Sophia Akuffo

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Sophia Abena Boafoa Akuffo
13th Chief Justice of Ghana
24th Chief Justice of Gold Coast/Ghana
Bere
19 June 2017 – 20 December 2019
Appointed byNana Akufo-Addo
OdikanfoGeorgina Wood
AnanmusiniKwasi Anin-Yeboah
Supreme Court Judge
Bere
30 November 1995 – 20 December 2019
Appointed byJerry John Rawlings
Ne ho asɛm
Awo bere20 December 1949 (1949-12-20) (age 74)
Akropong-Akuapem ɛwɔ Apuei Mantam
Ne manGhana Ghana
Mma1
Sukuu a w'akɔ
N'adwuma
  • Lawyer
  • Judge

Sophia Boafo Abena Akuffo (About this soundpronounciation of "Sophia Akuffo" ) (a yɛ wo no ɔpɛnima da a ɛtɔ so aduonu afe apem ahankron aduanan nkron ,1949),[1]Ghana ɔtemmufo Panin a woayɛ ɔtemmufoɔ wɔ Ghana Atemmubea Kunini ɛfiri afe apem ahankron aduokron num (1995).[2]

Nwomasua[sesa]

Sophia Akuffo Presbyteriani sɔfo ba, ɔkɔɔ ne ntoasoɔ sukuu wɔ Wesley Girls' High School, Cape Coast ɛna ɔbɔɔ ne degree wɔ mmara mu wɔ University Of Ghana.[3] Ɛtoa ne nnwomasua no so kɔɔ Ghana School of Law, ɛhɔ na ɔbɛyɛɛ mmaranimnii mapa.[2] Akuffo ɛsua ɔmmranimfo adwuma wɔ Nana Akufo-Addo ase[4]. Ɔbɔɔ ne master's degree wɔ mmara wɔ Harvard Suapɔn a ɛwɔ USA mu.[5]

.[5]

Abrabɔ ne dwumadie[sesa]

Akuffo ɛka ekuo a wɔfrɛ wɔn ‘Governing Committee of the Commonwealth Judicial Education Institute,[6] ɛna ɔsan ɛyɛ oguatenani ɛma ‘Alternative Dispute Resolution Task Force’. Ɛwɔ afe mpem mmienu ne nsia mu (2006) bosome ɔpɛpɔn no mu, abatoɔ bi ɔyi no sɛ ɔnyɛ ɔtemmuafoɔ ɛwɔ 'African Court on Human and Peoples' Rights'.[7] Na ɔyɛ ɔtemmufo) baako a ɛdikan. Wɔtoo no so aba ma no bɛdii mfeɛ mmienu ɛna [8] wɔsane too no so aba biom wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nan mu ma no bɛyɛ manpanin abɛdiakyire ne manpanin maa asɛnnibea wɔ ne nnidisoɔ so.[9]

Ghana mmaranimnii panin

Wɔ Kutawonsa bosome da a ɛtɔ so du baako wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson mu no,Nana Akuffo-Addo yii Akuffo sɛ ɔyɛ ɔtemuafoɔ a ɔdi mu wɔ Ghana asɛnnibea kɛseɛ, a mmarahyɛbedwafoɔ nso gye tomm.[5] Ɔmanpanin Akuffo-Addo de no sii akonnwa no so wɔ Ayɛwohomummɔ bosome da a ɛtɔ so du nsia wɔ mfeɛ mpem mmienu sɛ mmaranimnii panin a ɛtɔ so du mmiɛnsa wɔ Ghana. Atemmuo a ɛtwatoɔ a ɔdiiɛ no yɛ ɛda ɔpɛnimaa bosome du nnwɔtwe wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nkron nom aberɛ a supreme court de mmara ɛnnsɛ mfata baeɛ sɛ asɛnnibea no bɛtena mu adi asɛm nawɔtwe awieeɛ ne sikakorabea afoofida sɛ nsɛm bi a ɛfa mmara kwan so ba wɔn nan ase.[10][10] Ɔkasa faa anigyeɛ aba ne mu kyerɛ ɛnkane manpaninfoɔ a wɔwɔ Ghana.John Evans Mills a na ɔyɛ ne kyerɛkyerɛni wɔ Taxation wɔ Ghana Law School a ɔsane yii no maa Africacourt of Human and people's Right wɔ Ethiopia ka ho. Ɔsane bɔɔ Jerry Rawlings a ɔyii maa asɛnnibea kɛseɛ no wɔ afe apem ahankron ne aduokron num nso ka ho ɛna John Kufuor a ɔno nso yii no maa African court of Human and people's Right wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nsia mu.[11] Ɛnam John Mahama so maa no bɛyɛɛ ɔmanpanin wɔ asɛnnibea hɔ sɛ mmaranimnii panin.[12]

