Adelaide Ntim

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Hon.
Adelaide Ntim
Member of Parliament for
Nsuta-Kwamang Constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2021
OdikanfoKwame Osei-Prempeh
Ne ho asɛm
Awo bere
Adelaide Yaa Agyeiwaa Ntim

24 June 1971 (1971-06-24) (age 52)
Nsuta-Ashanti, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
N'adwumaPolitician
CommitteesForeign Affairs Committee (Vice Chairperson) ; Environment, Science and Technology Committee

Adelaide Yaa Agyeiwaa Ntim (wɔwoo no Ayɛwohomumɔ 24, afe 1971) yɛ Ghana amanyɔni. Ɔyɛ Mmarahyɛbadwani a ogyina Nsuta-Kwaman-Beposo Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ananmu wɔ Ashanti Mantam mu firi Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nson (7) afe 2021.[1][2][3]

Ne mmofraase abrabɔ ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Adelaide Yaa Agyeiwaa Ntim wɔ Ayɛwohomumɔ bosome da a ɛtɔ so aduonu anan (24) afe 1971 na ɔfiri Nsuta-Ashanti.[1] Ɔwɔ Diplomas mmienu - Nnuruyɛfo Boafo (Pharmacy Assistant) wɔ afe 2017, ne Nsɛmmɔnedi Ho Mmara Titiriw (Basic Criminal Law) afe 2019.[1]

Amanyɔsɛm mu adwuma[sesa]

Ntim tuu mmarahyɛ baguani a na ɔwɔ hɔ saa bere no ma Nsuta-Kwaman-Beposo mantam, Kwame Asafu Adjei, wɔ June 2020 New Patriotic Party (NPP) Mmarahyɛ Bagua Primaries mu sɛ ɔbɛyɛ ɔman no kandifo ama December 2020 abatow no.[4] Ansa na ɔrebɛyɛ Ghana Mmarahyɛbadwani, Ntim gyaee ne man ba a ɔyɛ wɔ United States of America wɔ bosome Ɔsanaa afe 2020.[5][6][7] Ɔdii nkonim wɔ bosome Ɔpɛnimma afe2020 mmarahyɛ badwa abatoɔ no mu a onyaa amba 23,622 a ɛgyina hɔ ma abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 71.7%, na ɔboroo nea ɔne no reko Newman Dapaah a ɔfiri National Democratic Congress(NDC) a onyaa amba 9,321 a ɛgyina hɔ ma abatoɔ a ɛfata a wɔtoo no nyinaa mu 28.3%.[8]

Boayikuw ahorow[sesa]

Sɛɛ obi a odi kan wɔ Mmarahyɛ Badwa no mu no, ɔsom sɛ Oguamtrani Abadiakyiri ne Amannɔne Nsɛm ne Atwa Yɛn Ho Ahyia, Nyansahu ne Mfiridwuma Boayikuw ahorow no muni wɔ mmarahyɛ bagua no mu.[9][10]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Ɔyɛ Kristoni.[2]

Adɔeyɛ[sesa]

Wɔ June 2021 mu no, Ntim de sika boaa sukuu nnwuma a wɔagyaw hɔ wɔ Kruwi ne Asuafu wɔ Nsuta-Kwaman-Beposo Mantam mu . Ɔsan nso de nnwinnade ne nnwinnade te sɛ mfiri a wɔde pam ade ne nea wɔde twitwiw ti nhwi maa wɔn a wɔpam ntade, ntadepamfo ne wɔn a wɔyɛ ahoɔfɛ. Ɔsan nso de akuafoɔ nnwinnadeɛ, nnuadewa ne sika maa akuafoɔ akuo. Mpɔtam te sɛ Abrewa Anko ne Amangoase nso nyaa nsuo nhyehyɛeɛ.[9]

Ntotoho[sesa]

1.https://www.parliament.gh/mps?mp=164

2.https://ghanamps.com/mp/adelaide-ntim/

3.https://www.modernghana.com/news/1165556/green-ghana-day-exercise-must-not-become-a-nine.html

4.https://www.graphic.com.gh/news/politics/sitting-npp-mps-who-summertumbled-in-primaries.html

5.https://www.adomonline.com/npp-mp-elect-fumes-over-dual-citizenship-claims-against-her/

6.https://www.myjoyonline.com/nsuta-kwamang-beposo-mp-elect-responds-to-allegations-of-dual-citizenship/

7.http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2020/parliament/ashanti/nsuta_kwamang/

8.https://wontumionline.com/hon-adelaide-ntim-mp-for-nsuta-kwamang-beposo-pulls-surprise-on-constituents/

9.https://www.parliament.gh/committees?com=16

  1. 1.0 1.1 1.2 "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2021-02-27.
  2. 2.0 2.1 "Ntim, Adelaide". Ghana MPS (in American English). Retrieved 2022-08-29.
  3. "Green Ghana Day exercise must not become a nine-day wonder — Nsuta Kwamang Beposo MP". Modern Ghana (in English). Retrieved 2022-08-29.
  4. "Sitting NPP MPs who 'summertumbled' in primaries". Graphic Online (in British English). Retrieved 2021-02-27.
  5. Bonney, Abigail (2020-12-31). "NPP MP-elect fumes over dual citizenship claims". Adomonline.com (in American English). Retrieved 2021-02-27.
  6. "Nsuta-Kwamang-Beposo MP-elect responds to allegations of dual citizenship - MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com (in American English). 2021-01-01. Retrieved 2022-08-29.
  7. "Nsuta-Kwamang MP-elect threatens legal action over 'false' dual citizenship claims". Citinewsroom - Comprehensive News in Ghana (in American English). 2020-12-31. Retrieved 2022-08-29.
  8. FM, Peace. "2020 Election - Nsuta Kwamang Constituency Results". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2021-02-27.
  9. 9.0 9.1 Kpakpo, Jackson Odom (2021-06-04). "Hon Adelaide Ntim MP For Nsuta-Kwamang Beposo Pulls Surprise On Constituents". Wontumi Online (in American English). Retrieved 2022-08-28.
  10. "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2022-08-30.