Osei Bonsu Amoah

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Osei Bonsu Amoah
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
date of birth15 Ɔsanaa 1961 Sesa
place of birthGhana Sesa
native languageAsante Kasa Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationlawyer, Amanyɔni Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 6th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 5th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atUniversity of Ghana, Ghana School of Law Sesa
academic degreeBachelor of Arts Sesa
academic majorMmara Sesa
residenceAburi Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Osei Bonsu Amoah (wɔwoo no Ɔsanaa 15, 1961) yɛ Ghana amanyɔni ne Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nson (7) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no muni na ogyina hɔ ma nnipa a wɔwɔ Akwapim Anafoɔ Mmrahyɛbadwam mpɛsoa mu wɔ Ghana Apuei Mantam mu wɔ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (New Patriotic Party) frankaa ase.1][2][3][4][5]

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Amoah wɔ Ɔsanaa bosome da a ɛtɔ so dunum (15), afe 1961. Ofiri Aburi, kuro bi a ɛwɔ Ghana Apuei Mantam mu.[6] Odii ne ntoaso sukuu mfeɛ no wɔ Prempeh Kɔlege a agye din no mu na onyaa ne Nyansahu mu Bachelor abodin krataa wɔ mmara mu (Bachelor of Science degree in law) wɔ Ghana Suapɔn(University of Ghana) mu wɔ afe 1985 mu.[6] Wɔ Ghana Mmara Sukuu mu no onyaa Mmara abodin krataa (Bachelor of Law degree) wɔ afe 1995 mu.[6]

Amanyɔsɛm adwuma[sesa]

Ɔyɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (New Patriotic Party) no muni.[7] Mprempren ɔyɛ Mmarahyɛbadwani ma Akwapim Anafoɔ Mmrahyɛbadwam mpɛsoa.

Adwumafa[sesa]

Ansa na wɔrepaw no sɛ mmarahyɛ badwa no, Amoah yɛɛ adwuma sɛ Towtua Ho Nhwehwɛmufo (Inspector of Taxes), IRS wɔ afe 1988 ne afe 1996 ntam hɔ. Wɔpaw no sɛ Mmoa Titiriw, Ɔmanpanyin no Dwumadibea, na ɔsomm firi afe 2001 kosi afe 2005.[6]

Ntɛm ara na wɔpaw no sɛ Ɔsoafoɔ Abadiakyiri wɔ Nhomasua Mmabun ne Agumadi Dwumadibea (Ministry of Education Youth and Sport), na ɔsomm firi afe 2005 kɔsi afe 2008.[6]

N'asetra mu[sesa]

Ɔda ne ho adi sɛ ɔyɛ Kristoni, na waware ne yɔnko mmaranimfo na wɔwɔ mma baasa (3).[6]