Patrick Boakye-Yiadom

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Patrick Boakye-Yiadom
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
name in native languagePatrick Boakye-Yiadom Sesa
given namePatrick Sesa
family nameBoakye-Yiadom Sesa
date of birth2 Obubuo 1976 Sesa
place of birthObuasi Sesa
native languageAsante Kasa Sesa
languages spoken, written or signedEnglish, Asante Kasa Sesa
occupationAmanyɔni, Dɔkota Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atKwame Nkrumah University of Science and Technology Sesa
work locationObuasi Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
candidacy in election2016 Ghanaian general election, 2020 Ghanaian general election Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Patrick Boakye-Yiadom yɛ Ghana amanyɔni na ɔyɛ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no Mmarahyɛ Badwaa a ɛtɔ so Nson (7) ne Ghana Aman Mmarahyɛ Bagua a Ɛtɔ so awɔtwe (8) no muni a ɔde Obuasi Apueeɛ Mmrahyɛbadwam mpɛsoa a ɛwɔ Ashanti Mantam mu no gyina hɔ wɔ Ɔman Ho Kuo Foforo (New Patriotic Party) no tekiti so. 2][3]

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Patrick wɔ Obubuo bosome da ɛtɔ so mmienu (2) afe 1976 na ofiri Obuasi wɔ Ashanti mantam mu. Ɔwiee ne mfitiaseɛ wɔ afe 1988 ne ne BECE wɔ afe 1991. Ɔsan nyaa ne SSSCE wɔ afe 1994. Ɔsan nyaa ne bachelor’s wɔ Nyansahu mu abodin krataa wɔ Nnipa Abɔde a Nkwa Wom Ho Adesua mu (bachelor's in Science degree in Human Biology) wɔ afe 2000. Akyiri yi onyaa ne MBChB wɔ Aduruyɛ Ho Ɔbenfo Panyin (MBChB in General Medical Practitioner) mu wɔ afe 2003. Ɔyɛ KNUST sukuuni wɔ afe 2003 Adesuakuw a ɛwɔ Aduruyɛ Nyansahu Sukuu mu (2003 Class of the School of Medical Science).[4]

Adwuma[sesa]

Patrick yɛ Aduruyɛ ho Ɔkwankyerɛfoɔ Abadiakyiri (Deputy Medical Director) ma Bryant Mission Ayaresabea (Bryant Mission Hospital) a ɛwɔ Obuasi.[1][5] Ɔyɛ oduruyɛfo (medical doctor).[6]

Amanyɔsɛm adwuma[sesa]

Patrick yɛ NPP muni na mprempren ɔyɛ Obuasi Apueeɛ Mmrahyɛbadwam mpɛsoa a ɛwɔ Ashanti Mantam mu no MP.[5][7][8]

N'asetra mu[sesa]

Patrick yɛ Kristoni.[5]

Adɔeyɛ[sesa]

Wɔ afe 2020 mu no, Patrick de mpa bɛyɛ aduonu (20) maa ayaresabea anan (4) a ɛwɔ Obuasi Apueeɛ Mmrahyɛbadwam mpɛsoa mu.[13][14]

Ɔsanaa bosome 2022 mu no, ɔde popcorn mfiri, deep freezers,mfiri a yɛde yɛ (fufu pounding machine) ne fango nkotokuo (charcoal) bi maa PWDfoɔ a wɔwɔ Obuasi Apueɛ Mansin.[15][16]