Adam Mahama

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Adam Mahama
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Damango/Daboya Constituency
Bere
7 January 1997 – 6 January 2001
ƆmanpanyinJohn Jerry Rawlings
Ne ho asɛm
Ne manGhana Ghana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
N'adwumaPolitician

Adam MahamaGhana amanyɔni. Na ɔka Ghana mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so mmienu wɔ 4th Republic mu. Na ogyina hɔ ma Damongo/Daboya abatow mpesua a na ɛwɔ Ghana Atifi Mantam.

Ne mmofraberem ne ne sukuukɔ[sesa]

Wɔwoo Mahama Obubuo 29, 1958 wɔ Daboya a ɛwɔ Ghana Atifi Mantam.[1] Wɔsan nim no sɛ Mahama Sakan. Ɔkɔɔ sukuu wɔ Navrongo Secondary School ne Tamale Secondary School. Wɔ University of Ghana no, onyaa abodin krataa wɔ Soil Science mu. Mahama wɔ Master's of Science degree wɔ Management and Implementation of Development Projects mu.[1] Onyaa saa abodin krataa yi fii UMIST ne The Victoria University of Manchester.

Amanyɔsɛm[sesa]

Yɛtoo aba maa Mahamai kɔɔ mmarahyɛbadwam wɔ National Democratic Congress(NDC) din mu. Wɔpaw no de ma Damongo/Daboya abatow mpesua wɔ Ɔpɛnimaa 1996 Ghana abatow mu.[2] Onyaa 8356 mma efi 17604 mma a wɔtoo nyinaa mu; eyi gyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛm aduanan nsɔn (47.47%). Wɔn a wɔne no gyinaa wɔ saa abatow no mu ne Alex Seidu Sofo, Abdulai Adams ne Skido Alhassan Ewuntomah. Wonyaa mma no mu ɔha mu nkyekyɛm aduanan mmienu(42.59%), nsɔn(7.9%) ne mmienu(2.04%). Wɔgyinaa wɔ People's Convention Party(PCP), People's National Convention(PNC) ne National Convention Party.[3]

Alex Seidu Sofo tuu no wɔ 2000 Ghana abatow mu.[4]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Adam Mahama wɔ mma dumien. Ɔyɛ Kristoni.[1]

Beae a minyaa mmoa fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 https://ghanamps.com/mp/mahama-adam/
  2. https://www.primidi.com/mps_elected_in_the_ghanaian_parliamentary_election_1996/list_of_mps_elected_in_the_general_election/northern_region_-_23_seats
  3. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/northern/142/
  4. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/northern/142/