Tomislav Karamarko

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Tomislav Karamarko
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipKrowehyia Sesa
name in native languageTomislav Karamarko Sesa
given nameTomislav Sesa
date of birth25 Kotonimma 1959 Sesa
place of birthZadar Sesa
languages spoken, written or signedCroatian Sesa
occupationAmanyɔni Sesa
position heldrepresentative in the Croatian Parliament, Minister of the Interior Sesa
educated atUniversity of Zagreb, Faculty of Humanities and Social Sciences, University of Zagreb Sesa
residenceZagreb Sesa
member of political partyCroatian Democratic Union, League of Communists of Yugoslavia Sesa
official websitehttp://www.tomislavkaramarko.hr/ Sesa
Tomislav Karamarko

Tomislav Karamarko(About this soundpronounciation of "Tomislav Karamarko" ) yε amanyɔniKrowehyia.man mu. Ɔwoo no wɔ Kɔtɔnimaa bosome a ɛtɔ so aduonu-num wɔ afe apem aha-nkron aduonum nkron mu (25 May,1959)[1][2]. Ɔsom sɛ First Deputy Prime Minister wɔ Krowehyia man mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-nsia wɔ Ɔpɛpɔn bosome de kɔsi Ayɛwɔhumumɔ.[2]

Adwuma[sesa]

Karamarko de ne ho kɔbɔɔ "Krowehyia Democratic Union" amanyɔkuo no wɔ afe apem aha-nkron aduowɔtwe nkron mu (1989), na ɛwɔ Ayɛwɔhumumɔ bosome no mu wɔ afe apem ahankron aduokron baako (1991) mu no[3], ɔtoo ne din sɛ 'Chief of Cabinet of Josip Manolić' a na ɔyɛ Krowehyia Prime Minister. Ɔkɔɔso som sɛ "Chief of Cabinet for Manolić's successor" de kɔsii Ɛbɔ bosome no mu wɔ afe apem ahankron aduokron mmienu (1992) mu a ɔbɛyɛɛ "Chief of Cabinet of the Speaker of the Croatian Parliament, Stjepan Mesić" no. Afe baako akyi no, ɔbɛyɛɛ "Director of the Zagreb Police Administration" nna ɔtoo ne din sɛ "Assistant Interior Minister". Wɔ afe apem ahankron ne aduokron nwɔtwe (1998) mu no ɔbɛyɛɛ ɔtwerɛtwerɛfoɔ maa Croatian Automobile Club.

Wɔ mfeɛ mpem mmienu (2000) amampaninfoɔ abatoɔ mu no ɔdii Stjepan Mesić's abatoɔ dawurubɔ no anim. Mesić dii nkunim wɔ abatoɔ no mu akyire ɔbɔɔ Karamarko din sɛ ne man bammɔfoɔ fotufoɔ ne ɔman no ahobammɔ kuo mu panin. Wɔ 2002 wɔyii Karamarko sɛ ɔkwankyerɛfoɔ (director) ma Counterintelligence Agency (POA) na wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nsia (2006) mu nso wɔbɔɔ ne din sɛ ɔkwankyerɛfoɔ ma Security and Intelligence Agency (SOA).

Ahinime bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) mu mansoafoɔ panin Ivo Sanader bɔɔ ne din sɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ afisɛm so na ɔkɔɔ so ara tenaa saa dibea yi mu kɔsi Ɔpɛnimma bosome no mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dubaako (2011) mu a wɔdii HDZ so nkunim wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dubaako (2011) aman abatoɔ no mu. Ɔdii dwuma sɛ mansoafoɔ a ɔnhyɛ obiara ase kɔsi Ɛbɔ bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dubaako (2011) mu, a ɔkɔkaa HDZ ho wɔ mmerɛ ɛtɔ so mmienu mu. Wɔ Kontonimaa bosome mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dummienu (2012) mu no ɔdii nkunim wɔ amanyɔkuo abatoɔ no mu na ɔbɛyɛɛ mampanin a ɔtɔ so nan wɔ HDZ, ɔbedii kane mansoafoɔ panin Jadranka Kosor adeɛ.

Abrabɔ Ahyɛaseɛ[sesa]

Wɔwoo Karamarko wɔ Zadar, People's Republic of Croatia, Yugoslavia. Berɛ a na ɔwɔ mfeɛ num (5) no, ɔne ne abusuafoɔ tu kɔɔ Zagreb. Ɔkɔɔ ne mmofrase sukuu wɔ Kruševo a ɛbɛn Obrovac, na ɔkɔɔ ntoasoɔ sukuu wɔ Zagreb.

