Yaw Effah-Baafi

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Yaw Effah-Baafi
Member of the Ghana Parliament
for Kintampo South
Bere
7 January 2013 – 6 January 2017
ƆmanpanyinJohn Mahama
AnanmusiniFelicia Adjei
Member of Parliament for Kintampo South Constituency
Bere
7 January 2009 – 6 January 2013
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
John Mahama
Member of Parliament for Kintampo South Constituency
Bere
7 January 2005 – 6 January 2009
ƆmanpanyinJohn Kufuor
Odikanfonew constituency
Ne ho asɛm
Awo bere21 September 1955 (1955-09-21) (age 68)
Ne manGhanaianGhana 
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Mma5
Sukuu a w'akɔKwame Nkrumah University of Science and Technology, Ghana Institute of Management and Public Administration
N'adwumaAgriculturist

Yaw Effah-Baafi wɔn woo no wɔ ɛyɛ Ɛbɔ bosome no ne da a ɛtɔso aduonu-baako wɔ mfie apem ahankron ne aduonum-nnum (born 21 September 1955) a someɛ sɛ Mmarahyɛbadwani de maa Kintampo Anaafoɔfam (Kintampo South) wɔ Bono ne Ahafo mantam wɔ Ghana (Brong Ahafo Region of Ghana).[1][2]

Abrabɔ Ahyɛaseɛ ne Nwomasua[sesa]

Effah-Baafi wɔn woo no wɔ ɛyɛ Ɛbɔ bosome no ne da a ɛtɔso aduonu-baako wɔ mfie apem ahankron ne aduonum-nnum (21 September 1955 ) ɛwɔ Tanfiano No. 2 wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu (Brong Ahafo Region).[2] ɔkɔɔ sukuu wɔ Kwame Nkrumah Abɔdeɛ Nyansapɛ ne nimdeɛ sononko Suapɔn no mu (Kwame Nkrumah University of Science and Technology (KNUST) ɛhɔ na onyaa suapɔn abɔdin krataa BSc wɔ Kuadwuma mu wɔ mfie apem ahankron ne aduowɔtwe-nnum (BSc in Agriculture in 1985). Na ɔsan nso wie sukuu wɔ (Ghana institute of Management and Public Administration)(GIMPA) ɛhɔ ne bea a onyaa (postgraduate certificate in Administration) wɔ afe apem ahankron ne aduokron-nson (1997) ɛne EMGL wɔ mfie mpem mmienu ne nwɔtwe (2008).[1]

Adwuma[sesa]

Effah-Baafi yɛ okuani (agriculturist). Na ɔyɛ mantam mu panin de ma ɛyɛ On-Fam trial wɔ MOFA.[1] (Regional Coordinator for On-Farm trial in MOFA).[1] Ɔsanso yɛɛ adwuma sɛ ɔpanin a ɔda Kintampo nkurankura sika korabea adwumakuo no (board chairman of Kintampo Rural Bank).[3]

Amanyɔsɛm[sesa]

Effah-Baafi yɛ National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no ba[4] Na ɔyɛ ɔman suafoɔ abɛdeakyire de ma asuaeɛ wɔn hwɛ nnuane, nfudeɛ ne kuadwuma so (Deputy Minister in the Ministry of Food and Agriculture).[5] Na ɔsan nso yɛ ɔman suafoɔ abɛdeakyire de ma asuaeɛ ɛhwɛ ahensie ne amammerɛ nkutahodie wɔ Ghana (Deputy Minister in the Ministry of Chieftaincy and Traditional Affairs Ghana).[6] Wɔn too aba maa no sɛ Mmarahyɛbadwani wɔ Ɔpɛpɔn bosome no mu wɔ mfie mpem mmienu ne baako no mu na ɔyɛɛ adwuma sɛ Mmarahyɛbadwani mprɛ nnam so.[7] Na ɔka ɔkuo a wɔn hwɛ ɛkwan a yɛ bɛ fa so atu ohia ase (Poverty Reduction Strategy), akwan ne akwantuo (Road and Transport), ɔhyɛ akwan a yɛ gyinaso yɛ adwuma kuo(Standing Orders Committee), ekuo a wɔn hwɛ mmera ɛgyina amansan nhyehyɛeɛ a ɛmfiri Mmarahyɛbadwam (Subsidiary Legislation Committee).[8]

