William Atuguba

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
William Atuguba
nnipa
sex or gendermale Sesa
given nameWilliam Sesa
position heldJustice of the Supreme Court of Ghana Sesa

William Atuguba yɛ obi a na ɔyɛ Ghana Asɛnnibea Kunini no temmuafo.[1]

Adwuma[sesa]

Atuguba dii kan de ne din hyɛɛ mu sɛ ɔtemmufo wɔ Ahinime da a ɛtɔ so mmiɛnsa afe apem ahankron ne aduoson nnan (3 October 1974). Ɔyɛɛ adwuma sɛ ankorankoro mmaranimfo na ɔsom sɛ mmaranimfo ne ɔman mmaranimfo ansa na Ɔmampanyin Rawlings repaw no sɛ Asɛnnibea Kunini Temmufo wɔ afe 1995 mu.[2]

Na ɔyɛ Ɔtemmufoɔ panyin a ɔyɛ adwuma firi Kotonimaa da a ɛtɔ so aduonu num, afe mpem mmienu ne dunsia mu de kɔsii Ayɛwohomumɔ ne da a ɛtɔ so mmiɛnsa, afe mpem mmienu ne dunsia mu (May 25, 2016, to June 3, 2016), berɛ a na Ɔtemmufoɔ Georgena Theodora Woode wɔ ɔman no akyi wɔ aban nnwuma mu. Na ɔyɛ ɔtemmufo panyin wɔ Asɛnnibea Kunini no mu wɔ saa berɛ no so.[1]

Ɔyɛɛ adwuma sɛ Ɔtemmufoɔ Panyin firi Ɔgyefoɔ bosom no mu,afe mpem mmienu ne dunson (February 2017)[3] ansa na Georgeina Theodora Wood rekɔ n'ahomegyeɛ mu wɔ Ayɛwohomumɔ da a ɛtɔ so nwɔtwe afe mpem mmienu ne dunson (8 June 2017)[4] de kɔsii Ayɛwohomumɔ ne da a ɛtɔ so dunkron afe mpem mmienu ne dunson (19 June 2017) berɛ a Sophia Akuffo kaa ntam kyerɛ Ɔmampanyin Akufo-Addo sɛ Ɔtemmufoɔ Panyin foforɔ no.[5]

Ɔyɛ obi a wadi dwuma ɛwɔ Gh"ana Asɛnnibea Kunini no mu akyɛ yie. Ɔyɛɛ ɔtemmufoɔ no mfeɛ aduanan nnan (44) ne Asɛnnibea Kunini temmufoɔ firi afe afe apem ahankron ne aduokron nnum (1995) de kɔsii afe mpem mmienu ne dunwɔtwe (2018) mu, a ɛno nyinaa bɛyɛ mfeɛ aduonu mmiɛnsa (23).[6]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 "'Chief Justice Georgina Wood is still at post". Citi. Retrieved 9 June 2016.
  2. "Atuguba was an NPP parliamentary candidate in 1992 - Gabby reveals". Ghanaweb.com. Ghanaweb. 7 September 2013. Retrieved 21 June 2017.
  3. "Atuguba is acting Chief Justice". Ghanaweb.com. Ghanaweb. 21 June 2017. Retrieved 21 June 2017.
  4. "Official retirement of Chief Justice: William Atuguba acting as CJ". GhanaGuardian.com. Ghana Guardian. 8 June 2017. Retrieved 21 June 2017.
  5. "Full list of Chief Justices in Ghana since 1957". Ghanaweb.com. Ghanaweb. 21 June 2017. Retrieved 21 June 2017
  6. "Justice William Atuguba retires after 44 years as a judge". GhanaWeb.com. GhanaWeb. Retrieved 27 August 2018.