Ohum Afahyɛ

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ohum afahyɛ yɛ tete afahyɛ a Akuapemfoɔ ne Akyemfoɔ a wɔwɔ apuiɛ mantam wɔ Ghana na ɛdi.[1] Ɔdi saa afahyɛ no benada anaa wukuadaɛbɔ anaa ahinime bosome mu a ɛgyina bosome korɔ a wɔdii Ohunkan afahyɛ. Sɛ wɔrebɛdi afahyɛ no a wɔbra obiara wɔ dede yɛ ho kɔpem nawɔtwe mmienu.[2] Akyemfoɔ no da wɔn Ɔboadeɛ ase sɛ wɔde nsuo Birim ahyira wɔn nsaase. Wɔde nnɔbaeɛ a wɔnya firii wɔn nsaase so ne nsuom yɛ ahyɛnsodeɛ ne nkaedum ma wɔn nananom a wɔde nsi ne anem pere bɔɔ wɔn kuro no ho ban. Amanfoɔ no hyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛkɔ so adi amanneɛ no so asane ahwɛ wɔn ahennie no so yie ama no adi mu ama asomdwoe aba afahyɛ no mu. Wɔhyɛɛ wɔn hene no bɔ sɛ wɔbɛkɔ adi nokware ama no ne n'ahemfo ne ne mpanimfoɔ no nyinaa wɔ wɔn mpaninnie ne bambɔ a wɔde bɔɔ wɔn.[3] Wɔdi Ohumkyire de da tweaduampɔn ase wɔ bayerɛ foforɔ a wanya na wɔsane serɛ no sɛ ɔnkɔ so ara nyɛ saa wɔ afe a ɛdi wɔn anim no.[4].wɔ siesie krom praprah efie ne mbonten so biara ansa na wɔndi afahyɛ

Beaeɛ a menyaa mmoa firii[sesa]

  1. "Ghana » Eastern Region » Atiwa District". atiwa.ghanadistricts.gov.gh. Retrieved 2015-06-28.
  2. "Festivals Ghana - Easy Track Ghana". www.easytrackghana.com. Retrieved 2019-10-21
  3. Akyem Kyebi". wikimapia.org. Retrieved 2020-08-11
  4. Quashie, Richard (2017-07-20). "These photos of the Ohum Festival are enough proof that there is wealth in Ghana". Yen.com.gh - Ghana news. Retrieved 2019-10-21.