Stephen Jalulah

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Stephen Jalulah
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameStephen Sesa
date of birth22 Ahinime 1974 Sesa
place of birthSaboba Sesa
languages spoken, written or signedEnglish, Bono Sesa
occupationAmanyɔni Sesa
position heldMember of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Stephen Pambiin Jalulah yɛ Ghana amanyɔni na ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Pru West mmarahyɛbadwam mpɛsoa a ɛwɔ Bono Apueeɛ mantam mu wɔ Ghana. Mprempren, ɔyɛ Ɔmanpanyin Abadiakyiri a ɔhwɛ akwan ne akwan akɛse (Deputy Minister for Roads and Highways) so bere a Nana Akufo-Addo kaa ne ntam akyi.

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo no Ahinime bosome da ɛtɔ so aduonu mmienu (22), afe 1974 na ɔfiri Saboba a ɛwɔ Ghana Atifi fam mantam mu. Onyaa ne GCE Ordinary Level wɔ General Science mu wɔ afe 1992 mu na onyaa ne GCE adansedie krataa (GCE Ordinary Level) wɔ Dwadie mu wɔ afe 1994. Ɔsan nso nyaa ne GCE adansedie krataa (GCE Advance Level) wɔ Dwadie mu wɔ afe 1996. Ɔsan nyaa ne abodin krataa wɔ Sikasɛm ne Sikakorabea (Degree in Finance and Banking) wɔ afe 2003 mu na ɔsan nso nyaa ne abodin krataa wɔ mmara mu (bachelor’s degree in law) wɔ afe 2014. Ɔsan nso nyaa ne abodin krataa wɔ aguadi mu (master’s degree in marketing) wɔ E-Commerce wɔ afe 2011 mu.[1]

Adwuma[sesa]

Na ɔyɛ Ɔmantam Panyin (District Chief Executive) wɔ Mpɔtam Aban Dwumadibea (Ministry of Local Government) ma Pru West mmarahyɛbadwam mpɛsoa no ne Pru Mansin no nso. Na ɔsan yɛ Ɔmantam Akwahosan Nsiakyibaa Dwumadibea (National Health Insurance Authority) no Ɔmantam sohwɛfo (District Manager).[1]

Amanyɔsɛm mu adwuma[sesa]

Stephen yɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (New Patriotic Party) muni na mprempren ɔyɛ Pru West mmarahyɛbadwam mpɛsoa no Mmarahyɛbadwani.[4] Odii nkonim wɔ mmarahyɛbadwa no mu a onyaa amba 16,606 a onyaa abatoɔ no nyinaa mu 56.7% berɛ a Masawud Mohammed a ɔdi tumi seesei no nyaa amba 12,671 a onyaa abatoɔ no nyinaa mu 43.3%.[5] Mprempren, ɔyɛ Ɔsoafoɔ Abadiakyiri a ɔhwɛ akwan ne akwan akɛse so (Deputy Minister for Roads and Highways).[6][7][8][9]

Boayikuw ahorow[sesa]

Stephen yɛ Asɔremma a Wɔkura Mfaso Boayikuw no Dwumadibea ahorow (Members Holding Offices of Profit Committee) no muni na ɔsan yɛ Adwumayɛ ne Adan Boayikuw no muni (member of the Works and Housing Committee).[1]

N'asetra mu[sesa]

Stephen yɛ Kristoni