Nwoma a watwerɛ[sesa]

Akuffo atwerɛ nwoma a wɔfrɛ no ‘The Application of Information & Communication Technology in the Judicial Process – the Ghanaian Experience, a presentation to the African Judicial Network Ghana’. Ɔsoni amanyɔkuo New Partriotic Party v Attorney6Genera(a wɔfrɛ no CBA Casely afe apem ahankron ne aduokron nso ICHRL 24(ɔbenem da a ɛtɔ so du mmienu wɔ afe apem ahankron ne aduokron nson.

Atɛmmuo adwuma[sesa]

Ɔmanpanin Nana Akufo-Addo ɛtu Akuffo sɛ ɔnyɛ ɔman no ɔtemmufoɔ panin bosome Kotonima ɛda a ɛtɔ so dubaako afe mpem mmienu ne du-nson (2017) ,nso na ɛwɔ sɛ mmarahyɛbadwa fie ɛfoa so/pene so.[13]

Akuffo ɛka ntam sɛ ɔbɛyɛ Ghana ɔtemmufoɔ panin ɛwɔ bosome Ayɛwohomumɔ da a ɛtɔ so dunkron afe 2017. Akuffo yɛ Ghana ɔtemmufoɔ panin a ɔtɔ so dummiɛnsa.

Ahomegyeɛ[sesa]

Aberɛ ɔsom sɛ ɔtemuafoɔ panin no,ɔgyee n'ahome wɔ mfe mpem ne du nkron.[14]ɔbenem bosome da a ɛtɔ so aduonu nnwɔtwe wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu mu, Nana Akuffo-Addo yii Akuffo sɛ ɔnhwɛ COVID-19 National Trust Fund inaugurated wɔ COVID-19 yareɛ nom.[15]

N'abusua[sesa]

Ɔwɔ babaa a yɛfrɛ no Violet Padi ɛna ne nananom mmienu a yɛfrɛ wɔn Samuel Osei ne Cara Nyami.Pnam ne nananom aware dodoɔ nti N'abusua tenten no mu wa yie, a anuanom nsia ka ho nanso ɛne nnipa Mmiɛnsa a mabɔ wɔn din nobɛ .

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. https://peoplepill.com/people/sophia-akuffo
  2. 2.0 2.1 https://www.africanews.com/2017/06/20/ghana-swears-in-its-second-successive-female-chief-justice//
  3. "Her Ladyship Chief Justice Sophia A.B. Akuffo Delivers 2019 Alumni Lecture". UNIVERSITY OF GHANA. Retrieved 8 April 2020
  4. "Akufo-Addo for President '08". Archived from the original on 4 February 2010. Retrieved 27 May 2021
  5. 5.0 5.1 5.2 Alfa Shaban, Abdur Rahman (12 May 2017). "Ghana to have second successive female Chief Justice". Africa News. Retrieved 2 June 2017
  6. Judge Sophia Akuffo Archived 2010-06-18 at the Wayback Machine
  7. Samuel M. Makinda and F. Wafula Okumu, The African Union: challenges of globalization, security, and governance, Routledge, 2006, p. 190
  8. "African Court on Human and Peoples' Rights Booklet" (PDF). Archived from the original (PDF) on 20 July 2011. Retrieved 27 May 2021
  9. The African Court Judges Archived 2010-06-18 at the Wayback
  10. 10.0 10.1 "Courts can sit on weekends, public holidays - Supreme Court rules". ghanaweb.com. GhanaWeb. 18 December 2019. Retrieved 13 January 2020
  11. "Patrons of the Journal". The Oxford University Commonwealth Law Journal. Retrieved 8 April 2020.
  12. "I was weak in Arithmetic but Mills passed me – Chief Justice Sophia Akuffo". ghanaweb.com. GhanaWeb. 18 December 2019. Retrieved 13 January 2020.
  13. https://www.modernghana.com/news/783263/sophia-akufo-sworn-in-as-new.html
  14. Retiring CJ, Sophia Akuffo wants high standards in legal profession maintained". Modern Ghana. Retrieved 27 May 2021.
  15. Sophia Akuffo: Former Chief Justice chairs COVID-19 Fund". Pulse Ghana. 28 March 2020. Retrieved 27 May 2021