Amerika

Ɛfi Wikipedia
(Ɛfiri USA)
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

United States of Amerika(U.S.A ana USA), a nnipa pii noa deɛ no United States (U.S anaa US) anaa America(About this soundpronounciation of "Amerika" ) yε ɔman bi a ɛwɔ North America. Ɛwɔ nkuro aduonum(50), mansini, ahennie atitire num bi a wɔnnwieɛ, Indian mmeaɛ ahasa ne aduonu nsia ne Island nkron. Na ahenkuroWɔhyeten. Emu nipa dodoɔ yɛ 327.167.434 (2018).[1] [2] Wɔ bɛyɛ ɔpepepe mmiɛnsa akyirepɔ nnwɔtwe (3.8) , Wɔ asaase nhwehwɛmu no ɔno ne ɔman a ɔtɔ so mmiɛnsa anaa nan wɔ wiase nyinaa. United States ne Canada na ɛbɔ hyeɛ kɔ atifi famne Mexico kɔ anaafoɔ fam saa nso na maritime hyeɛ ne Bahamas, Cuba, Russia ne aman foforɔ no ɛbɔhyeɛ. [3]Ɔno na ɔtɔ so mmiɛnsa a ɔwɔ nnipa bɛyɛ sɛ ɔpepepe ahasa ne aduasa baako wɔ wiase nyinaa.[4] N'ahenkuro ne Washington, D.C., ɛna kuro a agye din ne beaɛ a sika wɔ paa yɛ New York City.

Paleo-Indian tufiri Siberia kɔɔ North America asaase ankasa so bɛyɛ mfeɛ mpem du mmienu nie, ɛna European di a wɔdi aman so no hyɛɛ aseɛ wɔ 16th Sɛntry. Wɔnyaa United States firi British adedie a ɛtɔ so du mmiɛnsa a wɔnyaeɛ wɔ East Coast. Ntawantawa a Great British nyaeɛ wɔɛfa ɛtoɔ ne amanyɔsɛm ho na ɛde American Revolutionary ntɔkwa baeɛ firi afe apem ahanson ne aduoson num dekɔ afe apem ahannson ne aduowɔtwe mmiɛnsa mu(1775-1783) ɛno na ɛma wɔnyaa ɔman no faahodie. 18th sɛntry rebɛba awieɛ no, U.S hyɛaseɛ sɛ ɛtrɛ afa North America, nkakrankakra na wɔbɛnyaa ahennie wɔ ɔkoo mu, na wɔgyae wɔn a wɔte America na wɔsii nkuro foforɔ. Wei ka wɔn gyedie a wɔde dii wɔ dwuma ho,, bɛyɛ afe apem ahannwɔtwe ne aduanan nnwɔtwe mu no United States trɛ wɔn kuro nom firi apueɛ kɔɔ atɔeɛ.

Wɔgyee nkoasom tomm wɔ Southern United States kɔpem sɛ wɔduruu 19th sɛntry nkyekyɛmu a ɛtɔ mmienu, berɛ a America ntɔkwa no gyaeɛ. Spanish-America ntɔkwa ne wiase nyinaa ntɔkwa a ɛdikan no maa U.S bɛnyaa tumi wɔ wiase ɛna wiase ntɔkwa a ɛtɔ so mmienu no awieeɛ no maa United States ne Soviet kuo yɛɛ nkuro mmienu a wɔwɔ tumi paa. Wɔ Cold ntɔkwa mu no, wɔn mmienu ne fee so wɔ Korea ne Vietnam ntɔkwa nom nanso wɔsii asrafoɔ antɔkwa ano kwan. Wɔm koo wɔ Space Race, a ne mpɔmpɔnso kɔɔ so wɔ afe apem ahankron ne aduosia nkron America wiemhyɛn mu a ɛdikan de nnipa kɔɔ bosome so. Soviet Union dissolution wɔ afe apem ahankron ne aduokron baako na ɛma Cold ntɔkwa no gyaeɛ, a ɛmaa United States bɛyɛ ɔhoɔdenfoɔ wɔ wiase nyinaa mu.

Nhwehwɛmu[sesa]

  1. CIA. The World Factbook: United States (english)
  2. "Connected". Archived from the original on 2021-09-07. Retrieved 2021-09-09.
  3. The United States has a maritime border with the United Kingdom because the U.S. Virgin Islands borders the British Virgin Islands. Puerto Rico has a maritime border with the Dominican Republic. American Samoa has a maritime border with the Cook Islands (see Cook Islands–United States Maritime Boundary Treaty). American Samoa also has maritime borders with independent Samoa and Niue
  4. The U.S. Census Bureau also provides a continuously updated but unofficial population clock in addition to its decennial census and annual population estimates