Tayanna

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Tayanna
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipUkraine Sesa
name in native languageТетяна Михайлівна Решетняк Sesa
given nameTetiana Sesa
family nameReshetnyak Sesa
pseudonymTAYANNA Sesa
date of birth29 Ɛbɔ 1984 Sesa
place of birthChernivtsi Sesa
siblingMisha Marvin Sesa
languages spoken, written or signedUkrainian, English, Russian, Polish Sesa
occupationactor, singer, composer, television presenter Sesa
work period (start)2006 Sesa
participant inHolos Krayiny Sesa
instrumentvoice Sesa
genrefolk rock, soft rock, electronic music Sesa
record labelBest Music Sesa

Tetyana Mykhaylivna Reshetnyak (About this soundpronounciation of "Tayanna" ) wɔwoo no ɛbɔ bosome da a ɛtɔ so aduonu nkron wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nan nom) Tayanna, yɛ Ukraine nwomtonii,sinitwani ne obi a ɔtwerɛ nnwom.[1][2]

NE HO ASƐM[sesa]

N'abrabɔ ahyeaɛseɛ

Wɔwoo Reshetnyak wɔ kuro a ɛwɔ Chernivtsi Wɔdii mfɛ nnwɔtwe na n'awofoɔ ma no kɔɔ anwomtofoɔ sukuu, nanso ɔgyae sukuu mfeɛ mmienu akyire mu.[3][4] Ɔdii mfeɛ aduasa no Tatiana hyɛaseɛ sua sɛdeɛ yɛde nne di dwuma wɔ nwomtoɔ mu, ɔdiikan de ne ho bɔɔ kuo bi ɛno akyire na ɔtee ne ho.Berɛ a Tayanna ɔrekɔ Lviv wɔ mfeɛ mpem mmienu ne baako nom no, ɔnyaa akwanya too dwom wɔ ne kuo nom wɔ berɛ na Pope John Paul II wɔ hɔ.Dwuamadie a ɛdikan a ɔkɔ yɛeɛ yɛ akwantuo a ɔtu kɔɔ Skadovsk berɛ a wɔrebɛdi afahyɛ agorɔ, ɛhɔ na ɔtɔɔ so mmiɛnsa. Tayanna nua mmarima yɛ mmiɛnsa,[5] [6]ntaafoɔ mmienu a wɔn yɛ dɔkɔdɔkɔ nnoɔma,ɛna baako nso to dwom ɛne Misua Marvin a ɔto dwom a nkurɔfoɔ nim no paa wɔ Ukraine. N'awofoɔ din de Natalia ne Aberɛ a Tatyana di mfeɛ du nnwɔtwe no, ɔwaree ɔbi a ɔde sini ba abɔnten a wagye din paa a yɛfrɛ no Dmitry Klimashenko.

Mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe (2008) de kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne du baako (2011):Hot chocolate

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe nom no, Tatyana kɔkaa Hot chocolate (Горячий Шоколад) mma kuo no ho. Mfeɛ mmiɛnsa a ɔwareeɛ akyire no ɔyɛɛ n'adwene sɛ ɔbɛgyae Dmitry Klimashenko awareɛ. Dmitry annye ne nsusuiɛ no anntom nti ɔyii Tatyana firii mmaa kuo nom hyɛɛ no sɛ ɔntua America sika mpem aduonum (50,00$).[7][8][9]

Mfeɛ mpem mmienu ne du nan(2014) de kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne du nsia(2016): The voice of Ukraine.

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nan mu no, Reshetnyak de ne ho hyɛɛ "The voice of Ukraine" a ɛtɔ so nan no mu (Голос країни) nanso nea ɛkɔyɛeɛ ne sɛ wɔn a wɔkyerɛkyerɛ wɔ no annnane wɔn nkonwa no. Wɔ afe korɔ noa ara mu no, ɔde ne nwom "Znayu i veryu (Знаю и верю)" ahwɛgorɔ baa abɔten. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du num(2015) mu no, ɔsane kɔɔ "The voice of Ukraine", ɛhɔ na ɔmaa akyerɛkyerɛfoɔ no nyinaa danee wɔn nkonwa wɔ berɛ a ɔreto Ukraine nwom"Kray miy ridnyy kray (Край мій рідний край)".Tatiana yii Potap sɛ obi a ɔbɛkyerɛkerɛ no wɔ ne nwomtoɔ mu ɛna ɛmaa no duru akansie no a ɛtɔ so num no mpɔmpɔnsoɔ, ɛhɔ na Anyin Kopitin a ɔwɔ akansie no a ɛtwatoɔ nom no dii ntwo.[10]

