Kwame Osei-Prempeh

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Honorable
Kwame Osei Prempeh
Ghana mmrahyɛ badwani ma Nsuta-Kwamang Beposo Mansin
Bere
Ɔpɛpɔn 7, 1997 – Ɔpɛpɔn 6, 2013
Ne ho asɛm
Awo bereƆpɛnimaa 19, 1957 (age 64)
Kwamang, Ashanti Region
Ne manGhana Ghana
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MmaNan(4)
Sukuu a w'akɔKwame Nkrumah University of Science and Technology, KNUST
N'adwumaMmarahyɛbadwani
N'adwumaLɔya


Kwame Osei-Prempeh Ghana mmrahyɛbadwani a yɛwoo no Ɔpɛnima 19, 1957. [1]Ɔka Mmrahyɛbadwa nnum a ɛyɛ Adehyeman, Ghana ma Nsuta-kwamang Beposo wɔ Asante mantam.[2]

N'abrabɔ ne ne Sukuu mu nsɛm[sesa]

Yɛwoo Prempeh wɔ Kwamang a ɛwɔ Ashanti Mantam, Ghana. [2]Ɔkɔɔ sukuu wɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology ma.Onyaa Degree wɔ Bachelor of Social Science mu wɔ afe 1982.[2] Ɔsane toaso wɔUniversity of Ghana afe 1987 mu na ɛhɔ nso ɔkɔyɛɛ Quantum Chemistry Laboratory, QCL. Ɔsan kɔɔ sukuu biom wɔ Ghana school of Law ma onyaa Degree wɔ Bachelor of Law mu afe 1989.[1]

Adwuma a ɔyɛ[sesa]

Na Prempeh ka adwumakuo Sarpong Legal Services a ɛwɔ Ashanti Region -Kumasi ho. Na ɔka mmrahyɛ badwa akonnwa ma Nsuta-Kwamang Beposo mansini a ɛwɔ Ashanti Mantam, Ghana.[2] Ɔbɛyɛɛ Panin a ɔhwɛ ma biribiara totɔ yie wɔ Group Chief Executive a ɛwɔ GOIL Company Limited wɔ Ayewohomumu 3, 2019, ansa na ɔrebɛyɛ panin mfie mmienu akyi.[3][4]

Mmrahyɛbadwani mu nsɛm[sesa]

Prempeh ka New Patriotic Party ho.[1] Ɔno na yɛ dii kan yii no baa mmrahyɛbadwa mu wɔ ɔpɛnimaa, 1996 Ghana abatoɔ kɛseɛ no mu sɛ tikitu ma New Patriotic Party.[2] Ɔgyinaeɛ no ɔnyaa abatoɛ 12,586 a yɛte firi abatoɔ 24,444 nnyinaa mu a ɛyɛ 51.5% a ɛtu.Thomas Fokuo Agyepong a ɔyɛ NDC ni a aba 10,313 na ɔnyaeɛ de gyina hɔ ma 33.70%. Ɔdii nkonim wɔ afe 2000 Ghana abatoɔ kɛseɛ no mu wɔ ma onyaa aba 13,568 a yɛte firi 21,358 a ɛyɛ 63.50% a etia Ebenezer A. Frimpong Prempeh a ɔyɛ NDC ni, Osei O. Emmanuel a ɔyɛ NRP ni, Osei Kwadwo a ɔyɛ CPP ni, Salisu Muhammed a ɔyɛ PNC ni ne Kofi A. Kankam a ɔyɛ UGM ni a wɔn nyaa aba 6,889 aba 304, aba 285, aba 221, ne aba 91 nnidisoɔ sa ara.[5] Ɔnyaa aba beberee a ɛyɛ 15,704 sɛ yɛte firi aba 24,344 a ɛyɛ 64.50% de tia Samuel Otu a ɔyɛ NDC mu nnipa E.O.Adu-Amankwaah a ɔyɛ IND mu nnipa ne George Osei Owusu Amankwah a ɔyɛ CPP, wɔn nyaa aba 7,769, 547 ne 324 nnidisoɔ sa ara.[6] Ɔnyaa 17,403 a yɛte firi aba 24,879 ne mu a ɛgyina hɔ ma 69.95% mmerɛ a afe 2008 abatoɔ kɛseɛ no kɔɔ so no.[7] Ɔdii Kwame Asafu-Adjei so nkonim wɔ 2012 abatoɔ kɛseɛ no mu.[8]

Adwuma mu suahunu ahodoɔ[sesa]

Owura Osei-Prempeh wɔ osuahu pii a wanya wɔ Ɔman Adwumayɛ ne Ankorankoro Adwumayɛ mu sɛ mmaranimfo panyin. Ɔyɛɛ Ghana Mmaranimfoɔ Panyin Abadiakyiri ne Atemmuo soafoɔ firi June 2006 kɔsi Ɔpɛpɔn 2009 na na ɔyɛ Mmarahyɛ Bagua no muni ma Nsuta- Kwamang Beposo wɔ Ashanti Mantam mu wɔ afe 1997 ne 2013 ntam.

Bere a na ɔwɔ Mmarahyɛ Bagua no mu no, ɔyɛɛ Boayikuw a ɛhwɛ Amansan Mmara, Mmara ne Mmarahyɛ Bagua Nsɛm so ne Atemmu Boayikuw no Titenani.[9]

N'asetena abrabɔ[sesa]

Prempeh yɛ ɔwarefoɔ a ɔwɔ mma nnan. Ɔyɛ kristoni na ɔkɔ Adventist Asɔre ho.[2]

Abasobodeɛ[sesa]

Ghana mmrahyɛbadwani Kwame Prempeh enya abasobodeɛ CEO abasobodeɛ wɔ Kotonima bosome a ɛtɔ so aduonu mmienu mu wɔ Kempinski Hotel mmerɛ a CEO foɔ akukudam hyia yɛ.[10]

Beaɛ a mmoa firii[sesa]

  1. 1.0 1.1 https://en.m.wikipedia.org/wiki/Kwame_Osei-Prempeh#cite_note-:1-1
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 2.4 2.5 https://en.m.wikipedia.org/wiki/Kwame_Osei-Prempeh#cite_note-:02-2
  3. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Kwame_Osei-Prempeh#cite_note-3
  4. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Kwame_Osei-Prempeh#cite_note-4
  5. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Kwame_Osei-Prempeh#cite_note-5
  6. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Kwame_Osei-Prempeh#cite_note-6
  7. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Kwame_Osei-Prempeh#cite_note-7
  8. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Kwame_Osei-Prempeh#cite_note-8
  9. Kwame Osei-Prempeh (in English), retrieved 2023-10-01
  10. Kwame Osei-Prempeh (in English), retrieved 2023-10-01