Abatoɔ[sesa]

Mfie Mpem Mmienu Abatoɔ (2000 abatoɔ)[sesa]

Wɔ mfie mpem mmienu (2000), Effah Baafi dii nkunim wɔ Ɔman Ghana nyinaa abatoɔ no mu sɛ Mmarahyɛbadwani de maa Kintampo Anaafoɔfam abatoɔ mpɛsoaso wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu wɔ Ghana (Brong Ahafo Region of Ghana). Ɔdii nkunim wɔ National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no tumi krataa so. Na ne mpɛsoa no ka mmarahyɛbadwafie nkonwa nson (7) a National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no nyaaeɛ de ɛyɛ mmarahyɛbadwam nkonwa aduonu-baako (21) no mu wɔ saa abatoɔ no mu wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu (Brong Ahafo Region).[9][10] National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no na ɛnyaa Mmarahyɛbadwafie nkonwa no mu ketewa a na de dodoɔ nyinaa yɛ aduokron-mmienu (92) de firii mmarahyɛbadwam nkonwa aha-mmienu (200) wɔ Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtɔso mmiensa wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtɔso nnan no mu (3rd Parliament of the the 4th Republic of Ghana).[11] Wɔn de mma mpem du-nnan ɔha ne aduasa-nnan(14,134 ) na yii no sɛ Mmarahyɛbadwani de firii ɛyɛ mma mpem aduanan-nnum aha-nwɔtwe ne baako (45,801) wɔ mma a wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu. Wei ne ɔha nkyekyemu susupɛn aduasa-mmienu ne akyiripɔ hwee (32.0% ) na ɛyɛ pɛ wɔ mma a wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu.[12] Wɔn too aba maa no sɛ nkunimdifoɔ wɔ wɔn a ɛdidisoɔ yi so Yaw Adjei-Duffour a na ɔfiri the New Patriotic Party (NPP) amanyɔkuo no mu, Ishmael Bin Abdallah, Emmanuel Nsiah Dwomoh and Gladys Abena Nsia a ɔkɔ gyana sɛ kontenkorɔ (independent candidates) Peter Ndela a na ɔfiri ɛyɛ People's National Convention (PNC), Ahmed Mohammed Dapaah a na ɔfiri ɛyɛ Convention People's Party (CPP) amanyɔkuo no mu, Sulemana Badivare Kukuje a na ɔno nso firi ɛyɛ ɛyɛ National Reform Party (NRP) ɛne Anarwat Joseph Yendu a na ɔno nso firi ɛyɛ United Ghana Movement (UGM) amanyɔkuo no nso mu. Deɛ edidisoɔ yi ne mma a wɔn mu biara nyaaeɛ mpemadu-mmiɛnsa ne aduasa-nkron (13,039),mpem nnan aha-nson ne aduosia (4,760), mpem mmiensa, aha-nan ne aduoson-mmiensa (3,473), apem aha-nson ne aduasa-nson (1,737, ), mpem mmiensa, aha-num ne aduokron-mmiensa (3,593), apem aha-nsia ne aduonu-nsia (1,626) ahankron ne aduoson-nsia (976) ɛne aha-nwɔtwe ne du-num (815) wɔ mma a wɔn tooeɛ no deɛ wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu. Wei nso ne ɔha nkyekyemu susupɛn a wdidisoɔ yi na ɛyɛ pɛ aduonu-nkron ne akyiripɔ nnum (29.5%) edu ne akyiripɔ nwɔtwe (19.8%, ) nson ne akyiripɔ nkron (7.9%,) mmiensa ne akyiripɔ nkron (3.9%,) ɛne wɔtwe ne akyiripɔ baako (8.1%,), mmiensa ne akyiripɔ nson (3.7%,) mmienu ne akyiripɔ mmienu (2.2%,) ɛne baako ne akyiripɔ nwɔtwe (1.8%) wɔ mma a wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu.[12][13]

(2004 Abatoɔ) mfie mpem mmienu ne nan abatoɔ[sesa]

