Patrick Banor

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Patrick Banor
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
name in native languagePatrick Banor Sesa
given namePatrick Sesa
family nameBanor Sesa
date of birth13 Ayɛwohomumɔ 1975 Sesa
place of birthKenyasi Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni Sesa
position heldMember of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Asutifi North (Ghana parliament constituency) Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
candidacy in election2020 Ghanaian parliamentary election Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Patrick Banor yɛ Ghana amanyɔni ne ɔhwɛfoɔ. Ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Asutifi Atifi Mmrahyɛbadwam mpɛsoa firi Ɔpɛpɔn bosome da ɛtɔ so nson (7) afe 2021.[1]

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Banor Fida wɔ Ayɛwohomumɔ bosome da ɛtɔ so dummiɛnsa (13) afe 1975 wɔ Kenyasi No.2.[1] Onyaa ne Mfitiase Nhomasua Adansedi Krataa (Basic Education Certificate) wɔ afe 1991 mu, ne ne Ntoasoɔ Sukuu Adansedi Krataa (Secondary School Certificate) wɔ afe 1994 mu.[1] Wɔmaa no ne Bachelor of Arts abodin krataa wɔ Asetra mu nsɛm ho adesua ne Asetra mu Adwuma (Bachelor of Arts degree in Sociology and Social Work) wɔ afe 2009 mu.[1]

Adwuma ne amanyɔsɛm[sesa]

Ansa na ɔrekɔ amanyɔsɛm mu no, na ɔyɛ Sarfpok Company Limited (Sarfpok Adwumakuw a Wɔahyehyɛ) no sohwɛfo panyin (General Manager).[1] Wɔ afe 2020 NPP mmarahyɛ badwa primaries mu no, Banor ne Evans Bobie Opoku sii akan wɔ Asutifi Atifi Mmrahyɛbadwam mpɛsoa nkongua no ho na odii nkonim.[2] Wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ no mu no, Banor ne Ebenezer Kwaku Addo a ofiri NDC, ne Kofi Annan a ofiri GUM sii akan wɔ Asutifi Atifi nkongua no ho. Onyaa amba 18505 a ɛgyina hɔ ma abatoɔ a ɛfata a wɔtoo no nyinaa mu 52.62% tiaa Addo abatoɔ 16546 ne Anane abatoɔ 116, a ɛgyina hɔ ma abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ nyinaa mu 47.05% ne 0.33%.

Boayikuw no[sesa]

Patrick yɛ Mmarahyɛ Boayikuw a Ɛka Ho (Subsidiary Legislation Committee) no muni na ɔsan yɛ Efie boayikuw (House Committee) no muni.[1]

N'asetra mu[sesa]

Patrick yɛ Kristoni.[5]

Adɔeyɛ[sesa]

bosome Ɛbɔ afe 2020 mu no, Patrick maa nnipa 1,348 a wɔrehwehwɛ BECE no akontaabuo nhyehyɛeɛ (mathematical sets).[6]

bosome Ɔsanaa afe 2021 mu no, ɔde bɛyɛ 400 desk maa Ola Girls' SHS.[7]