Vida Amaadi Yeboah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Vida Amaadi Yeboah
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Akwapim South
Bere
7 January 1997 – 6 January 2001
OdikanfoJohn Jerry Rawlings
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Akwapim South
Bere
7 January 1993 – 6 January 1997
ƆmanpanyinJohn Jerry Rawlings
Ne ho asɛm
Awo bere(1944-07-27)27 July 1944
Akwapim South, Eastern Region Ghana)
Owu bere27 August 2006(2006-08-27) (aged 62)
Ne manGhana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
N'adwumaPolitician
N'adwumaTeacher, Civic Leader

Vida Amaadi Yeboah About this soundpronounciation of "Vida Amaadi Yeboah"  wɔ afe apem ahankron aduanan nan, kɔ si afe mpem mmienu ne aha nsia na ɔyɛ ɔnkanee Ghana ɔkyerɛkyerɛni amanyɔnii ne ɔman ɛkandifoɔ.[1] Na ɔyɛ ɔsoafoɛ abɛdiɛakyire a ɔhwɛ nwoma ne ammamerɛ nsem so firi afe apem ahankron aduowɔtwɛ nnwɔtwe kɔsi afe apem ahankron aduokron mmiɛnsa. Yeboah boa ma yete FORUM FOR AFRICAN WOMEN EDUCATIONALIST (FAWE) wɔ afe apem ahankron aduokron mmienu. Na ɔyɛ mmarahyɛbedwanii a yɛ yi no wɔ afe apem ahankron aduokron mmienu. Yeboah bɛ yɛ ɔmanpanin Jerry Rawlings amanmuo mu nipa baako, na ɔsom sɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ nsrahwɛ bea so. Ɛfiri afe apem ahankron aduokron nson kɔ si afe mpem mmienu.

Abrabɔ ahyasiɛ ne sukuu[sesa]

Ye wo Yeboah wɔ Kitawonsa bosome da a ɛtɔ so aduonu nson, afe apem ahankron aduanan nan ɛwɔ ne maame kuro mu wɔ Apue mantam.a Na ɔyɛ Kate Oye Ntow Ofosu ne Eric Perigrino Nelson ba baa. Ɔsua adeɛ wɔ Wesley Girl's Senior High School ansana ɔtoa so akɔ sua French kasa no nso wɔ University Of Ghana suapɔn mu. Ɔtoa so kɔ sua French kasa no kɔ nanim kɔ nyaa abɔdin ntoasoɔ wɔ University Of Borbeaux asuapɔn wɔ France mman mu, ne Postgraduate Diploma abasobɔdin wɔ asesua mu firi University Of Cape Coast suapɔn mu.[2] Ɔkyerɛɛ adeɛ mfie du nan wɔ mmaa sukuu mu wɔ Ghana man mu, ɔbeyɛɛ Tidifoɔ di maa Mefantsiman Girl's Secondary School asana yɛ yii no sɛ Adesua Twerɛtwerɛfoɔ abadiekyire wɔ afe apem ahankron aduowctwe num.[3] Ɔfiri afe apem ahankron aduowɔtwɛ nnwɔtwɛ kɔsi afe apem ahankron aduokron mmiɛnsa mu no Vida Yeboah na na ɔyɛ Adesua ne Amammerɛ mu Ɔsuafoɔ Abɛdiekyire.[4] Yeboah tra mfitiasie Suapɔn sukuu kɔ nhyehyeɛ, Ɔmaa mmaayewa sukuu kɔ kɔɔ soro.[5] Wɔ afe apem ahankron aduokron mmienu mu no ɔboa ma yɛ te Forum For African Educationalist ne Asuafoɔ Africa mmaa nan wɔ Adesua mu mmoa: Fay Chung wɔ Zimbabwe, Simone Testa wɔ Seychelles, Paulette Moussavon - Missambo wɔ Gabon, ne Alice Tiandrebengo wɔ Bukina Faso.[6]

Amayɔsɛm[sesa]

Yɛ to Vida so aba maa no kɔ gyinaa Akwuapem Anaafoɔ mansinimu anan mu ɛwɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan wɔ Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nson, afe apem ahankron aduokron mmiɛnsa, wɔ brɛ a yɛbɔ no nkunim wɔ afe apem ahankon aduokron mmienu Ghana mmarahyɛbedwa abatoɔ ɛkɔ so wɔ Ɔpɛpɔn bosme da a ɛto so aduonu nkron, afe apem ahankron aduokron mmienu no mu. Yɛ sane nso yii no kɔɔ mmarahyɛbedwam a ɛtɔ so mmienu wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan no mu wɔ abrɛ a ɔnyaa ɔha mu nkyekyemu aduanan nwɔtwe firi mma no nyinaa mu wɔ afe apem ahankron aduokron nsia abatoɔ no mu.[7] Yɛ yii no wɔ afe apem ahankron aduokron nson sɛ Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ nsrahwɛ bea so a ɔyɛɛ adwuma kɔsii afe mpem mmienu ne baako, a ɔyɛɛ Ɔsoafoɔ adwuma yɔ mmarahyɛbedwam adwuma no wɔ nkyene.[4]

Abasobɔdeɛ ne nkaeɛ[sesa]

Yɛ kaeɔ Vida Yeboah sɛ onipa baako a ɔboa maa ɔtee FORUM FOR AFRICAN WOMAN EDUCATIONALIST (FAWE) wɔ Ghana man mu.[8]

Beaɛ a me nyaa mmoa firiiɛ[sesa]

[1]

  1. https://books.google.com/books?id=85WbPmx9QlcC&pg=PR11
  2. Archive copy, archived from the original on 2019-07-24, retrieved 2021-07-29{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  3. https://books.google.co.uk/books?id=GDAuAQAAIAAJ&dq=%22vida+yeboah%22+Mfantsiman
  4. 4.0 4.1 http://www.guide2womenleaders.com/Ghana.htm
  5. https://books.google.com/books?id=ZbqezMA6_SsC&pg=PA294
  6. https://books.google.com/books?id=bOkPjFQoBj8C&pg=PA581
  7. https://books.google.com/books?id=opodAQAAMAAJ
  8. "Archive copy". Archived from the original on 2019-04-02. Retrieved 2021-07-29.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)