Ɛfiri mfeɛ mpem mmienu ne du nson(2017) de bɛpem nnɛ.

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson (2017) mu no, Tayanna wiee Ukraine Vidbir 2017 wiase mu nnipa a wɔyii wɔn kɔɔ Eurovisionsong contest 2017 a ɔtoo nnwom "I Love You". Ɛwom sɛ nea ɛdikan no ɔne O.Torvald nyaa mma pɛ deɛ, nnipa anto aba amma nowɔ kasa mfoni no nti wanntumi annyina Ukraine anan mu annkɔ Eurovison 2017 no bi. [11]obubuo bosome a ɛtɔ so du nson wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson (17 Nov,2017), ɔde ne nnwom "Trymay mene (Тримай мене)", a ɔne Alan Badoev ka bomm yɛeɛ no baa abɔten. Na ne album no kurw nnwom nson wɔ Ukraine. Wɔ ɔpɛnimaa bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson mu no, Tayanna kɔdaa ne nnwom "skoda (Шкода) wɔ Ukraine music show M1Music Awards 2017 afe mu ɛna ɔdii nkunim wɔ"Proryv (Прорив року)" wɔ afe no mu nyinaa. Wɔ ɔbɛnem bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nnwɔtwe mu no, de ne ho kɔkaa Vidbir 2018 a ɔtoo "Lelya(Леля)" mu a ɛtɔso mmienu a ɔpere sɛ ɔbɛgyina hɔ ama Ukraine wɔ Eurovision ne mpaninfie so. Ɛwɔm sɛ na nnipa pii noa pɛsɛ ɔdi nkunim deɛ, nanso ɔdii ntwo wɔ aberɛ a Melovin de aba baako dii ne so nkunim.[12]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nnwɔtwe mu no, ɔkɔɔ Ukraine nsrahwɛ. Wɔ kɔtonimaa bosome da a ɛtɔ so du nkron mu no, yɛtoo nsa frɛɛ no maa no kɔɔ dwumadie bi a na wɔredi no wɔ Golden Firebird Awards, ɔhɔ na ɔnyaa 'clip of the year" ne nwomtonii a ɔyɛɛ adeɛ wɔ afe no mu nyinaa. Wɔ ɔpɛnimaa bosome da a ɛtɔ so du no, na ɔyɛ ɔhɔhoɔ a ɔda mu soronko wɔ woman of the third millennium abasobɔdeɛ, ɛhɔ na ɔtoo ne nwom foforɔ "Fantastychna zhinka (Фантастична жінка)" ɛna ɔnyaa abasobɔdeɛ wɔ yi a wɔyii no no.

Obubuo bosome nom wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nnwɔtwe mu no Tayanna kaa sɛ ɔbɛbɔ mmɔden biara sɛ ɔbɛtumi agyina mu ama Ukraine wɔ Eurovision nwom akansie nom. Wɔ ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so du wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nkron mu no, ɔde nwom 'Ochi(eyes) dii nkunim kɔɔ Vidbir afe mpem mmienu ne du nkron (2019) semi-finals . Wɔ ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so aduonu mmienu no, Tayanna bɔɔ dawuro faa ne abɛɛfo ntentan a ɔwɔ nyinaa so sɛ ɔntumi ntoa so wɔ nnipa a Ukrainefoɔ reyi wɔn ama wɔn akɔdi dwuma no. Wɔ ɔgyefoɔ bosome da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔde ne nwom foforɔ a anka ɔbɛda no adi wɔ Eurovision song contest 2019 akansie wɔ Tel Aviv,Israel a anka ɔbɛgyina mu ama Ukraine no ase no baa abɔnten. [13]Kɔtɔnimaa bosome nom wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu baako nom no, wɔfaa no adi sɛ ɔno na ɔyɛ Ukraine kasamafoɔ ma mfeɛ mpem mmienu ne du baako Eurovision song contest no, ɔkekanfoɔ ma wɔn a wɔde mma no ba abɔten wɔ ɔman nom wɔ akansie no awieɛ.

