William Agyapong Quaittoo

Ɛfi Wikipedia
Hon.
William Agyapong Quaitoo
MP
Member of the Ghana Parliament
for Akim Oda Constituency
Bere
7 January 2012 – 6 January 2021
AnanmusiniAlexander Akwasi Acquah
Deputy Minister of Agriculture
AnanmusiniKennedy Osei Nyarko
Ne ho asɛm
Awo bere11 September 1966 (1966-09-11) (age 57)
Akim Gyadam, Ghana)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Mma5
Sukuu a w'akɔUniversity of Cape Coast, University of Ghana
N'adwumaPolitician
N'adwumaManager
CommitteesParliamentary Select Committee on Education (Chairman)

William Agyapong Quaitoo (wɔwoo no Ɛbɔ da a ɛtɔ so du baako wɔ afe apem ahankron aduosia nsia, {September 11, 1966} wɔ Akim Gyadam) yɛ Ghana amanyɔfoɔ. Ɔyɛɛ mmarahyɛ badwani maa Akim Oda Mpɛsoa so, Apueeɛ Fam Mantam wɔ Mmarahyɛ Bagua a ɛto so nson (7) no mu.[1][2] Wɔpaw no sɛ Ɔsoafoɔ Abadiakyiri a ɔhwɛ kuayɛ so wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmiɛnsa (2013).[3] Ɔyɛ Tree Crops Development Authority no panyin.[4][5]

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Quaitoo wɔ Ɛbɔ da a ɛtɔ so du baako wɔ afe apem ahankron aduosia nsia (September 11, 1966) na ɔfiri Akim Gyadam a ɛwɔ Ghana Apueeɛ Mantam mu. Ɔkɔɔ Kalpohin Mfitiaseɛ Sukuu wɔ Tamale, Yoo Roman Katolek Mfitiaseɛ Sukuu wɔ Savelugu kasa mu ne Vitting Experimental Junior Secondary School wɔ Tamale ne nyinaa wɔ Ghana Atifi Fam Mantam mu. Ɔkɔɔ Ghana Secondary Technical School maa ne GCE 'O' Level wɔ Takoradi ne Oda Secondary School maa ne GCE 'A' Level wɔ Akim Oda. Ɔsuaa adeɛ wɔ Galilee College wɔ Israel baabi a ɔnyaa Diploma wɔ Agribusiness, Export ne Marketing Management mu. Ɔkɔɔ Cape Coast Suapɔn a ɔwiee sukuu no, ɔnyaa BSC (HONS) wɔ Chemistry ne Diploma wɔ Nhomasua mu. Ɔsan nso wɔ MBA wɔ Ghana Suapɔn mu.[4]

Adwumayɛ[sesa]

Quaitoo hyɛɛ n’adwuma ase wɔ afe mpem mmienu (2000) mu bere a wɔpaw no sɛ Market Development Manager wɔ OIC International. Ɔyɛɛ adwuma sɛ adwumayɛbea no sohwɛfo kosii afe mpem mmienu ne mmienu (2002) mu. Wɔ afe mpem mmienu ne mmienu (2002) mu no, wɔpaw no sɛ Programs Manager of Enterprise Works, Ghana baabi a ɔyɛɛ adwuma wɔ saa dibea no mu kɔsii afe mpem mmienu ne nsia (2006). Wɔ afe mpem mmienu ne nsia (2006) awieeɛ no, wɔmaa no adwuma foforɔ sɛ Ghana Cocoa Board no sohwɛfoɔ kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu (2012).[6]

Amanyɔsɛm[sesa]

Quaitoo yɛ Ɔsono kokroko amanyɔkuo New patriotic party no muni. Ɔyɛ kan Mmarahyɛ Badwa no muni a ɔhwɛ Akim Oda Mpɛsoa so.[7][8] Wɔ afe mpem mmienu ne aduonu (2020) mu wɔ NPP mmarahyɛ badwa primaries mu no ɔhweree n’akongua maa Alexander Ackum.[9][10]

Mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu (2012) abatoɔ mu[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu (2012) Ghana amansan abatoɔ mu, ɔdii nkunim wɔ Akim Oda abatoɔ mpɛsoa so mmarahyɛ bagua no mu a ɔnyaa abatoɔ no mju amma mpem dunwɔtwe ahankron aduowɔtwe mmienu (18,982) a ɛyɛɛ ɔha nkyekyɛ mu aduosia akyiri pɔ aduonson nnan (62.74%) wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu berɛ a NDC mmarahyɛ badwa kandifoɔ Kwabena Nkansah Asare nyaa abatoɔ mu amma no mpem nsia , aha mmiɛnsa ne du nnum (6,315) a ɛyɛɛ ɔha nkyekyɛ mu aduonu akyiri pɔ aduowɔtwe nson (20.87%) wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu, PPP mmarahyɛ baguani Kofi Asamoah-Siaw nyaa abatoɔ 782 a ɛyɛɛ abatoɔ 2.58% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu, NDP mmarahyɛ badwa kandifoɔ Aninakwah Joshua Kwabena nyaa abatoɔ 278 a ɛyɛɛ 0.92% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu, Independent mmarahyɛ badwa kandifoɔ Baa Abora nyaa abatoɔ apem, aha nsia ne aduonu nsia (1,626) a ɛyɛɛ ɔha nkyekyɛ mu nnum akyiri pɔ aduasa mmiɔnsa (5.37%) wɔ abatoɔ no nyinaa mu amma a wɔtoeɛ ne Independent mmarahyɛ badwa kandifoɔ foforo Augustus Ennin Attafuah nyaa abatoɔ no mu amma apem ahankron aduokron mmiɛnsa (1,993) a ɛyɛɛ abatoɔ no nyinaa mu ɔha nkyekyɛ mu nsia akyiri pɔ aduonum nkron (6.59%).[11]

Mfeɛ mpem mmienu ne du nsia (2016) abatoɔ[sesa]

Wɔ afe mfeɛ mpem mmienu ne du nsia (2016) Ghana amansan abatoɔ mu no, ɔsan dii nkunim wɔ Akim Oda mpɛsoa mmarahyɛ badwa no mu a ɔnyaa abatoɔ mpem aduonu mmienu baako ɔha ne aduasa baako (21,131) a ɛyɛɛ ɔha nkyekyɛ mu aduoson mmiɛnsa akyiri pɔ nnan (73.4%) wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu berɛ a NDC mmarahyɛ badwa kandifoɔ Kwabena Nkansah Asare nyaa abatoɔ no mu amma mpem nsia, ahanwɔtwe ne aduokron mmienu (6,892) a ɛyɛɛ nkyekyɛ mu aduonu mmiɛnsa akyiri pɔ 9 (23.9%) wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu, PPP mmarahyɛ baguani ɔkannifoɔ Baa Abora nyaa abatoɔ 599 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoo no nyinaa mu 2.1% na CPP mmarahyɛ bagua no muni George Owusu Agyemang nyaa abatoɔ 161 a ɛyɛɛ abatoɔ no nyinaa mu 0.6%.[12]

Boayikuo no[sesa]

Ná Quaitoo yɛ Mmarahyɛ Bagua no Boayikuw a Wɔapaw Wɔn a Ɛhwɛ Nhomasua So no Titenani.[13][9]

Ɔgyaee adwuma sɛ Ɔsomfoɔ Abadiakyiri[sesa]

Wɔ August 2017 mu no, Quaitoo kaa nsɛm bi a ɛfa mmusuakuw ho faa nnipa a wɔwɔ Ghana Atifi fam mantam mu ho.[14][15] Wɔ n'asɛm mu no ɔkaa sɛ " Yɛn nuanom [wɔ Ghana atifi fam], ɛyɛ den paa sɛ yɛbɛdi wɔn ho dwuma." Metenaa hɔ mfeɛ aduonu nson, meka Dagbani te sɛ Dagomba ne ne nyinaa. Wɔyɛ nnipa a wɔn ho yɛ den paa. Obiara ntumi nsi so dua. Sɛ obi ka sɛ asraafo nwansena sɛee n’afuw a, ɛsɛ sɛ onipa no ba bɛkyerɛ sɛ ɛyɛ nokware. Yenni saa asɛm no ho kyerɛwtohɔ biara. Ɛyɛ ɔkwan a wɔfa so gye sika fi aban hɔ ara kwa; ɛno na wɔyɛ bere nyinaa. " Bere a ɔkaa asɛm no wiei no, ɔmanfo nyinaa kae sɛ onnyae adwuma no kasa tiaa nsɛm a wɔkae no sɛ ɛyɛ mmusuakuw de. Wɔ ne frɛ a ɔfrɛɛ no sɛ onnyae adwuma no akyi no, wɔ Oforisuo 29, 2017 no, ɔgyaee adwuma wɔ aban kwan so sɛ Kuadwuma ho Ɔsoafoɔ Abadiakyiri.[16][17][18][19] Kennedy Osei Nyarko na odii n'adeɛ.[20][21][22]

N'ankasa Abrabɔ[sesa]

Quaitoo aware na ɔwɔ mma baanum. Ɔyɛ Kristoni na ɔsom sɛ Baptistni. Ɔka Borɔfo, Twi, Dagbani, Hausa ne Ga.[4]

Mmeaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. "Skinner, Hon. Clarence Farringdon, (19 Jan. 1900–26 April 1962), MP (NZ); Deputy Prime Minister of New Zealand and Minister of Agriculture and Lands, 1957–60", Who Was Who, Oxford University Press, 2007-12-01, retrieved 2023-10-01
  2. "PARLIAMENT IN REPUBLICAN GHANA", Parliamentary Affairs, 1963-05, doi:10.1093/oxfordjournals.pa.a054022, ISSN 1460-2482, retrieved 2023-10-01 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  3. "Skinner, Hon. Clarence Farringdon, (19 Jan. 1900–26 April 1962), MP (NZ); Deputy Prime Minister of New Zealand and Minister of Agriculture and Lands, 1957–60", Who Was Who, Oxford University Press, 2007-12-01, retrieved 2023-10-01
  4. 4.0 4.1 4.2 Hon. William Agyapong Quaittoo | World Coffee Producers Forum (in American English), retrieved 2023-10-01
  5. "Ghana's Akufo-Addo holds poll advantage over old foe", Emerald Expert Briefings, 2020-12-01, doi:10.1108/oxan-db257861, ISSN 2633-304X, retrieved 2023-10-01
  6. William Agyapong Quaitoo, Biography, retrieved 2023-10-01
  7. Emmanuel Asante (2020-04-30), "Art by Emmanuel Asante", Theory in Action, vol. 13, no. 2, pp. 142–145, doi:10.3798/tia.1937-0237.2029, ISSN 1937-0229, retrieved 2023-10-01
  8. Mark Quaye Affum (2020-01-01), "Safeguarding internal control and profitability at Akim Bosome Rurual Bank-Akim oda through digital services", International Journal of Computing, Programming and Database Management, vol. 1, no. 1, pp. 41–49, doi:10.33545/27076636.2020.v1.i1a.66, ISSN 2707-6636, retrieved 2023-10-01
  9. 9.0 9.1 Kotoku chiefs caused my defeat - William Quaitoo - MyJoyOnline.com (in American English), 2020-06-24, retrieved 2023-10-01
  10. Ryder Cook, null null, null null, null null, null null, null null (2023), "Campus Connect", John Heinrichs Scholarly & Creative Activities Day, doi:10.58809/beqv4163, retrieved 2023-10-01{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  11. "Frontmatter", Demilitarizing Politics, Lynne Rienner Publishers, pp. i–iv, 2005-01-01, retrieved 2023-10-01
  12. "Frontmatter", Demilitarizing Politics, Lynne Rienner Publishers, pp. i–iv, 2005-01-01, retrieved 2023-10-01
  13. "BBC pay grades", Sex Segregation and Inequality in the Modern Labour Market, pp. 181–182, 2006-10-31, doi:10.46692/9781847421692.010, retrieved 2023-10-01
  14. Linda Grimm (2019), "Ethiopian Prime Minister Resigns : February 17 and 23, 2018", Historic Documents of 2018, 2455 Teller Road, Thousand Oaks California 91320: CQ Press, pp. 148–152, retrieved 2023-10-01 {{citation}}: no-break space character in |place= at position 18 (help)CS1 maint: location (link)
  15. Ghana news Agency, retrieved 2023-10-01
  16. Linda Grimm (2019), "Ethiopian Prime Minister Resigns : February 17 and 23, 2018", Historic Documents of 2018, 2455 Teller Road, Thousand Oaks California 91320: CQ Press, pp. 148–152, retrieved 2023-10-01 {{citation}}: no-break space character in |place= at position 18 (help)CS1 maint: location (link)
  17. "CROWN-PRINCE RETRIEVED: LIFE AT CUSTRIN NOVEMBER 1730-FEBRUARY 1732", The Works of Thomas Carlyle, Cambridge University Press, pp. 342–406, 2010-11-11, retrieved 2023-10-01
  18. Japanese students bring message of peace, nuclear disarmament, and hope to the World YWCA, retrieved 2023-10-01
  19. http://dx.doi.org/10.7717/peerj.578/table-2, retrieved 2023-10-01 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  20. Patrick Amoateng, Samuel Adjei, Dorcas Osei-Safo, Kennedy K.E. Kukuia, Thomas K. Karikari, Alexander K. Nyarko (2017-01-01), "An ethanolic extract of Desmodium adscendens exhibits antipsychotic-like activity in mice", Journal of Basic and Clinical Physiology and Pharmacology, vol. 28, no. 5, doi:10.1515/jbcpp-2016-0115, ISSN 2191-0286, retrieved 2023-10-01{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  21. "Skinner, Hon. Clarence Farringdon, (19 Jan. 1900–26 April 1962), MP (NZ); Deputy Prime Minister of New Zealand and Minister of Agriculture and Lands, 1957–60", Who Was Who, Oxford University Press, 2007-12-01, retrieved 2023-10-01
  22. John Demuyakor (2021-06-01), "An Analysis of Speech Acts in the Inaugural Address of Nana Addo Dankwa Akufo-Addo as the President of the Republic of Ghana on January 7, 2021", Shanlax International Journal of English, vol. 9, no. 3, pp. 1–12, doi:10.34293/english.v9i3.3978, ISSN 2320-2645, retrieved 2023-10-01