔeɛ mantam mu na na ɔyɛ National Organizer ma National Democratic Congress amanyɔkuo no.[3][4][5] Ampofo sane yɛ ɔsoafoa dada a na ɔhwɛ aban ne ɔmanfoɔ ntam nkitahodie ne nkuro mpuntuo so.[6][7] Seesei, ɔne titenani ma National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no wɔ ɔman yi mu.[8][9][10]

N'abrabɔ mfitiaseɛ ne ne sukuukorɔ[sesa]

Wɔwoo Ampofo wɔ Kyebi.[11] Ɔhyɛɛ ne sukuu ase wɔ Asamankese, Anum L/A Middle School firii afe apem, ahankron ne aduoson-nsia kɔsii afe apem ahankron ne aduoson-nkron. Afei, ɔtoaa so kɔɔ ntoasoɔ sukuu wɔ Akwatia Technical Institute firii afe apem ahankron ne aduoson-nkron kɔsii afe apem ahankron ne aduowɔtwe-mmienu. Ɔfiri hɔ no, ɔkɔsuaa Post Graduate Certificate in Public Administration wɔ Ghana Institute of Management & Public Administration (GIMPA) ne Haggai Institute a ɛwɔ Hawaii Islands.

Ɔsane nso toaa so kɔɔ University of Education, Winneba a ɛwɔ Kumase no kɔsuaa adeɛ akwamma biara firii afe apem ahankron ne aduokron-baako kɔsii afe apem ahankron ne aduokron-mmiɛnsa. Ampofo sane kɔɔ University of Mines and Technology(UMAT) a ɛwɔ Tarkwa kɔgyee nteteɛ nyaa abodin mechanical engineering wɔ afe apem ahankron ne aduowtwe-mmiɛnsa mu kɔsii afe apem ahankron ne aduowɔtwe-num no mu. Ɔsane nso yɛ osuani dada wɔ USA-Specialized Studies in Advanced Leadership wɔ afe apem ahankron ne aduokron-nwɔtwe afe no mu.[7]

Amanyɔsɛm[sesa]

Ampofo ka mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so mmienu ne mmiɛnsa wɔ Ghana Repɔblik a ɛtɔ so nan no ho. Ɔsane yɛ amanyɔni a ɔwɔ National Democratic Congress amanyɔkuo no mu.[12] N'adwuma sɛ amanyɔni no hyɛɛ aseɛ berɛ a ɔmampanin Jerry John Rawlings yii no sɛ District Chief Executive firi afe apem, ahankron ne aduokron-nan kɔsii afe apem, ahankron ne aduokron-nsia no mu.[13][14]

Mmarahyɛbadwani[sesa]

Afe apem, ahankron ne aduokron-nsia ɔman abatoɔ no mu no, Ɔperee adwa sɛ mmarahyɛbadwani wɔ Fanteakwa Atifi abato mpasua no mu wɔ Ghana Atɔeɛ mantam mu. Ɔnyaa mma dodoɔ a wɔtoeɛ no mu mpem aduonu-baako, ahanu ne aduowɔtwe-nan wɔ saa afe abotoɔ no mu de dii nkunim.[15][16] Ɔsane tenaa adwa no sɛ mmarahyɛbadwani berɛ ɔdii nkunim wɔ mfeɛ mpenu ne nwɔtwe abatoɔ no mu no. Ɔnyaa mma a wɔtoeɛ no mu mpem dunum, ahanan aduowɔtwe-nson a ɛyɛ ɔha mu kyɛmu aduanan-nkron akyiri pɔ aduoson.[17]

Ɔsane peree adwa korɔ no ara wɔ mfeɛ mpenu ne nan ɔman abatoɔ no mu nanso saa berɛ yi deɛ, ɔdii ntwo maa Kwadjo Agyei Addo a na ɔgyina New Patriotic Party amanyɔkuo no anan mu no dii nkunim.[18] Mfeɛ mpenu ne nwɔtwe ɔman abatoɔ no mu no, ɔsane bɛgyinaa sɛ mmarahyɛbadwani peree adwa kroɔ no ara bio, nanso ɔsane dii ntwo maa Kwabena Amankwa Asiamah a na ɔgyina New Patriotic Party amanyɔkuo no anan mu no dii nkunim.[19]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. BusinessGhana Homepage, retrieved 2022-09-04
  2. News Ghana, Fanteakwa NDC expresses confidence in Ofosu-Ampofo | News Ghana (in American English), retrieved 2022-09-04
  3. Samuel Ofosu Ampofo is E/R Minister - MyJoyOnline.com (in American English), 2009-01-23, retrieved 2022-09-04
  4. Ofosu Ampofo promises Fanteakwa effective leadership - MyJoyOnline.com (in American English), 2008-11-11, retrieved 2022-09-04
  5. Ofosu-Ampofo to contest Fanteakwa Parliamentary seat on ticket of NDC (in English), retrieved 2022-09-04
  6. Peace FM Online, Ofosu Ampofo Is Afraid Of NPP In Fanteakwa - Akufo Addo, retrieved 2022-09-04
  7. 7.0 7.1 "Samuel Ofosu-Ampofo", Wikipedia (in English), 2022-03-11, retrieved 2022-09-04
  8. AFP, Ghana opposition leader arrested as kidnap suspect - police (in English), retrieved 2022-09-04
  9. "Samuel Ofosu-Ampofo", Wikipedia (in English), 2022-03-11, retrieved 2022-09-04
  10. mybrytfmonline (2020-06-17), Name all Gov’t Officials Tested Positive for Covid-19 to Build Public Confidence – Ofosu Ampofo (in American English), retrieved 2022-09-04
  11. Samuel Ofosu-Ampofo, Biography, retrieved 2022-09-06
  12. IBP Inc (2018-09-03), Ghana Land Ownership and Agricultural Laws Handbook Volume 1 Strategic Information, Policies, Regulations (in English), Lulu.com, ISBN 978-1-4387-5907-4, retrieved 2022-09-06
  13. "Biology: Insomniac brains are both asleep and awake", Science News, vol. 168, no. 23, pp. 366–366, 2005-12-03, doi:10.1002/scin.5591682312, ISSN 0036-8423, retrieved 2022-09-06
  14. Martin Fenner (2010-10-06), Beyond the PDF ??? it is time for a workshop, retrieved 2022-09-06
  15. Peace FM, Ghana Election 1996 Results - Fanteakwa North Constituency, retrieved 2022-09-06
  16. Peace FM, Parliament - Fanteakwa North Constituency Election 1996 Results, retrieved 2022-09-06
  17. Peace FM, Ghana Election 2000 Results - Fanteakwa North Constituency, retrieved 2022-09-06
  18. Peace FM, Ghana Election 2004 Results - Fanteakwa North Constituency, retrieved 2022-09-06
  19. Peace FM, Ghana Election 2008 Results - Fanteakwa North Constituency, retrieved 2022-09-06