Abubakari Sumani

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Abukari Sumani (wɔwoo no 28 April 1946) yɛ kan Mmaranimni ne Ghana ananmusifo wɔ Saudi Arabia, Pakistan ne Gulf aman mu . Na ɔsan yɛ amanyɔni ne kan mmrahyɛbadwani ma Tamale Atifi Mantam a ɛwɔ Ghana Atifi Mantam mu.

Owui wɔ Korle-Bu Nkyerɛkyerɛ Ayaresabea wɔ Kwasida 12 Ɔbɛnem 2017.

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Sumani wɔ afe 1946 mu wɔ Savelugu wɔ Ghana Atifi Fam Mantam mu . Ɔsuaa LLB wɔ mmara mu wɔ Ghana Suapɔn mu wɔ afe 1970 mu na akyiri yi ɔkɔɔ Ghana Mmara Sukuu mu kɔnyaa BL wɔ afe 1972. Ná Sumani yɛ Dagbon adehye abusua no muni na na anka ɔyɛ Ɔmanfo Adetɔ Dwumadibea no baguafo guamtrani.

Amanyɔsɛm[sesa]

Na Sumani yɛ Ghana republic a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbagua a ɛtɔ so 5 no muni. N’amammui adwuma fii ase wɔ afe 2000 mu bere a ɔbɛyɛɛ mmrahyɛbadwani maa Tishigu/ Choggu mantam no sɛ National Democratic Congress muni no . Ɔsan sii akan wɔ afe 2004 Amansan Abatoɔ mu sɛ obi a ɔpɛ sɛ ɔdi nkonim wɔ Tamale North mantam mu na ɔdii nkonim a ne nyinaa yɛ 37,854 abatoɔ a ɛyɛ 73.2% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu. Ɔkuraa n’akongua no ne mprɛnsa so wɔ afe 2008 mu a ne nyinaa yɛ 31,127 abatoɔ a ɛyɛ 51.60% wɔ abatoɔ a wɔtoo no nyinaa mu. Ɔsii akan wɔ afe 2012 abatoɔ no mu na ɔdii nkoguo wɔ Candidate a ɔde ne ho Dahamani Alhassan anim.

Ankorankoro asetra[sesa]

Na Sumani yɛ Muslimi na na waware na ɔwɔ mma du.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]