Vincent Ekow Assafuah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Vincent Ekow Assafuah
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameVincent Sesa
date of birth27 Ɛbɔ 1990 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
position heldMember of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Vincent Ekow Assafuah (wɔwoo no 27 Ɛbɔ 1990) yɛ Ghana amanyɔni a ɔyɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (New Patriotic Party - NPP) muni.[1] Na ɔyɛ Ɔmanfoɔ Nkitahodiɛ sohwɛfoɔ (Public Relations Officer - PRO) ma Nhomasua Dwumadibea (Ministry of Education).[2][3] Ɔyɛ Mmarahyɛbadwani ma Old-Tafo Mmarahyɛbadwam mpɛsoa a ɛwɔ Ashanti Mantam mu.

Adwuma[sesa]

Assafuah sii akan na odii nkonim wɔ Ɔman Ɔsom Adwumayɛfo Fekuw (National Service Personnel Association - NASPA) sɛ Kuo Ɔman titrani bere a na ɔreyɛ ne Ɔman Som (National Service) wɔ ne mmɔdenbɔ a ankosi hwee wɔ USAG ɔmampanyin abatow mu akyi,[7] ɔsom wɔ saa dwumadi no mu afe biako. Ɔyɛ ɔboafoɔ titiriw ma Ɔbaa a ɔtɔ so mmienu (2) Samira Bawumia firi afe 2015 kɔsi afe 2017.[2] Wɔ afe 2017 mu no, na ɔyɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (New Patriotic Party - NPP) no Nkitahodi sohwɛfo Abadiakyiri (Deputy Communication Director) a ɔreyɛ adwuma.[10] Bere a Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (New Patriotic Party - NPP) no baa tumidi mu wɔ bosome Ɔpɛpɔn afe 2017 akyi no, akyiri wɔpaw no sɛ ɔmanfo ntam abusuabɔ panyin wɔ Nhomasua Dwumadibea (Ministry of Education) wɔ afe 2018 mu.[11][4] Ɔsan nso yɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔde ne bere fa yɛ adwuma (part-time lecturer) wɔ Dominion Suapɔn Kɔlege (Dominion University College).[12]

N'asetra mu[sesa]

Ɔyɛ Kristoni