Waakye

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Waakye (About this soundpronunciation of "Waakye" ) yɛ Ghana aduane bi a yɛde ɛmoo ne adua na anoa,yɛtaa di no anɔpa anaa awia. Saa nso na ebinom nso di no anwummerɛ.[1] Mpɛn pii no yɛtae de adua a n'ani no ayɛ sɛ tuntum anaa sɛ adua a yɛfrɛ no nantwie adua no fra ɛmoo no noa bom, sane de ayuo a n'ahaban no yɛ kɔkɔɔ a aho anaa sɛ ne mfimfini ne ankaatwɛdeɛ na ɛnoa.[2] Ayuo no ahaban no ne ankaatwɛdeɛ no ma saa aduane no yɛ hwam sane ma no yɛ kɔkɔɔ na yayi ahaban no afirim ansa na yɛadi. Edin waakye no firi Hausa kasa mu a ɛkyerɛ sɛ adua. Ɛyɛ edin a yɛnya firii edin kyinkafa da wake mu a ɛkyerɛ sɛ ɛmoo ne adua. Wɔn a wɔtɔn nnuane wɔ kwan ho na ɛtaa tɔn waakye. Yɛgyedi sɛ Hausafoɔ ne nnipakuo ba a ɛwɔ serɛm wɔ Ghana ha na ɛnim waakye noa yie paa ara. Na wɔde gu kwadu ahaban mu na wɔde abɔmu a kahuro baako anaa deɛ ɛboro saa gu so, nkosua a yanoa, gari, hyetɔ, kabegye, gyeene ɛna ntoosi, adeɛ bi a ayɛ sɛ sonsonoeɛ a(yɛfrɛ no taalia wɔ Ghana) anaa borɔdeɛ a yakye agu so.[3]

Abakwasɛm[sesa]

Ɛbɛtumi aba sɛ saa aduane yi a efiri Hausafoɔ hɔ yi, ɛmoo ne adua yi firi Karibean ne Amɛrika a ɛwɔ anaafoɔ afam a yɛtaa hunu no, na yɛde baeɛ berɛ a Yɛkɔɔ nkoasom mu no.[4]

Sɛdeɛ yɛsi yɛ saa aduane no.[sesa]

Mpɛn pii no sɛ worebɛ noa waakye a ɛwɔ sɛ wodikan noa adua no ne ayuo ahaban no a aho no ma adua no yɛ mmerɛ sane nso yɛ kɔkɔɔ ansa na wode ɛmoo no agum wɔ egya no so.[5]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://theculturetrip.com/africa/ghana/articles/a-brief-history-of-waakye-ghanas-favourite-breakfast/
  2. https://www.196flavors.com/ghana-waakye/
  3. https://www.graphic.com.gh/features/features/ghana-news-waakye-the-dish-with-loyal-patrons.html
  4. Muyambo, Freda.    (16 August 2018). "All You Need to Know About Waakye". The Spruce Eats. dotdash.
  5. https://biscuitsandladles.com/waakye/#.YQuuSnZlDIU