Rockson-Nelson Dafeamekpor

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Rockson-Nelson Dafeamekpor
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
date of birth9 Ɔpɛnimma 1976 Sesa
native languageEwe Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, tutor, lawyer Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atUniversity of Cape Coast, University of Ghana, Ghana School of Law Sesa
academic degreeBachelor of Science, Bachelor of Laws, Master of Laws Sesa
member of political partyNational Democratic Congress (Ghana) Sesa
candidacy in election2016 Ghanaian general election, 2020 Ghanaian general election Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Rockson-Nelson Etse Kwami DafeamekporGhanani amanyɔni a ɔka Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtɔ so nson (7) no ho wɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no mu, ɔno na ɔyɛ ananmusini de ma Anafoɔ Dayi mmarahyɛbadwam mpɛsoa no so a wɔwɔ Volta mantam no mu. Amannyɔkuo a ɔdɔm a ɛnam wɔn so maa ɔkɔpue mmarahyebadwam no ne Kyiniiɛ amannyɔkuo National Democratic Congress. Ɔyɛ Ghanani amanyɔni a ɔyɛ Mmarahyɛbadwani a ogyina Anafoɔ Dayi Mmrahyɛbadwam mpɛsoa wɔ Volta Mantam mu. Ɔyɛ Ɔman Demokrasi Mmrahyɛ Badwa (National Democratic Congress) no muni.[1]

Ne mmofraase abrabɔ ne nhomasua[sesa]

Dafeamekpor nyaa B.Sc. abodin krataa wɔ nsrahwɛ mu (B.Sc. degree in tourism) wɔ Cape Coast Suapɔn (University of Cape Coast) mu. Ɔsan nso wiee LL. B. wɔ Ghana Suapɔn (University of Ghana) mu. Ɔkɔɔ Ghana Mmara Sukuu (Ghana School of Law) mu baabi a ɔfatae sɛ Mmara Mmaranimfo (Barrister-at-Law).[1]

Adwuma[sesa]

Ansa na ɔrebɛyɛ Mmrahyɛbadwani no, na Dafeamekpor yɛ Ɔpanyin a ɔne no yɛ adwuma (Senior Associate) wɔ Hayibor, Djarbeng ne Adwumakuo mmra adwumayɛbea a ɛwɔ Kokomlemle, Nkran (Accra) kurotia (suburb of Accra).[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Berɛ a ɛdi kan a ɔde kɔɔ mmarahyɛbadwam hɔ yɛ afe mpem mmienu ne du nsia (2016) abatoɔ no mu na ɔdii nkunim. Berɛ a abatoɔ no nyinaa baa n'awieɛ no na wanya mma no mu ɔha mu nkyekyɛmu aduoson baako ne akyiripɔ aduanan nan (71.44%) afiri mma dodoɔ a wɔtoo no wɔ saa mpesua no so no.[2][3][4]

wɔ afe mpem mmienu ne aduonu (2020) abatoɔ no mu no nso, ɔbɔɔ ne ho mmɔden dii nkunim bio, abatoɔ no baa n'awieɛ no na wanya mma no ɔha mu nkyekyɛmu aduoson mmienu ne akyiripɔ nson (72.7%).[5][6]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Dafeamekpor yɛ Kristoni na waware na ɔwɔ mma baanan (4).[1]

Akwanhyia[sesa]

Ɔsanaa bosome da ɛtɔ so dunan (14) afe 2021 mu no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ onyaa akwanhyia wɔ Aveyime kwan so wɔ Volta mantam mu. Wɔkyerɛe sɛ ne kar no kɔɔ fam mprenu bere a Kia lɔre bi twaa ne nanmusifo no na ɛbɔɔ ne kar no.[7][8] Akyiri yi woyii no fii Asraafo Ayaresabea a ɛwɔ 37 (37 Military Hospital) no mu bere a wɔmaa no ayaresa no.[9][10]

Ntotoho[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 "Ghana MPs - List of MPs". www.ghanamps.com. Retrieved 2019-02-15.
  2. "Electoral Commission of Ghana - Detailed Parliamentary Election Results - Date of Election :- 7th & 8th December 2016" (PDF). Official website. Accra: Electoral Commission of Ghana. 27 December 2016. p. 27. Archived (PDF) from the original on 26 October 2020. Retrieved 15 December 2020.
  3. "Parliamentary Results for South Dayi". ghanaweb.com. GhanaWeb. Archived from the original on 4 September 2019. Retrieved 15 December 2020.
  4. Lublin, David. "Election Passport". electionpassport.com. American University. Retrieved 15 December 2020.
  5. "2020 Election - South Dayi Constituency Results". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 15 December 2020.
  6. "Parliamentary Results for South Dayi". www.ghanaweb.com. Retrieved 15 December 2020.
  7. "South Dayi MP escapes death in accident - MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com (in American English). Retrieved 2021-08-16.
  8. "Rockson Dafeamekpor involved in near-fatal accident in Volta Region". GhanaWeb (in English). 2021-08-14. Archived from the original on 2023-04-29. Retrieved 2021-08-16.
  9. "Rockson Dafeamekpor discharged from Hospital after Saturday's car crash". Citinewsroom - Comprehensive News in Ghana (in American English). 2021-08-15. Retrieved 2021-08-16.
  10. "Rockson Dafeamekpor safe, discharged from hospital after accident". GhanaWeb (in English). 2021-08-15. Archived from the original on 2023-04-29. Retrieved 2021-08-16.