Effah- Baafi Wɔn too aba yii no sɛ Mmarahyɛbadwani de maa Kintampo Anaafoɔfam abatoɔ mpɛsoaso (Kintampo South constituency) ɛwɔ mfie mpem mmienu ne nan Ɔman Ghana nyinaa abatoɔ no mu (2004 Ghanaian General Elections).[14][15] Na ɔgyina hɔ sɛ Mmarahyɛbadwani de ma saa abatoɔ mpɛsoa no so foɔ wɔ Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtɔso nnan wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtɔso nnan no mu (4th parliament of the 4th republic of Ghana).[14][15]4][15] wei ne mma a wɔn to de yii no mma mpem du-nnan ne aduanan (14,040votes) de firii mma mpem aduonu-nan, aha-nwɔtwe ne aduosia-nkron (24,869votes) wɔ mma a wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu.[14] [15] Wei ne ɔha nkyekyemu susupɛn ahannum ne akyiripɔ aduonum (56.50% ) na ɛyɛ pɛ wɔ mma a wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu.[14][15] Wɔn too aba yii no sɛ nkunimdifoɔ wɔ wɔn a ɛdidisoɔ yi so Kwasi Adu Gyan a na ɔfiri New Patriotic Party (NPP) amanyɔkuo no mu, Appiah Emmanuel Kwame a na ɔno nso firi ɛyɛ Democratic People's Party (DPP) ɛne Duffour Stephen K a na ɔno nso firi ɛyɛ Convention People's Party (CPP).[14][15] Deɛ ɛdidisoɔ yi ne nea wɔn mu biara nyaaeɛ wɔ ɔha nkyekyemu aduasa-nwɔtwe ne akyiripɔ du (38.10%) , nnan ne akyiripɔ hwee (4.0%) ɛne baako ne akyiripɔ aduonum (1.50%) wɔ mma a wɔn tooeɛ no deɛ wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu.[14][15] Effah-Baafi Wɔn too aba maa no wɔ ɛyɛ National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no tumi krataa so.[14][15] Ne mpɛsoa no so no ka mmarahyɛbadwafie nkonwa ɛdu (10) a n'amanyɔkuo nyaaeɛ de firii mmarahyɛbadwam nkonwa dodoɔ aduonu-nan (24) wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu. (Brong Ahafo Region).[16][17] Wɔ mfie mpem mmienu ne nan Ɔman Ghana nyinaa abatoɔ no mu (2004 Ghanaian General Elections), National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no na ɛnyaa Mmarahyɛbadwafie nkonwa no mu ketewa a na ne dodoɔ nyinaa yɛ aduokron-nnan (94) de firii mmarahyɛbadwam nkonwa aha-mmienu ne aduasa (230) wɔ Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtɔso nnan wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtɔso nnan no mu (4th parliament of the 4th republic of Ghana).[16][17]

Effah-Baafi wɔn sanso too aba maa no sɛ Mmarahyɛbadwani a ɔgyina hɔ ma Kintampo Anaafoɔfam (Kintampo South Constituency) abatoɔ mpɛsoa no so wɔ mfie mpem mmienu nwɔtwe wɔ ɔman Ghana abatoɔ a wɔn toɔ no mu (2008 Ghanaian General Elections).[18] [19]Ɔgyina hɔ ma abatoɔ mpɛsoa no so foɔ wɔ Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtɔso nnum wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtɔso nnan no mu (5th parliament of the 4th republic of Ghana).[18][19] Wɔn de mma mpem du-mmiɛnsa, ɛne nkron (13,009votes) de firii mma mpem aduonu-mmiensa ahankron ne aduonu-baako (23,921) wɔ mma a wɔn tooeɛ no deɛ wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu.[18] [19]Na wei nso ne ɔha nkyekyemu susupɛn aduonum-nan ne akyiripɔ aduasa-nwɔtwe (54.38%) na ɛyɛ pɛ wɔ mma a wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu.[18] [19]Wɔn too aba maa no sɛ nkunimdifoɔ wɔ wɔn a ɛdidisoɔ yi so Yaw Adjei-Duffour a na ɔfiri New Patriotic Party (NPP) amanyɔkuo no mu ɛne Atomeh Koranteng Joseph a na ɔno nso firi ɛyɛ People's National Convention (PNC).[18][19] Deɛ edidisoɔ yi ne ne ɔha nkyekyemu a wɔn mu biara nyaaeɛ aduanan-nnan ne akyiripɔ aduonum-mmienu (44.52%) ɛne baako ne akyiripɔ du-nsia (1.16%) wɔn mma a wɔn tooeɛ no deɛ wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu.[18][19] Effah-Baafi wɔn too aba maa no biom wɔ National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no tumi krataa so.[18] [19]Ɛyɛ National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no na ɛnyaa Mmarahyɛbadwafie nkonwa no mu dodoɔ a na ne dodoɔ nyinaa yɛ ɔha ne du-nan (114) de firii mmarahyɛbadwam nkonwa aha-mmienu ne aduasa (230) wɔ Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtɔso nnum wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtɔso nnan no mu (5th parliament of the 4th Republic of Ghana).[20][16]

