Aburi Nnua Turo Ahorow

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

'Bold text'Aburi Botanical GardensBold textturo bi a ɛwɔ Aburi wɔ Ghana Apuei fam mantam mu

Turo no kɛseɛ bɛ yɛ sɛ (Hectares) aduosia nan ne akyiripɔ nwɔtwe (64.8) Wɔ Ɔbɛnem bosome no mu wɔ afe aha nwɔtwe ne aduokron (March, 1890 ) no mu na wɔn bue saa turo yi ano na Amerado William Brandford-Griffith ne ɔyaresafoɔ John Farrell Easmon a ɔyɛ Sierra Leonni ɔyaresafoɔ na wɔn de tee saa turo yi.[1] Ansa na wɔde turo yi resi hɔ no, na ɛhɔ na wɔsisi ayaresabea bi a wɔsii maa Gold Coast aban mu mpaninfoɔ wɔ afe apem aha nwɔtwe ne aduoson num (1875 ) no mu. Wɔ ,William Brandford-Griffith, Basel ɔsankapafoɔ amamuo mu no ɔne Jamaica Moroviani Alexander Worthy Clerk amrado bere so no, wɔn na ɔhwɛɛ maa asaase a na atwa ayaresabia no ho ahyia no so daa hɔ maa wɔn hyɛɛ Afifideɛ Dwumadibea no ase.[2] Wɔ afe apem aha nwɔtwe ne aduokron (1890) mu no, wɔpaw William Crowther, adesuani bi a na ofiri Royal Botanic Gardens sɛ turo no sohwɛfoɔ a odi kan. [3]Turo no dii dwuma a ɛho hia paa ara na ɛhyɛɛ wɔn a ɛdua kokoo anaa sɛ ɔyɛ kokoo ho adwuma no nkuran ne titire paa ne wɔn a ɛwɔ Ghana Atoeɛfamfoɔ. , ɔnamso kyekyɛɛ kokoo nnua nketoa a ne boɔ nyɛ den na ɔkyerɛɛ wɔn abodeɛ mu nyansahunu kwan a yɛ fa so yɛ kua.[4] Bere a wɔde Hevea Brasiliensis firii Kew kɔɔ Aburi wɔ afe apem aha nwɔtwe ne aduokron mmiensa (1893 ) akyire mu no, turo kɔɔso ara hyɛɛ nkrɔfoɔ nkuran wɔ rɔba nnua a yɛfrɛ no paalaa dua nnus mu wɔ Ghana.[5]

  1. The Beautiful Aburi Botanic Garden of Ghana (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2023-07-01 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  2. Fiarfield House [sic], Jamaica-Aburi (Fairfield House) - BM Archives, retrieved 2023-07-01
  3. https://tools.bgci.org/garden.php?id=1246?id=1246, retrieved 2023-07-01 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  4. Kwamina B. Dickson, A Historical Geography of Ghana, 1969, Cambridge University Press, p. 166. J. H. Frimpong-Ansah, The Vampire State in Africa: The Political Economy of Decline in Ghana, 1992, Africa World Press, p. 123.
  5. Kees Burger, Hidde P. Smit, The Natural Rubber Market: Review, Analysis, Policies and Outlook, 1997, Woodhead Publishing, p. 213.