Veronica Bekoe

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Veronica Bekoe
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameVeronica Sesa
family nameBekoe Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationbiologist Sesa
employerGhana Health Service Sesa
educated atKwame Nkrumah University of Science and Technology, Aburi Girls' Senior High School Sesa
work period (start)1972 Sesa
work period (end)2008 Sesa
notable workVeronica bucket Sesa

Veonica Bekoe yɛ obi a ɔnyaa Abɔdeɛ mu nyansapɛ Biologist firii Ghana.Nnipa dodoɔ noa nim no ɛnam sɛ ɔno na ɔyɛɛ de Veronica bucket baa a ɛbɛte nyarewa a ɛtumi sae so.[1]

Nnwomasua[sesa]

Veronica kɔɔ ntoasoɔ sukuu wɔ Aburi Girls.[2] Ɛno akyire na ɔkɔɔ Kwame Nkrumah suapɔn a ɔnyaa ne abɔdeɛ mu nyansapɛ bakyela wɔ Biological Science/Biology bɛyɛ afe apem ahankron ne aduosia nnwɔtwe ne afe apem ahankron ne aduoson mmienu ntam.[3]

Nnwuma[sesa]

N'adwuma ba ɔyɛɛ no wɔ Ghana apomuden bea no mu trɛɛ firii afe apem ahankron ne aduoson mmienu dekɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe, ɔyɛɛ adwuma wɔ aban apomuden bea ne labo a yɛhwehwɛmu fa nnipa ho, ɔyɛɛ adwuma maa National AIDS/STI control program ɛna ɔko daree mu wɔ medical Laboratory Practice bɛboro mfeɛ aduasa.[4] Wako adare wɔ Labo ntotoiɛ mu, development of training manuals, nkyerɛkyerɛ nnipa adeɛ, ɔma nnipa kwan a wɔbɛfa so afiri nnipa ne nea ɛkeka ho.

Nnoɔma a ɔyɛɛeɛ[sesa]

Yɛnim Veronica sɛ ɔno na ɔyɛɛ Veronica bokiti. Wɔyɛɛ bokiti no sɛ yɛde bɛtu yareɛ a ɛbaa wone na worefe ase. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu mu no abibirem ne wiase afanaa de saa bokiti yi ko tia yadeɛ kodiawuo Kotoka birus(COVID-19) anaa SARS-COV-2.[5] Ɛnam sɛ ɔhunuu ɔhaw bi a na ɛwɔ beaɛ a ɔyɛ adwuma nti na ɛmaa no de saa bokiti no baeɛ, ɔhunuu sɛ wɔnni adeɛ wɔde nsuo bɛgum ama no atene na wɔde ahohoro wɔ nsa na wɔde nsuo gu adeɛ mu desi hɔa wɔnhohoro wɔn nsa sɛ wɔyɛ adwuma wɔ ayaresabea a ɛyɛ hu ma wɔn apomuden ɛfiri sɛ na ɛwɔ sɛ obiara de saa nsuo no hohoro wɔn nsa kɔpem sɛ nsuo no bɛyɛ fii, ɔhunuu saa no ɔde bokiti bi a adeɛ wɔ ho a nsuo bɛfa mu a yɛde tɔn Hausa Koko a nnipa pii frɛ no Akwadaa gyae su a ɛna na seisei ɛyɛ Veronica bokiti a yɛnim no baabiara no.[6]

Abasobɔdeɛ[sesa]

Owurayere Rebecca Akufo-Addo maa no abasobɔdeɛ wɔ ɛkwan a ɔfaa so de yɛɛ bokiti a yɛde nsuo gum ma no tene na yɛde samina ka ho hohoro yɛ nsa de te yɛn ho firi yareɛ pii ho.[7]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://cfhss.org/our-team/mrs-veronica-bekoe/
  2. https://www.myjoyonline.com/veronica-bucket-inventor-shares-intriguing-story-about-its-origin/
  3. https://www.gbcghanaonline.com/features/coronavirus-the-ghanaian-woman-who-invented-the-veronica-bucket/2020/
  4. Archive copy, archived from the original on 2020-03-27, retrieved 2022-03-22{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  5. https://briefly.co.za/58531-meet-veronica-bekoe-woman-ingenious-veronica-buckets.html
  6. https://www.graphic.com.gh/news/general-news/veronica-bucket-inventor-seeks-government-support-for-patenting.html
  7. Archive copy, archived from the original on 2020-06-14, retrieved 2022-03-22{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)