Oblayo

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

OblayoGaanafoɔ aduane. oblayo yɛ Nkran kasa. Ɛyɛ aburoo aduane a wɔ de meleke ne asikyire na edi, ebi so de cinnamon anaa sɛ nkateɛ fra di. Aburoo yɛ aba aduane bi a Gaanafoɔ de yɛ nnuane bebree bi te sɛ Banku, More koko, Diehuo (Tuo-zaafi).[1][2]

Neɛma a wɔ de yɛ[sesa]

  • Aburoo
  • Nsuo
  • Nkyene[1]

Ɔkwan a wɔ fa so yɛ[sesa]

  • Wo de aburoo mo nu a ya hata gu kyensee mu na wo de nsuo agu so na asi hɔ ma adeakye
  • Afei aburoo no ayɛ mmrɛ no na wo de asi gya so
  • Ma gya no nyɛ kakrabi, afei fa nkyene no gu mu

Sɛ wo pɛ sɛ oblayo no pi a na wo de aburoo sam kakra afra wɔ mmerɛ du akyi w'adum gya no. Sɛ oblayo no ben pɛ wo bɛ tumi de w'asikyiree ne meleke adi.[1]

Nfasode[sesa]

Nfasodeɛ bebree wɔ aburoo nnuane mu bi te sɛ Vitamins ne minerals a ɛyɛ ma nipa dua no. Esan sradeɛ ne fiber ɛwɔ aburoo mu no ɛyɛ ma nipa dua no.[3]

Ntotoho[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 https://bakesbychichi.com/hominy-corn-porridge-oblayo/
  2. https://www.pulse.com.gh/lifestyle/food-travel/ghanaian-dish-how-to-prepare-oblayo-porridge/z7ynn2k
  3. https://www.netmeds.com/health-library/post/corn-maize-cholam-health-benefits-nutrition-uses-for-skin-and-hair-recipes-side-effects