Samuel Ayeh-Paye

Ɛfi Wikipedia
Samuel Ayeh-Paye
Member of the Ghana Parliament
for Ayensuano Constituency
Bere
7 January 2009 – 7 January 2021
AnanmusiniTeddy Safori Addi
Ne ho asɛm
Awo bere17 May 1973 (1973-05-17) (age 50)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party

Samuel Ayeh-PayeGhana ɔmanyɛni na na ɔyɛ Ghana Ɔmanpanin a Ɛto so Anan no Mmarahyɛ Badwa a Ɛto so Nson no muni a ɔgyina Ayensuano Mpɛsua a ɛwɔ Apueeɛ Fam Mantam no anan mu wɔ Ɔman Ho Kuo Foforo no tekiti so.[1]

Mfitiaseɛ abrabɔ[sesa]

Wɔwoo Samuel Yawoda, Kɔtɔnimaa bosome da a ɛtɔ so du-nson wɔ afe apem ahankron aduoson mmiɛnsa (17 May 1973) na ɔfiri Aburi, Ghana Apueeɛ Mantam.[2]

Nwomasua[sesa]

Ɔwɔ HND[3] wɔ Accra Polytechnic a ɛwɔ Accra (mprempren Accra Technical University ) a ɛwɔ Accra, Ghana.[1] Ɔsan nso nyaa MVM nteteɛ firii Accra Technical Training Center (ATTC) a ɛwɔ Accra, Ghana,[1] ne adansedie krataa wɔ Indian Institute of Management Studies wɔ India[2]

Adwumayɛ[sesa]

Efiri afe apem ahankron aduokron nkron de kɔsi mfeɛ mpem mmienu (1999 - 2000), Ɔyɛ akwantufoɔ sohwɛfoɔ wɔ Accra Metropolitan Assembly a ɔyɛ adwuma wɔ Waste Management Department[1] Ɔbɛyɛɛ adwumayɛbea sohwɛfoɔ firi mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa de kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne nnum (2003 - 2005) wɔ Metro Mass Transit wɔ Ghana.[1] Ɛfiri hɔ no ɔbɛyɛɛ mfiridwuma sohwɛfoɔ boafoɔ firi mfeɛ mpem mmienu ne nnum de kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe (2005 - 2008) wɔ DVLA wɔ Ghana.[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Wayɛ mmarahyɛ badwa a ɛtɔ so num (5), nsia (6) ne nson (7) wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nan (4th Republic)[4] ayɛ mmarahyɛ badwa no muni firi mfeɛ mpem mmienu ne nkron kɔsi mfeɛ mpemmienu ne aduonu baako (2009 - 2021).[1]

Sɛ́ kan DVLA panin no, wakasa wɔ Mmarahyɛ Badwa no mu afa hia a ehia sɛ wɔyɛ akwan so ahobammɔ ho nhyehyɛeɛ pa ho.

Ɔbɛnem bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson (March 2017) mu no, ɔfrɛɛ sɛ wɔmfa Upper Chamber a wɔapaw no nsi Ɔman Badwa no ananmu.[5]

N'ankasa Abrabɔ[sesa]

Samuel aware a ɔwɔ mma nnan.[2]

Mmeaeɛ Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 1.5 1.6 Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-01
  2. 2.0 2.1 2.2 MPs (in American English), retrieved 2023-10-01
  3. Samuel Ayeh-Paye, Biography, retrieved 2023-10-14
  4. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-01
  5. Rodrigo Sandoval-Almazan, Andrea Kavanaugh, J. Ignacio Criado, ed. (2021-12-06), "List of contributing reviewers 2021**Retrieved August 30, 2021.", Information Polity, vol. 26, no. 4, pp. 549–549, doi:10.3233/ip-219010, ISSN 1570-1255, retrieved 2023-10-01{{citation}}: CS1 maint: multiple names: editors list (link)