Richard Kwame Sefe

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Richard Kwame Sefe
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameRichard Sesa
date of birth1972 Sesa
occupationAmanyɔni Sesa
position heldMember of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa

Richard Kwame Sefe yɛ Ghanani amannyɔni a ɔka Ghana mmarahyɛbadwakuo a wɔtɔ so nwɔtwe no ho wɔ Ghana kwasafoman a ɛtɔ so nan no mu, ɔno na ɔyɛ ananmusini de ma Anlo abatoɔ mpesua no so a wɔwɔ Frao mantam no mu. Amannyɔkuo a ɔdɔm a ɛnam wɔn so maa ɔkɔpue mmarahyebadwam no ne Kyiniiɛ amannyɔkuo National Democratic Congress.[1] Wɔwoo Richard Kwame Sefe wɔ Ahinime bosome no da a ɛtɔ so du baako wɔ afe apem ahankron aduoson mmienu mu (born 11 October 1972)

Abatoɔ[sesa]

Wɔ afe mpem mmienu ne aduonu (2020) abatoɔ a wɔtoo no wɔ ɔman Ghana mu, ɔgyinaa sɛ wɔnto ne so aba ma ɔmmɛyɛ mmarahyɛbadwani wɔ Kyiniiɛ amannyɔkuo National Democratic Congress din mu. Abatoɔ no nyinaa baa awieɛ no na wanya mma no mu dodoɔ no ara a ɛyɛ mpem aduasa mmienu, ahankron ne aduonu (32,920)[1][2] a ɛnam so maa ɔtumi de dii nkunim. Ɔna na ɔbɛdii owura Clement Kofi Humado a na watena saa mmarahyɛbadwam akonnwa firi ɔpɛpɔn bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne num (2005) no adeɛ.[3]

Adɔeɛ ahodoɔ[sesa]

Wɔ ɛbɔ bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne aduonu baako (2021) mu no, Richard de nnoɔma ahodoɔ a ɛsombo na ɛboa adekyerɛ ne adesua kɔkyɛɛ mfitiaseɛ sukuu ahodoɔ a wɔwɔ Anloga a ɛwɔ Volta Frao mantam no mu wɔ ɔman Ghana.[4]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 Parliamentary Results for Anlo, retrieved 2023-05-21
  2. Peace FM, 2020 Election - Anlo Constituency Results, retrieved 2023-05-21
  3. "Electoral Commission of Ghana", Wikipedia (in English), 2023-03-15, retrieved 2023-05-21
  4. Home | Gna!: Managed Forgejo Hosting (in English), archived from the original on 2015-06-26, retrieved 2023-05-21