Diehuo

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Tuo zaafi a nnipa dodow no ara frɛ no diehuo(About this soundpronounciation of "Diehuo" ) ka nnuane a yɛdi no wɔ Gaanaman mu ha no ho. Wɔ Gaana no, nnipakuo a wɔdi diehuo pa ara ne nnipa a wɔwɔ atifi fam. Diehuo yɛ aduane a ɛyɛ dɛ yie na ne akadeɛ titriw ne ayoyo forɔeɛ ne ntoosi forɔyɛ.

Nnoɔma ahodoɔ a yɛde yɛ diehuo ne forɔeɛ.[sesa]

Sɛ worebɛyɛ adiehuo ne forɔeɛ a yɛde ka ho a, wobɛhia;

Kokonte, aburosam, ayoyo haban, kawu, nkyene, dawadawa, mako, gyeene, atomudeɛ, ntoosi, amane, ngo.

Diehuo

Sɛnea yɛsi yɛ diehuo ne ɛho forɔeɛ.[sesa]

Sɛ worebɛka diehuo a, wobɛdi kan afa aburosam ne nsuo aka afra. Wowie a na wode nsuo asi gya so ama no ehuru. Ehuru a, na wode aburosam no a wode nsuo fra no egu mu na wanunum ama antɔ aba. Sɛ ɛfra na ehuru a, na wasa bi asi nkyɛn a wode bɛka diehuo no. Wowie a, na wode kokonte sam no egu nea aka wɔ gya so no mu. Wode kokonte Sam no egu ewie no, na wanunum ara kɔsi sɛ ɛbɛfra yie na amma antɔ aba. Ɛmu reyɛ duru no na wode aburosam nsuo no a wosa sii hɔ no nso regu mu nkakrankakra na waka ama emu ayɛ mmerɛ kakra te sɛ nea wopɛ. Afei bɛyɛ sima dunum akyi no na wo diehuo anaa tuo zaafi no aben.[1]

Ayoyo forɔeɛ.[sesa]

Sɛ worebɛyɛ ayoyo forɔeɛ a, wobɛhohoro ayoyo ahaban ne ho na wo wie a na wɔtwitwa no nketenkete. Wobɛnoa nsuo ama no ayɛ hye yie na wode gyeene a yɛtwitwa, nsesawa esam, dawadawa, nkruma sam, egu nsuo no a ɛsi gya so nu mu ama no ehuru bɛyɛ sima num ne nson ntam na wode ayoyo ahaban no ne kawu no nso egu mu na woanunum atoatoa so kɔsi sɛ atosodeɛ no bɛyɛ merɛ.

Ntoosi forɔeɛ.[sesa]

Sɛ worebɛyɛ ntoosi forɔeɛ a, wobɛdi kan atwitwa nam a wopɛ sɛ wode yɛ no mu nketenkete sɛnea wopɛ no ahohoro ho asi gya so de gyeene, akekaduro, galik nso egu ho. Wode saa atosodeɛ a yɛyam yi egu ho awie no, na wode atomdeɛ ne nkyene kakra nso egu nam ne ho na wakata so kakra ama nam no ho Amoateng.

Ɛnam no ho anoa awie no, na watam afiri gya no so de kyɛnsee foforo asi gya no so de ngo egu mu. Ngo no yɛ hye kakra a, na wode gyeene a yɛtwitwa egu ngo no mu. Sɛ gyeene no kye kakra a, na wode mako ne gyeene a yɛyam nso egu ngo no mu, sɛ ɛyɛ kakra a bɛyɛ sima mmiɛnsa a na wode ntoosi a yɛyam no nso egu mu na wanunum. Na afei wabubu amane ne saamon a yɛhohoro ho no nso egu forɔyɛ no mu. Wo wie a na wode nam no a wonoa ho no nso egu forɔyɛ no mu afei na waka forɔyɛ no dɛ no ahwɛ sɛ nkyene no wɔ fam a,na wode kakra aka ho. Forɔyɛ no ahuru bɛyɛ sima du akyiri no na afei deɛ wawie forɔyɛ no yɛ.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

https://web.archive.org/web/20210731055219/https://gh.opera.news/gh/en/food/b0cf6902824fd7485d6520d9c5e849c5

  1. Archive copy, archived from the original on 2021-07-31, retrieved 2021-07-31{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)

Daniella Damptey (talk) 03:17, 5 Ogyefuo 2022 (UTC)@Daniella Damptey