Patience Pomary

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Patience PomaryAbout this soundpronounciation of "Patience Pomary"  ( wɔwoo no kitawonsa bosome da a ɛtɔ so dunan wɔ afe apem ahankron aduonan) yɛ Ghana amanyɔni sane yɛ obi a ɔyɛ ankorankorɛ nnwuma bebree. Ɔsom sɛ mmarahyɛbedwanii wɔ Hohoe atifi mpɛsoa so a ɛwɔ fra mantam wɔ Ghana ɛna na ɔno nkoa ne ɔbaa a ɔyɛ mmarahyɛbedwanii aɔfiri fra mantam.[1]

Abrabɔ ahyɛaseɛ ne nnwomasua.[sesa]

Wɔwoo Patience Pomary wɔ kitawonsa bosome da a ɛtɔ so dunan wɔ afe apem ahankron aduonan. Ɔkɔɔ suapɔn wɔ "seddoh Business commercial college" Beaɛ a ɔnyaa ne nnwomasua nkrataa wɔ ngressi kasa mu,"shorthand ne typing" mu.[2]

Nnwuma.[sesa]

Wɔ afe apem ahankron aduoson mu no, Pomary firii Hohoe kɔyɛɛ adwuma wɔ Ghana kookoo adwumakuo mu.[3] Pomary yɛ kane mmarahyɛbedwanii wɔ mmarahyɛbedwakuo a edikan wɔ kwasafoman a ɛtɔ so nan wɔ Ghana firi ɔpɛpɔn bosome wɔ afe apem ahankron aduokron mmiɛnsa de kɔpem afe apem ahankron aduokron nson wɔ ɔpɛpɔn mu. Ɔyɛ ankorankorɛ nnwuma bebree.

Amanyɔsɛm.[sesa]

Pomary de ne ho wuraa amanyɔsɛm wɔ berɛ a wɔgyegyee nkorɔfoɔ nkonnwa firii wɔn nsa ma wɔfirii aban mu. Ɔka akukudamfoɔ a wɔkekaa afe apem ahankron aduokron mmienu Ghana amammra bɔɔ mu. Saa nso na na ɔyɛ ekuoba wɔ ɔpɛnimaa bosome da a ɛtɔ so aduasa baako mmaa anamɔntuo wɔ Ghana. Wɔ afe apem ahankron aduokron baako mu wɔ kyineɛ amanyɔkuo"National Democratic Congress" nyiamu a edi kan mu no, ɔdii nkunim wɔ mmarima mmienu a wɔyɛ n'asɔretiafoɔ ma no bɛgyinaa hɔ maa Hohoe atifi mpɛsoa no. Pomary na wɔdii kan yii no wɔ afe apem ahankron aduokron mmienu Ghana mmarahyɛbedwa abatoɔ no mu wɔ kyineɛ amanyɔkuo"National Democratic Congress" anan mu. Ɔsom mprɛ baako wɔ aban mu wɔ mmarahyɛbedwafie. Ɔdii ntwo wɔ afe apem ahankron aduokron nsia Ghana abatoɔ no mu dane akonnwa no maa Nathaniel Kwadwo Aduadjoe a ɔwɔ kyineɛ amanyɔkuo"National Democratic Congress" mu a ɔnyaa mma mpem aduasa nkron ne nnwɔtwe a ɛgyina hɔ ma ɔhamu nkyekyɛmu aduosia mmienu akyiripɔn nnwɔtwe wɔ ne kyɛfa mu na ɔmaa Stanley Tsaku Harker a ɔwɔ "People's National Convention" amanyɔkuo mu a ɔnyaa mma mpem nan, ahanu ne aduosia nan a ɛgyina hɔ ma ɔhamu nkyekyɛmu nsia akyiripɔn aduokron wɔ ne kyɛfa mu dii ntwo;[4] wɔ mpem mmienu ne dunkron mu no kane manpanin Jerry John Rawlings,maa maame Pomary ɛhyɛn mono a yɛntee ano, maame Pomary kɔɔ kane manpanin dada Jerry John Rawlings hɔ kɔdaa no ase wɔ akyɛdeɛ a ɔde maa no ne bɔ a ɔbɔ n'kyidɔm, Ɔsan kaa sɛ n'ani gyee boroso berɛ ɔtuu saa anamɔn no. Kane manpanin dada kaa sɛ:<<Maame Pomary atuhoakyɛ ne n'ahofama adwuma a ɔyɛ ma ne manfoɔ no da no adi pefee sɛ wɔn a wɔyi wɔn ho si hɔ yɛ saa adwuma pa ma wɔn mpɔtam ne wɔn man no ɛwɔ sɛ wɔbɔ wɔn abaso ma no hyɛ afoforɔ nkuran.[5]

N'abrabɔ.[sesa]

Ɔyɛ okristoni.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. "Ghana MPs - List of 2013 - 2017 (6th Parliament) MPs". www.ghanamps.com. Retrieved 2021-02-13
  2. Ghana Parliamentary Register 1992-1996.
  3. Rawlings Dash Former Hohoe North MP A Car". Modern Ghana. Retrieved 2021-02-17
  4. FM, Peace. "Ghana Election 1996 Results - Hohoe Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2021-02-13.
  5. Rawlings gives former NDC MP brand new vehicle". Pulse Ghana. 2019-08-21. Retrieved 2021-02-13.