Felicia Adjei

Ɛfi Wikipedia
Hon.
Felicia Adjei
Member of the Ghana Parliament
for Kintampo South
Mprenpren
Bere
7 January 2017
OdikanfoYaw Effah-Baafi
Ne ho asɛm
Awo bere
Felicia Adjei

3 March 1974 (1974-03-03) (age 50)
Anyima, Brong Ahafo Region
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Mma1
Sukuu a w'akɔAdventist Vocational Institution
N'adwumaPolitician
N'adwumaConsultant
CommitteesGovernment Assurance Committee, Mines and Energy Committee

Felicia Adjei (wɔwoo no 3 Oforisuo 1974) yɛ Ghana amammuifoɔ na ɔyɛ Mmarahyɛ Badwa no mu ni ma Kintampo South Constituency wɔ Brong Ahafo Mantam mu wɔ Ghana. Ɔyɛ National Democratic Congress no mu ni.

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Adjei wɔ Anyima, Brong Ahafo Mantam mu. Ɔnyaa ne mfitiaseɛ nwomasua wɔ Kintampo Methodist Sukuu mu.[5] Ɔwɔ abodin krataa a ɛkɔ akyiri wɔ Catering,Food and Nutrition mu firi Adventist Vocational Institution a seesei ɛyɛ Techiman Campus a ɛwɔ Valley View University. Ɔsane nso wɔ Cookery for Catering Industry abodin krataa a ɛfiri Sunyani Polytechnic a seesei ɛyɛ Sunyani Technical University.

Adwuma[sesa]

Ɔtu kɔɔ United States of America kakra berɛ a ɔyɛɛ adwuma wɔ Catering Guest House wɔ Sunyani akyi. Ɔsane kɔɔ Ghana kɔyɛɛ adwuma sɛ Addfal FA Limited adwumayɛfoɔ panin. Ɔsane nso hyehyɛɛ Felicia Adjei fapem a na ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛma mmaa tumi denam adwumayɛ nteteeɛ, mmabunu nkɔsoɔ denam nwomasua ne adwumadiɛ so, kuayɛ, mmoa a wɔde bɛboa wɔn a wɔn honam ani yɛ den ne akwahosan ho nhyehyɛeɛ ne mpɔtam foforɔ a wɔde bɛma.

Amanyɔsɛm[sesa]

Ɔyɛ National Democratic Congress no mu ni. Ɔdii nkunim wɔ afe 2016 mmarahyɛ badwa abatoɔ mu sɛ ɔbɛyɛɛ mmarahyɛ badwani wɔ Kintampo South Constituency wɔ 7th parliament wɔ 4th Republic of Ghana. Ɔdii nkonim berɛ a onyaa abato 15,266 a egyina hɔ ma 51.79% tiaa deɛ ɔne no resi akan Gyan Alexander a ɔfiri New Patriotic Party a na ɔwɔ 14,210 a egyina hɔ ma 48.21%. Wɔ mmarahyɛ badwa a ɛto so 7 no mu no ɔsom wɔ Gender and Children boayikuo ne nkitahodie boayikuo no mu.

Ankorankorɛ asetena[sesa]

Ɔyɛ sigyani na ɔwɔ ababaawa baako. Felicia yɛ Kristoni.