Wɔ ne ntoasoɔ sukuu adesua mu, Karamarko bɔɔ sankuo (guitar) na ɔde dii dwuma wɔ asuafoɔ fie, beaeɛ adwontokuo a agye din di wɔn dwuma, dea ɛka ho bi ne Azra, Film, Idoli ne afoforo. Sɛ abranteɛ, Karamarko bɔɔ basketbɔɔl, na ɛkaa kitewaa bi na ɔde ne ho kaa basketbɔll kuo ho; nanso ɔfaa adesua gyaa agorɔdie.[4]

Wɔ 1979 mu no ɔhyɛɛ adesua ase wɔ Zagreb Suapɔn mu beaeɛ a ɛkyerɛ mmra, nso ɔgyae sesaa ne beaeɛ no baa beaeɛ a ɛkyerɛ nnipa ne wɔn asetena mu nsɛm wɔ afe 1982, ansa ɔrewie wɔ afe 1985 mu.[5]

Deɛ efiri Josip Manolić, kyerɛ sɛ na ɔyɛ kandifoɔ ma aban asoafoɔ mpanimfoɔ berɛ a Manolić bɛyɛɛ ɔsoafoɔ panin, Karamarko yɛɛ adwuma maa ɔman ahobammɔfoɔ amammuo (UDBA), kokoam apolisefoɔ ma Yugoslavia. Manolić kaa sɛ Karamarko yɛɛ adwuma maa UDBA ɛfiri sɛ na nkurofoɔ bi ahunu no sɛ ɔde ne ho ahyɛ awudifoɔ dwumadie bi mu ma wɔpɛ sɛ wɔde abɔnten. Karamarko saman Manolić maa libel fa Manolić's anototoɔ nhyiam ma Nacional, nanso wɔsane Manolić ti wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunwɔtwe mu (2018) berɛ a adanseɛ firii, Krunislav Olujić, a ɔbɛdaa no adi sɛ ɔmanpanin Franjo Tuđman kaa sɛ Vladimir Šeks ne Karamarko yɛɛ adwuma maa kokoam apolisefoɔ anasa ka-bi-ma-menka bi amammuo reba ne dea efiri afoforɔ hɔ bae.[6]

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔ afe apem ahankron aduowɔtwe nkron (1989) mu no, na Karamarko ka nnipa ahodoɔ a wɔtee amanyɔkuo a wɔfrɛ no sɛ Croatian Democratic Union[7] a ɛwɔ Zagreb. Ansa na wɔreto aba ɛdi ayi Franjo Tuđman ama no abɛyɛ manpanin no, Karamarko de ne mmoa boaa Marko Veselica anaa Vlado Veselica.[8] Ankyɛ biara, Karamarko hyiaa HDZ kuo ba a wagye din yie paa baako, Vice Vukojević a ɔde no kɔɔ HDZ dwabɔ a ɛdi kan.[9]Karamarko ne HDZ ayɔnkofa no nti, ɛboaa no maa ɔtumi ne ne kurom foɔ sane nso nyaa nkitaho bio, ɛhɔ na ɔde akodeɛ a Croatia foɔ a watu abɛtena hɔ no tɔeɛ no bɛwuraa kuro no mu.[10] Wɔ afe apem ahankron aduokron baako (1991) mu no, berɛ a wɔne Serb Krajina asraafoɔ kɔko wieɛ no, Karamarko hyɛɛ aseɛ pɛɛ baabi pa de maa Croatian tɔkɔtenafoɔ no nyaa baabi de wɔn tiri toeɛ, ɛno na ɛboaa no yie maa ɔbɛgyee din yie pa ara wɔ Zadar hɔ nom.[11]

Beaɛ a menyaa mmoa firii[sesa]

  1. https://www.bbc.com/vietnamese/vietnam-48326128
  2. 2.0 2.1 https://www.sabor.hr/en/members-parliament/karamarko-tomislav-7-term
  3. https://vov.vn/chinh-tri/quoc-hoi/trinh-quoc-hoi-mien-nhiem-chu-tich-nuoc-truong-tan-sang-495253.vov
  4. http://www.vecernji.hr/vijesti/karamarko-ne-tajim-razvod-kosor-rado-bih-se-zaljubila-ali-clanak-408910
  5. "Archive copy". Archived from the original on 2012-06-24. Retrieved 2022-02-20. {{cite web}}: Unknown parameter |dead-url= ignored (help)CS1 maint: archived copy as title (link)
  6. https://www.nacional.hr/manolic-nije-oklevetao-karamarka-vezano-za-udbu/
  7. https://www.politico.eu/person/tomislav-karamarko/
  8. https://www.politico.eu/person/tomislav-karamarko/
  9. https://en.wikipedia.org/wiki/Tomislav_Karamarko#cite_note-Vecernji2-1
  10. https://hr.linkedin.com/in/tomislav-karamarko-65385664
  11. https://en.wikipedia.org/wiki/Tomislav_Karamarko#cite_note-Dnevno-2