Stephen Amoanor Kwao

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Stephen Amoanor Kwao (wɔwoo no 12 September 1951) yɛ Ghana nhomasua ho nimdefo ne ɔmanyɔni . Ɔyɛ kan mmrahyɛbaguani ma Upper Manya mantam no na ɔyɛ Ɔman Soafo wɔ Ghana Ɔmampanyin Dwumadibea . Ɔsan nso yɛ obi a na anka ɔyɛ Ghana Nhomasua adwuma no kwankyerɛfo abadiakyiri ne kan ɔman kyerɛwfo wɔ National Democratic Congress nso. Ɔsan yɛ kan ɔsomfo a ɔhwɛ Adwumayɛ ne Asetra mu Yiyedi so.

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Stephen Kwao wɔ 12 September 1951 wɔ Akrusu Saisi, kuro bi a ɛwɔ Manya Krobo Mantam mu wɔ Ghana Apuei Fam mantam mu . Ne mfitiaseɛ nwomasua wɔ Akrusu Saisi Roman Katolek Mfitiaseɛ Sukuu ne Asesewa Roman Katolek Mfinimfini Sukuu. Ne ntoaso sukuu wɔ Saint Martin Ntoaso Sukuu a ɛwɔ Adoagyiri-Nsawam baabi a onyaa General Certificate of Education Ordinary Level wɔ afe 1971 mu. Na n’akyerɛkyerɛfo ntetee titiriw no wɔ Mount Mary Training College a ɛwɔ Somanya-Krobo wɔ Apuei Fam Mantam mu. Afei ɔkɔɔ nea mprempren wɔfrɛ no Nhomasua Sukuupɔn, Winneba wɔ 1992 ne 1996 ntam hɔ, na onyaa nhomasua ho adansedi krataa. Owiee Bachelor of Education abodin krataa wɔ 1999 mu wɔ saa sukuu koro no ara mu.

Nhomasua adwuma[sesa]

Stephen Kwao yɛ sukuu panyin boafo wɔ Asesewaa Roman Katolek sukuu ahorow mu wɔ 1977 ne 1985 ntam hɔ. Ɔbɛyɛɛ Asesewa Roman Catholic Complex Junior Secondary School no panyin wɔ 1987 ne 1992 ntam hɔ. Bere a owiee ne nhomasua ho adansedi krataa no, ɔkyerɛɛ ade wɔ Krobo Mmabaa Ntoaso Sukuu mu mfe abien. Wɔ 1999 mu no, ɔbɛyɛɛ Dzomoa Roman Katolek Mmofra Ntoaso Sukuu no panyin boafo. Akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔkwankyerɛfo abadiakyiri wɔ Ghana Nhomasua Dwumadibea .

Amanyɔsɛm[sesa]

Kwao bɛyɛɛ nnam wɔ akuw amammuisɛm mu fi bere a Republic a ɛto so anan no fii ase. Ɔyɛ Ɔman Demokrasi mmrahyɛbagua (NDC) no amansin guamtrani wɔ afe 1992 ne 1993 ntam Ɔde NDC tekiti sii akan wɔ afe 2000 Ghana mmrahyɛbagua abatow no mu, na odii nkonim 8,644. Ɔdii nkonim wɔ n’akongua mu wɔ December 2004 abatoɔ no mu a ne nyinaa yɛ 15,764 a ɛyɛ 60.90% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu. Ɔkɔɔ so kuraa n’akongua so bio wɔ afe 2008 Ghana amansan abatoɔ no mu a ne nyinaa yɛ 14,398 a ɛyɛ 66.87% wɔ abatoɔ a wɔtoo no nyinaa mu. Wɔ afe 2009 mu no, Ɔmampanyin Mills paw Kwao sɛ Ɔmanpanyin a ɔhwɛ Adwumayɛ ne Asetra mu Yiyedi so. Wɔde no kɔɔ Ɔmampanyin Dwumadibea sɛ Ɔman Soafo wɔ aban mpanyimfo nsakrae mu wɔ Ɔpɛpɔn 2010.

Ankorɛankorɛ[sesa]

Stephen Kwao yɛ Kristoni na waware na ɔwɔ mma baanan.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]