Kennedy Osei Nyarko

Ɛfi Wikipedia
Kennedy Nyarko Osei
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
date of birth2 Oforisuo 1979 Sesa
place of birthApueɛ Mantam (Ghana) Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, marketer Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 6th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atGhana Institute of Management and Public Administration, University of Ghana, Chartered Institute of Marketing Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
religion or worldviewKristofo Sesa

Kennedy Osei Nyarko (wɔwoo no 2 Ahinime 1979 wɔ Apueɛ Mantam, Ghana) yɛ Ghana amanyɔni. Wɔpaw no sɛ mmarahyɛbadwani wɔ afe 2016 mu a ogyinaa Akim Swedruo Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ananmu. Wɔ November 2017 mu no, wɔpaw no sɛ Ɔsoafoɔ Abadiakyiri a ɔhwɛ kuayɛ so wɔ Ghana Amansin mu.[1][2][3]

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Kennedy wɔ 2 Ahinime 1979 na ɔfiri Akyem Swedru a ɛwɔ Apueɛ Mantam, Ghana.[4] Ɔkɔɔ sukuu wɔ Ghana Insitute of Management and Public Administration bia ɔya bachelor degree wɔ Marketing wɔ afe 2010. Ɔsan toa so kɔ Charted Institute of Marketing wɔ UK bi a ɔya Postgraduate Diploma wɔ Marketing wɔ afe 2011. Ɛwɔ 2012, ɔwie ne postgraduate degree wɔ marketing ɛfiri University of Ghana.[5] Ɔtoa so yɛɛ no Master of Science degree wɔ Climate Change ne Sustainable Development wɔ afe 2019 a ɛfiri University of Ghana.[4]

Adwuma[sesa]

Ansa na ɔbɛhyɛ amanyɔsɛm ase no, na Kennedy yɛ technical sales manager wɔ J. A Plant Pool, ɛyɛ Ghana ɛfɔmagudeɛ adwuma bɛyɛ nfie mmiesa ɛna ɔsan yɛɛ General manager ɛma adwumakuo wɔ Atifi mantam npɔtɛmu. Na ɔyɛ Head of Sales/Marketing ma Jospong Group of Companies. Na ɔsan so yɛ Head of Marketing ma Zoomlion Ghana Limited.[4] Ɔwɔ akasafidie adwuma a yɛfrɛ no Bosome FM.[6]

Amanyɔsɛm[sesa]

Kennedy yɛ kuoba wɔ New Patriotic Party na sasiaa ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Akyem Swedru Abatoɔ mpesoaso wɔ Apueɛ Mantam, Ghana.[7][8]

Wɔ afe 2012, ɔgyina sɛ Mmrahyɛbadwani na ɔdii nkonim a ɔyɛ nba no 7143. Ɔkɔɔ di dwuma saa afe no mu a. Wɔ afe 2017, ɛsan sɛ William Quaitoo de ne dwuma too hɔ sɛ ɔsoafoɔ abadiakyere ma Mfuomdwuma Asoayɛ, Ɔmanpanyin Nana Akufo-Addo yii no sɛ ɔdi saa dwuma no.[9]

2012 abatoɔ[sesa]

Wɔ afe 2012 aba toɔ mu no, ɔdii nkonim wɔ Akyem Swedru Abatoɔ mmpesoaso a ɔyaa mba no 8,865 a ɛgyina ho ma 55.78% a na nea ɔgyina ho ma NDC kuo, Robery Samuel Ansah yaa 3,533 a ɛgyina ho ma 22.23%, nea ɔgyina ho ma PPP, Akwasi Amankwah Marfo nso yaa 231 a ɛgyina ho ma 1.45%, na nea ɔgyina ho sɛ kwantekoro Godwin Boadi yaa 48 a ɛgyina ho ma 0.30%.[10]

2016 abatoɔ[sesa]

Wɔ afe 2016 Ghana abatoɔ, ɔsan di nkonim wɔ Akyem Swedru abotoɔ mpesoaso a ɔyaa nba no 11,458 a ɛgyina ho ma 71.4% bere a NDC kuo no nipa Robert Samuel Ansah yaa 4,056 a ɛgyina ho ma 25.3%, PPP kuoba no Obiri Ernest Amo nso yaa 502 a ɛgyina ho ma 3.1% na CPP kuo ba Anim Adoo nso yaa 25 a ɛgyina ho ma 0.2%.[11]

2020 abatoɔ[sesa]

Wɔ afe 2020 Ghana abatoɔ ɔsan di nkonim wɔ Akyem Swedru abotoɔ mpesoaso a ɔyaa nba no 11,180 a ɛgyina ho ma 71.3% bere a NDC kuo no nipa Taaju Abdu Rahim yaa 4,503 a ɛgyina ho ma 28.7%.[12][13]

Kuo ɔwɔ mu wɔ mmrahyɛbadwa[sesa]

Wɔ afe 2017, na ɔyɛ otitenani ma Kɔmitee a ɔmɔhyɛ Local Government wɔ mmrahyɛbadwa wɔ Ghana.[3]

Kennedy san so yɛ otitenani ma Roads ne Transport Kɔmitee[14][15] na ɔsan nso yɛ kuoba ma Special Budget Kɔmitee, biom ɔsan so yɛ kuoba ma Public Accounts Kɔmitee

Ankorankoro asetra[sesa]

Kennedy yɛ Kristoni[16]

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. Jonas Nyabor (2017-11-05), Kennedy Osei Nyarko approved as new Dep. Agric minister (in American English), retrieved 2023-06-10
  2. Akufo-Addo swears in Osei Nyarko as Deputy Agric Minister (in English), 2017-11-15, retrieved 2023-06-10
  3. 3.0 3.1 Eugene Davis (2017-11-03), Parliament approves new Dep. Agric Minister (in British English), retrieved 2023-06-10
  4. 4.0 4.1 4.2 Parliament of Ghana, retrieved 2023-06-14
  5. Kennedy Osei Nyarko, Biography, retrieved 2023-06-14
  6. Dorcas Abedu-Kennedy (2021-10-01), Akim Swedru MP hit with sad news (in American English), retrieved 2023-06-14
  7. NPP MP welcomes government's decision to reintroduce road toll in 2023 (in American English), 2022-12-03, archived from the original on 2023-01-26, retrieved 2023-06-14
  8. MP for Akim Swedru, Kennedy Osei Nyarko Hands Over Ultra-Modern Police Post To Divisional police command, Akim Oda (in American English), archived from the original on 2023-04-01, retrieved 2023-06-14
  9. MyJoyOnline.com - Ghana's most comprehensive website. Credible, fearless and independent journalism, retrieved 2023-06-14
  10. Peace FM, 2012 Election - Akim Swedru Constituency Results, retrieved 2023-06-14
  11. Peace FM, 2016 Election - Akim Swedru Constituency Results, retrieved 2023-06-14
  12. Peace FM, 2020 Election - Akim Swedru Constituency Results, retrieved 2023-06-14
  13. Parliamentary Results for Akim Swedru, retrieved 2023-06-14
  14. Most of Ghana’s road problems due to inadequate finance – Osei Nyarko (in American English), 2022-07-23, archived from the original on 2023-01-26, retrieved 2023-06-14
  15. http://dailystatesman.com.gh (2022-02-16), Work begins on four Accra-Kumasi road bypasses in April (in American English), retrieved 2023-06-14 {{citation}}: External link in |last= (help)
  16. Osei, Nyarko Kennedy (in American English), retrieved 2023-06-14