Reggie Rockstone

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Reggie Rockstone
Ne ho asɛm
Awo bere
Reginald Yaw Asante Osei

birth date and age
Ne manGhanaGhana
N'adwumaRapping
N'adwumasolo_singer

Reggie Rockstone About this soundpronounciation of "Reggie Rockstone"  yɛ Ghanani a ɔgyee din wɔ ne ndwomtow ho nti.

Wɔwoo Reggie Rockstone Ebɔbira-Oforisuo 11 afe 196?. Wɔwoo no wɔ Ngyiresi Nna ne maame yɛ mother. Ne papa so nna ɔyɛ father. Ɔwarr to in Ne mba yɛ koro pɛ-- ? na %name.

Dea Reggie Rockstone yɛɛ a ɛma ne din terɛw ne sɛ ɔno na ɔyɛe ma kasahare wɔ Ghana ndwom mu terɛwee. Abere no, na ɔyɛ Ɔsɛekurowmu Ɔmampanin. Dea name yɛɛ a ɛma ne din terɛw ne sɛ action. Abere no, na ɔyɛ position.

N'abrabɔ ahyɛase ne ne Ndwowmto mfiase[sesa]

Wɔwoo no wɔ Ngyiresi Abokyi man mu wɔ Oforisuo 11 afe 1964.[1]Ɔde ne ho bɔɔ kuw bi a wɔyɛ Hip Pop ne wɔn nantewee dii asa maa wɔn wɔ afe 1980's mu. ɔtutuu akwan ahorow pii kɔɔ mmeameaɛ maa nkorɔfo huu n'adom akyɛde no. Wɔ afe apem aha nkron aduokron baako 1991 mu no, ne nsoroma pue ma nnipa pii huu no.[2]

Abere a odi kan a nnipa huu no no yɛ Asa bi ɔsai wɔ Nkran, Gaana wɔ afe 1980's mu. Ɛbere a ɔto so abien a nnipa huu no yɛ afe 1992-1993 bere a ɔkɔdom kuw bi a wɔfrɛ wɔn PLZ (Parables, Linguiistics and Zlang) na kuw no mufo nye Fredi Funkstone, Jay (Wɔnfi Afrika atɔei fam) ne DJ Pogo a ɔfi Ngyiresi Abokyi man mu (U.K).[3]Saa kuw yi ndwom a wɔagye din paa nye "Sɛ Ɔnyɛ PLZ a" (If it Aint PLZ) ne Apaawa ne din de "To Ɔfaso Wɔ W'anisoadehu ho" (Build a Wall Around Your Dreams). Wɔ afe 1994 mu no, nkrufo anigye wɔ Kasahare ndwom mu no kɔɔ fom wɔ Ngyiresi Abokyiman mu, nti Reggie Rockstone san n'akyi baa ne man mu wɔ Gaana bɛtoa ne ndwomto no so.

Ne Nkai ne Senea na ne Ndwom no te[sesa]

Na Ndwomto ho nimdeɛ paa. Ɔde borofo ndwom mu nsanku fraa Abibiman mu sanku de yɛɛ ndwom ma no yɛɛ dɛw na ɔsan de pagyaa ne man mu kasa a ɔyɛ Akan kasa (Twi) no mu kɔɔ ekyir. Ne man mu kasa ndwom a na ɔyɛ dɛw na ɛsan gyee baabiara no bi nye "Sweetie, Sweetie", "Toi Boi", "Nightlife in Accra" ne "Agoo" a na ɛwɔ Apaawa a ɔtoo ne din "Makaa Maka!".[4]Adwumakuw a wɔboa maa ɔde saa Apaawa no bae nye KASSA RECORDS a na ɛyɛ naa nede. Ne ndwom no trɛw kɔɔ Gaana afanan nyinaa ne mpo Amanɔne.[2]

Sɛ yɛka Reggie Rockstone a, ma dodow naa de nim no ne sɛ, ɔka hiplife anaa Kasahare ndwom kɔfarebaefo ne mpanyinfo a wɔbɔ ndwom tesɛ Abrɔfo no ho wɔ Gaana. Kasa a ɔka paa nye Asante Twi na ɔsan nso te Borɔfo paa. Nkrɔfo nim no wɔ wiase baabiara na woabobɔ ndwom wɔ Aponto pii ase wɔ Afrika atɔeɛfam, UK, USA, France ne Switzerland.[2]

Wɔyɛɛ no Ɔtembuafo wɔ dwumadi bi ase[sesa]

Wɔ afe 2013 mu no, wɔde no kaa Atembuafo a na wɔbɛhwɛ Glo X Factor Afrika de no ho maa dwumadi no kɔɔ so yie. Na Onyeka Onwenu neM.I [5] ka neho. Na ɔsan nso yɛ Ɔtembuafo wɔ Malta Guiness Mantɛm Asa Akansi no ma ɔtɔ so nnum no ho wɔ afe 2012.[6]

Nnwuma[sesa]

Rockstone de Barima ne Ɔbea nda mu nkitahodie ho wrɔba (Condoms) baeɛ wɔ Ɔsanaa 2013 mu wɔ Gaana guadie mu. Ɔyɛɛ wɛe de boa ma wɔbɔɔ nda mu nsayare ho ban.[7]. Rockstone wɔ edwuma bi a eduan a Gaanafo taadi na wɔyɛ. Eduan no din de Waakye na wɔde ma ndwumakuw mufo ne ahomegye mbeaɛ ahorow. Wɔde abobode na akyekyere ho.[8]

Apaawa ahorow[sesa]

Reggie Rockstone yɛɛ Apaawa nnan wɔ ne leblu ne din de Kassa Records mu na baako nso wɔ MixerPot:[9]

  • Makaa Maka (I Said It Because I Said It), 1997
  • Me Na Me Kae (I Was The One Who Said It), 1999
  • Me Ka (I Will Say), 2000
  • Last show, 2004
  • Reggiestration, 2010

Beaɛ menyaa mmoa fii[sesa]

  1. https://buzzlearn.com/reggie-rockstone/
  2. 2.0 2.1 2.2 https://www.ghanaweb.com/person/Reggie-Rockstone-351
  3. https://www.modernghana.com/amp/music/2997/reggie-rockstone.html
  4. https://www.theafricandream.net/hiplife-316-gospel-according-to-reggie-2/
  5. https://web.archive.org/web/20140629053940/http://www.loudsoundgh.com/2013/04/confirmed-reggie-rockstone-is-glo-x-factor-judge/
  6. https://en.wikipedia.org/wiki/Reggie_Rockstone#cite_note-10
  7. https://en.wikipedia.org/wiki/Reggie_Rockstone#cite_note-12
  8. https://en.wikipedia.org/wiki/Reggie_Rockstone#cite_note-13
  9. "http://mixerpot.com//home-spot/tag/Reggie+Rockstone". Archived from the original on 2022-02-03. Retrieved 2022-02-03. {{cite web}}: External link in |title= (help)