Nnwom a apue abɔnten.[sesa]

Studio albums

  • 9 песен из жизни ("9 songs of life") (2016)
  • Тримай мене ("Hold me") (2017)


EPS

.TAYANNA. Портреты ("Portraits") (2016)

Singles

  • "Я или она" ("Me or she") with Lavika (2014)
  • "Только Ты" ("Only You") (2014)
  • "Самолёты" ("Airplanes") (2014)
  • "Обними" ("Hug") (2014)
  • "Любви больше нет" ("There is no more love") (2014)
  • "Знаю и верю" ("I know and believe") (2014)
  • "Забудь" ("Forget") (2014)
  • "Если ты ждёшь" ("If you're waiting") (2014)
  • "Дышим" ("Breathe") (2014)
  • "Pretty Lie" with Lavika (2014)
  • "I Am the One" (2014)
  • "Да!" ("Yes") (2015)
  • "9 жизней" ("9 lives") (2015)
  • "Осень" ("Autumn") (2016)
  • "I Love You" (2017)
  • "Шкода" ("It's a shame") (2017)
  • "Квітка" ("Flower") (2017)
  • "Леля" ("Lelya") (2018)
  • "Фантастична жiнка" ("Fantastic woman") (2018)
  • "Очі" ("Eyes") (2019)
  • "Як плакала вона" ("How she cried") (2019)
  • "Мурашки" ("Creepy") (2019)
  • "Ейфорія" ("Euphoria") (2020)
  • "Жіноча cила" ("Female strength") (2020)
  • "Плачу і сміюся" ("I cry and laugh") (2020)
  • "Вийди на свiтло" ("Come to light") (2020)
  • "100 днiв" ("100 days") (2020)

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. "Тетяна Решетняк". kino-teatr.ua (in Ukrainian). Retrieved 23 February 2019.
  2. https://kino-teatr.ua/uk/person/reshetnyak-tatyana-12460.phtml
  3. "TAYANNA: 10 Interesting facts about her and the final return to the Eurovision 2018" (in Ukrainian). Archived from the original on 21 February 2018. Retrieved 23 February 2019.
  4. https://web.archive.org/web/20180221044751/https://showmania.novy.tv/ua/news/2018/02/20/tayanna-10-tsikavih-faktiv-pro-finalistku-natsvidboru-na-yevrobachennya-2018/
  5. https://web.archive.org/web/20180221045542/https://ukr.segodnya.ua/lifestyle/showbiz/tayanna-rasskazala-ob-uhode-iz-gruppy-goryachiy-shokolad-1050739.html
  6. "TAYANNA: talking about her withdrawal from the group "Hot Chocolate"" (in Ukrainian). Archived from the original on 21 February 2018. Retrieved 23 February 2019.
  7. https://ktelegram.com/tayanna-told-about-the-relationship-with-a-married-producer-and-called-the-name-of-the-father-of-your-child-24-channel/39477/
  8. "Tayanna told about her relationship with a married producer". ktelegram.com.
  9. https://web.archive.org/web/20180221045542/https://ukr.segodnya.ua/lifestyle/showbiz/tayanna-rasskazala-ob-uhode-iz-gruppy-goryachiy-shokolad-1050739.html
  10. "Final Show "The Voice of Ukraine – Season 5" Emotions and unique Tina Karol (19 photos)" (in Ukrainian). Retrieved 23 February 2019
  11. "Trymay mene: New album by Tayanna"
  12. Macgillivray, Lynn. "Mélovin chosen to represent Ukraine at Eurovision 2018". celebmix.com.
  13. Petersen, Christian. "Ukraine: Tayanna withdraws from Vidbir 2019". eurovisionworld.com. Retrieved 23 February 2019