Afieye Ashong

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Afieye Ashong
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni Sesa
position heldMember of the 3rd Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 2nd Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
member of political partyNational Democratic Congress (Ghana) Sesa

Beatrice Love Naa-Afieye Ashong yɛ mmrahyɛbedwani ɛma Kpone Katamanso ConstituencyNkran mantam.[1][2] Ɔsane nso ka nipakuo a wɔtee kuo a wɔfrɛ no Gods Love Society a ɛyɛ kuo a ɛnhyɛ aban ase, ɛna ɔsane nso yɛ mmarahyɛbadwani dadaa de ma Kpone Katamanso abatoɔ mpesua no so wɔ Nkran mantam no mu wɔ ɔman Ghana mu.[3]

Abrabɔ ahyɛaseɛ[sesa]

Wɔ woo Beatrice Love Naa-Afieye Ashong baabi wɔ a Kpone Katamanso a ɛwɔ Nkran punpuni mantam no mu wɔ ɔman Ghana mu.[4] Edin a yɛ de frɛ no wɔ mmrahyɛbɛdwafie yɛ Afieye Ashong.

Amanyɔsɛm[sesa]

Na Ashong ka mmarahyɛbadwakuo a ɛtɔ so mmienu ne mmiensa wɔ Ghana kabimamenkabi amanmuo a ɛtɔ so nan no mu.[5] Ɔhyɛɛ n'amanyɔsɛm no ase wɔ afe apem ahankron aduokron nsia mu berɛ a ɔgyinaa wɔ kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress[6][7] din mu sɛ yɛnto ne so aba ma ɔmmɛyɛ mmarahyɛbadwani mma ɔmanfoɔ a wɔwɔ Kpone Katamanso abatoɔ mpesua no so wɔ afe apem ahankron aduokron nsia abatoɔ no mu. Ɔnyaa mma no mu 7,901, a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 59.50% wɔ mma dodoɔ a wɔtoeɛ no nyinaa mu[8] na ɔde dii nkunim wɔ berɛ a ɛdi kan. Ɔsane nso gyinaa bio wɔ afe mpem mmienu 2000 abatoɔ no mu wɔ ɔman Ghana mu, ɔsane nso dii nkunim bio a ɔnyaa mma no mu 5,420, a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 51.35% wɔ mma dodoɔ a wɔtoeɛ no nyinaa mu.[9][10] Ɔde n'amanyɔsɛm nyinaa baa awieɛ berɛ a ɔbaa abɔtene bɛkaa sɛ ɔnnyina bio, na ɔde ne som no nyinaa reba awieɛ wɔ afe 2004, ɔpɛpɔn bosome no mu.[4][11]

Abatoɔ[sesa]

Wɔ afe apem aha nkron aduokron nsia abatoɔ keseɛ mu no, Ashong de mma 7,901 a ɛkyerɛ ɔha mu nkyekye mu 59.50% dii deɛ ɔne no sii akan no so nkunim wɔ Kpone Katamanson wɔ mmarahyɛbadwam a tɔ so mmienu wɔ Ghana adehyeman a tɔ so nan no mu. Wɔn a ɔne wɔn sii akan no ne George T. Noye a ogyinaa mu maa New Patriotic Party amanyɔkuo no, onyaa mma 2,609 a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyemu 19.60% , Emmanuel Kweku Sagoe nso na ogyinaa mu maa National Convention Party, onyaa mma 562 a ɛkyerɛ ɔha nkyekye mu 4.20% ɛna Theophilus Tei Okunor nso gyinaa mu maa People's National Convention onyaa mma 138 a ɛkyerɛ 1.00% .


Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]