Rita Akosua Dickson

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Rita Akosua Dickson
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameRita Sesa
date of birth1 Ɔsanaa 1970 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationpharmacist, academic Sesa
position heldvice chancellor Sesa
educated atKing's College London, Kwame Nkrumah University of Science and Technology, Wesley Girls' High School Sesa
academic degreeBachelor of Science, Master of Pharmacy Sesa
academic majorpharmacy, pharmacognosy Sesa
award receivedCommonwealth Scholarship and Fellowship Plan Sesa

Rita Akosua Dickson (wɔwoo no ɔsanaa bosome da a ɛdikan wɔ afe apem ahankron ne aduoson mu) yɛ Ghana phytochemist ne ɔbaa a ɔdikan a wɔyii no ma no bɛyɛɛ Vice chancellor maa Kwame Nkrumah University of Science and Technology.[1][2]

N'abrabɔ ne nnwomasua.[sesa]

Ɔkɔɔ St. Monica's ntoasoɔ sukuu wɔ Mampong-Ashanti ɛhɔ na ɔsuaa GCE Ordinary Level nsɔhwɛ, ɛno akyire na ɔkɔɔ Wesley Girl's ntoasoɔ sukuu wɔ Cape-Coast, kɔsuaa GCE Advanced Level nsɔhwɛ. Ɔwiee ne Bachelor degree wɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology a Ɔsuaa Pharmacy wɔ afe apem ahankron ne aduokron nkron. [3][4][5]Ɔnyaa PhD wɔ Pharmacology firii King's College London wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nson mu.[6]

Nnwuma[sesa]

Dickson hyɛɛ n'adwuma ase sɛ ɔkyerɛkyerɛni wɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology wɔ mfeɛ mpem mmienu. Aberɛ a ɔkɔɔ UK sɛ ɔkɔtoa n'adesua so no, ɔsane baa Ghana wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nson mu bɛtoa n'adekyerɛ wɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nkron mu no, wɔmaa no so kɔɔ ɔkyerɛkyerɛni panin diberɛ ɛna ɛno akyire no ɔkunini wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nan. Wɔ Ɛbɔ bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nnwɔtwe mu no, ɔno ne ɔbaa a ɔdikan a wɔyii no sɛ ɔmmɛyɛ pro Vice-Chancellor mma Kwame Nkrumah University of Science and Technology mma saa diberɛ no.[7] [8]Wɔyii no akyire no na ɔsane yɛ dean ma suapɔn no nkorabata baako a wɔfrɛ no faculty of Pharmacy and Pharmaceutical Sciences.[9] [10]Dickson somm sɛ ekuoba a ɔka wɔn a wɔtoo nnoo wɔ Pharmacy and Pharmaceutical society wɔ Ghana.[11][12] [13]Wɔ Ayɛwohommumɔ bosome no da a ɛtɔ so aduonu num wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu no Kwame Nkrumah University of Science and Technology daa no adi sɛ ɔno me ɔbaa a ɔdikan a wayi no ama no abɛyɛ vice chancellor wɔ suapɔn no mu a ɛhyɛɛ aseɛ wɔ ɔsanaa bosome a ɛdikan wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu mu. Ɛwɔ sɛ ɔsom mfeɛ nan.[2]

Ɔyɛɛ adwuma sɛ Phytochemist a ɔfaa baeɛ a ɛfa abɔdeɛ nnoɔma ho a ɛbɛboa ama wasa nyarewa a ɛtumi sae ne nea ɛntumi nsae nyinaa.[14]

Nhwehwɛmu[sesa]

Dickson yɛɛ nhwehwɛmu faa nnoɔma a wɔnya firii Ghana nnua mu, a ne titire ɔgyinaa nnoɔma a ɛnsae ho, nnoɔma a ɛma kuro wu, nea ɛmma egya hyehyeɛ mma, anti-pyretic ne nnoɔma a ɛmfa asikyire yareɛ mma ho a ɔgyinaa ne nnuro bi a wɔde di dwuma ho.

N'abrabɔ Ankasa[sesa]

Waware Nana Dickson a wɔm wɔ mma nan. Ɔyɛ kristoni a ɔkɔ asɔre wɔ Grace Baptist, Amakom a ɛwɔ Kumase.[15]

Abasobɔdeɛ[sesa]

Wɔmaa Dickson abasobɔdeɛ wɔ Commonwealth Scholarship mu sɛ ɔmfa nkɔsua PhD wɔ King's College, University of London, UK wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa mu.[16]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. Archived copy". Archived from the original on 2020-06-27. Retrieved 2020-06-25.
  2. 2.0 2.1 "Prof. Rita Dickson is KNUST's first female Vice Chancellor". Graphic Online. Archived from the original on 2020-06-25. Retrieved 2020-06-25
  3. 122108447901948 (2018-09-27). "Prof Akosua Dickson appointed first female KNUST Pro VC". Graphic Online. Archived from the original on 2019-10-21. Retrieved 2019-10-21
  4. "Professor Rita Akosua Dickson appointed as Pro-Vice Chancellor of KNUST". The Independent Ghana. 2018-09-27. Retrieved 2019-10-21.
  5. "Inspiring women in the field of pharmacy | Commonwealth Scholarship Commission in the UK". Retrieved 2019-10-21.
  6. https://www.researchgate.net/profile/Rita_Dickson/amp
  7. "Archive copy". Archived from the original on 2019-10-21. Retrieved 2022-03-16.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  8. "KNUST gets first female Pro-Vice Chancellor". Radio Univers 105.7FM. 2018-09-21. Retrieved 2019-10-21.
  9. Professor Rita Akosua Dickson appointed as PRO Vice-chancellor of KNUST". www.ghanaweb.com. Retrieved 2019-10-21.
  10. KNUST appoints first female Pro-Vice Chancellor". www.myjoyonline.com. Retrieved 2019-10-21.
  11. Archive copy, archived from the original on 2023-02-09, retrieved 2022-03-16{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  12. "Archive copy". Archived from the original on 2019-10-21. Retrieved 2022-03-16.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  13. Archive copy, archived from the original on 2023-02-09, retrieved 2022-03-16{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  14. https://www.peacefmonline.com/pages/local/education/201809/364037.php
  15. Online, Peace FM. "KNUST Appoints First Female Pro-Vice Chancellor". www.peacefmonline.com. Archived from the original on 2019-10-21. Retrieved 2019-10-21.
  16. "Professor Rita Akosua Dickson appointed as PRO Vice-chancellor of KNUST". www.ghanaweb.com. Retrieved 2019-10-21