William Owuraku Aidoo

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
William Owuraku Aidoo
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
name in native languageWilliam Owuraku Aidoo Sesa
given nameWilliam Sesa
family nameAidoo Sesa
date of birth30 Ɔpɛpɔn 1964 Sesa
place of birthHemang Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, Ɔkuani, lecturer Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 6th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atUniversity of Ghana, Ghana Institute of Management and Public Administration Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
candidacy in election2020 Ghanaian general election Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

William Owuraku Aidoo1] (wɔwoo no 30 Ɔpɛpɔn 1964) yɛ Ghana amanyɔni na ɔyɛ Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nson (7th) ne Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so awotwe (8th) Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no muni, a ogyina Afigya Kwabre Anafo Mmarahyɛbadwam mpɛsoa ananmu wɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (New Patriotic Party) no tekiti so.[2]

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo William Owuraku Aidoo wɔ Ɔpɛpɔn bosome da ɛtɔ so aduasa (30) afe 1964 mu. Ofiri Hemang-Kwabre wɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana. Onyaa ne GCE adansedie krataa (GCE O Level) wɔ Tetrem Ntoaso Sukuu (Tetrem Secondary School) ne A Level adansedie krataa (A Level) wɔ St Augustine's Kɔlege.[3] Onyaa ne Bachelor of Arts abodin krataa wɔ Adwumayɛ mu wɔ Ghana Asoɛe a Ɛhwɛ Adwumayɛ ne Ɔmanfoɔ So (Ghana Institute of Management and Public Administration - GIMPA) wɔ afe 2005 mu.[2][4]

Adwuma[sesa]

William Wuku Aidoo yɛ ahoɔden ho ɔfotufoɔ (energy consultant) ne okuafoɔ (farmer). Ansa na ɔrekɔ amanyɔsɛm mu no, na ɔyɛ Kucons Adwumakuw a Wɔahyehyɛ (Kucons Company Limited), adansi adwumakuw bi a ɛde ne ho hyɛ atare a wosisi ne ne siesie (a construction company involved in the construction and rehabilitation of dams) mu no kwankyerɛfo panyin (managing director). Na ɔyɛ Ɔhwɛfo Panyin (Senior Superintendent) wɔ Ghana Nhomasua Dwumadibea (Ghana Education Service - GES) wɔ afe 1991 ne afe 1994 ntam na ɔyɛ kwankyerɛfo panyin (Senior Manager) wɔ Ghana Aguadi Sikakorabea (Ghana Commercial Bank - GCB) firi afe 1995 kosi afe 2012. Bere a ɔreyɛ adwuma wɔ sikakorabea no, ɔyɛɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ mmɔho mmienu (2) wɔ Nhomasua Suapɔn (University of Education) mu a ɛwɔ Winneba fi afe 2009 kosi afe 2012. Sɛ okuafo (farmer) no, onyaa ɔman no mu okuafo a ɔsen biara abasobɔde wɔ cashew (national best farmer award for cashew production) a wɔyɛe wɔ Ghana wɔ afe 2011 mu.[2][4]

Amanyɔsɛm[sesa]

William Owuraku Aidoo hyɛɛ mmarahyɛ bagua mu wɔ Ɔpɛpɔn bosome da ɛtɔ so nson (7) afe 2013 sɛ Afigya Kwabre Anafo Mmarahyɛbadwam mpɛsoa no ananmusifoɔ wɔ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (New Patriotic Party) no tekiti so. Ɔsan sii akan wɔ atenaeɛ no ho bio wɔ afe 2016 mmarahyɛbadwa abatoɔ no mu na ɔdii nkonim.[2] William, wɔ afe 2020 Amansan abatoɔ no mu na ɔdii nkonim de gyinaa ne manfoɔ ananmu wɔ Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so awotwe (8) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no mu. Mprempren ɔyɛ Ɔsoafoɔ abadiakyiri a ɔhwɛ Ahoɔden so (deputy Minister for Energy).[4][5][6][7]

Boayikuw ahorow[sesa]

William yɛ Amansan Mmara, Mmara ne Mmarahyɛ Badwa Nsɛm Boayikuo (member of Constitutional, Legal and Parliamentary Affairs Committee) no muni na ɔsan yɛ Mmarahyɛ Boayikuo Nkabom Kuo (member of Subsidiary Legislation Committee) no muni.[3]

N'asetra mu[sesa]

William Wuku Aidoo aware a ɔwɔ mma baanum (five children). Ɔyɛ Kristoni na ɔyɛ Katolek Asɔre (Catholic Church) no muni