Ankorɛankorɛ Abrabɔ[sesa]

Effah-Baafi yɛ ɔwarefoɔ a ɔwɔ mma nnum.[1] Ɔyɛ okristoni a ɔkɔ asɔre wɔ Pentecost.[1][2]

Bea me nyaa mmoa firiieɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 1.5 MPs (in American English), retrieved 2022-10-12
  2. 2.0 2.1 2.2 https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/republic/parliamentatian.php?ID=69
  3. Kintampo Rural Bank - Yaw Effah Baafi (Board Chairman), archived from the original on 2022-10-12, retrieved 2022-10-12
  4. EveryPolitician: Ghana - Parliament - Sixth Parliament of the Fourth Republic, retrieved 2022-10-13
  5. https://www.csd.com.gh/about-us/69-highlights/stock-positions/204-cedi-depreciation-wont-affect-food-security-agric-minister.html, retrieved 2022-10-13 {{citation}}: External link in |title= (help)
  6. 中华人民共和国外交部, retrieved 2022-10-13
  7. http://ghanamps.com/mps/details.php?id=139
  8. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/republic/parliamentatian.php?ID=69
  9. Kwaku Krobea Asante (2016-08-10), Statistics of Presidential and Parliamentary Election Results (in American English), retrieved 2022-10-13
  10. Peace FM, Ghana Election 2000 Results - Brong Ahafo Region, retrieved 2022-10-13
  11. GHANA: parliamentary elections Parliament, 2000, retrieved 2022-10-13
  12. 12.0 12.1 "12:12:12 12/12/12", Redoubted, Michigan State University Press, pp. 3–3, retrieved 2022-10-14
  13. Peace FM, Ghana Election 2000 Results - Kintampo Constituency, retrieved 2022-10-14
  14. 14.0 14.1 14.2 14.3 14.4 14.5 14.6 Peace FM, Ghana Election 2004 Results - Kintampo South Constituency, retrieved 2022-10-14
  15. 15.0 15.1 15.2 15.3 15.4 15.5 15.6 "15.", Each and Her, University of Arizona Press, pp. 15–15, 2022-05-03, retrieved 2022-10-14
  16. 16.0 16.1 16.2 Kwaku Krobea Asante (2016-08-10), Statistics of Presidential and Parliamentary Election Results (in American English), retrieved 2022-10-14
  17. 17.0 17.1 Peace FM, Ghana Election 2004 Results - Brong Ahafo Region, retrieved 2022-10-14
  18. 18.0 18.1 18.2 18.3 18.4 18.5 18.6 Peace FM, Ghana Election 2008 Results - Kintampo South Constituency, retrieved 2022-10-14
  19. 19.0 19.1 19.2 19.3 19.4 19.5 19.6 Shiqing Wang, Shisen Xu, Shiwang Gao, Ping Xiao (2021-05-26), "Simultaneous removal of SO2 and NOx from flue gas by low-temperature adsorption over activated carbon", Scientific Reports, vol. 11, no. 1, doi:10.1038/s41598-021-90532-9, ISSN 2045-2322, retrieved 2022-10-14{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  20. Peace FM, Ghana Election 2008 Results - Brong Ahafo Region, retrieved 2022-10-14