More koko

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

More koko(About this soundpronounciation of "More koko" ) yɛ aburow aduane. Yɛde more mono a ɛyɛ eburoo a yɛyam na yɛde ka. More koko yɛ aduane bi a enni mmerɛ bebree wɔ ne yɛ mu. Wɔ ne yɛ mu no, sɛ woreka a wobetumi aka more mono no sa ara anaa sɛ wobɛ sɔne so ayiyi ntɛtɛ, wie gyina sɛneɛ wopɛ no so.

Wɔ more koko yɛ mu no, sɛ worebɛyɛ a wobɛhia nnoɔma adidisoɔ yi;

Sɛdeɛ yɛsi yɛ saa aduane yi.[sesa]

More mono

Nsuo ne nkyene

Neɛ edikan ne sɛ, woasiesie gya a wode bɛyɛ aduane no awie no, wode more mono no bɛgu kyɛsen kɛseɛ kakra mu na wode nsuo egu so aka afra ama no asaamu, sɛ wo wie no sie a wobɛtumi ahyɛ aseɛ aka nanso sɛ wopɛ no motoo a na wasɔne so ansa wahyɛ aseɛ aka. Sɛ wowie a na wode nkyene kakra egu mu na sɛ wopɛ sɛ emu yɛ hwam a na wode hwenteaa bɛyɛ mmaako mmaako mmiɛnsa bi egu mu. More no si so no nyinaa na worenunum na amma aba biara ammɛ mu. Sɛ koko no mu yɛ duru (tick) a na wode nsuo kakra agu mu sɛneɛ wopɛ mu duro no. Sɛ ehuru bɛyɛ sima num a more no ani bɛsesa na ɛkyerɛ sɛ koko no aben. Sɛ woredi nso a wobɛtumi de nkate mono a yɛakye, paano, milik ne asekyere nso adi .


Beaeɛ a menyaa saa mmoa no firiiɛ.[sesa]

https://ndudu-by-fafa.blogspot.com/2017/04/corn-meal-porridge-koko-kooko.html?m=1

https://m.youtube.com/watch?v=rQTf5Cb9heA

Daniella Damptey (talk) 02:04, 6 Ogyefuo 2022 (UTC)Daniella Damptey

Beaɛ a menyaa saa mmoa yi firiiɛ.[sesa]

https://ndudu-by-fafa.blogspot.com/2017/04/corn-meal-porridge-koko-kooko.html?m=1