Norbert Garko Awulley

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Norbert Garko Awulley
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Builsa South
Bere
7 January 1993 – 6 January 2005
OdikanfoNew
AnanmusiniAbolimbisa Roger Akantagriwen
Ne ho asɛm
Awo bere22 June 1954 (1954-06-22) (age 69)
Upper East Region, Ghana
Ne manGhana Ghana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔ
  • Gbewaa College of Education
  • Institute of Social Science, Moscow
N'adwumaAmanyɔni
N'adwumaƆkyerɛkyerɛni

Norbert Garko Awulley About this soundsɛnea yɛbɔ "Norbert Garko Awulley"  yɛ Ɔman Ghana amanyɔni a wɔwoo no Ayɛwohomumɔ bosome da a ɛtɔ so aduonu-mmienu, afe apem ahankron aduonum-nan mu. Na ɔka fahodie a ɛtɔ so mmienu ne mmiɛnsa ho. Ɔgyinaa hɔ maa Builsa Anafoɔ mpɛsoa so a ɛwɔ Ghana Atifido-Apueɛ Mantam mu.[1][2][3][4]

Abrabɔ Ahyɛaseɛ ne Adesua[sesa]

Wɔwoo Norbert Garko Awulley wɔ Ayɛwohomumɔ bosome da a ɛtɔ so aduonu-mmienu, afe apem ahankron aduonum-nan mu wɔ Ghana (Sikakɔkɔɔ Mpoano) Atifido-Apueɛ Mantam mu. Ɔkɔɔ ntoasoɔ sukuu wɔ Tamale Adwadie Sukuu, baabi a ɔnyaa Atikyafoɔ Nteteeɛ Abodin krataa. Akyiri yi no, ɔkɔɔ Asetenam Abɔdeɛ-mu-nyansapɛ Sukuu wɔ Moscow man mu na ɔnyaa 'Diploma' wɔ Asetenam Abɔdeɛ-mu—nyansapɛ mu.

Adwumasɛm[sesa]

Awulley yɛ ɔkyerɛkyerɛni ne akane mmarahyɛbedwani ma Builsa Anafoɔ Mpɛsoa so wɔ Ghana Atifido-Apueɛ Mantam mu.

Amanyɔsɛm[sesa]

Awulley nam Ɔman kabi-ma-menka-bi kuo so kɔɔ mmarahyɛbedwam wɔ Ghana afe apem ahankron aduokron-mmienu mmarahyɛbedwam abatoɔ berɛ mu na ɔgyina maa Builsa Anafoɔ mpɛsoa so. Ɔsane dii nkunim bio wɔ afe apem ahankron aduokron-nsia mu a ɔnyaa mma mpem nson, ahanu ne mmienu wɔ aba no nyinaa mu a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyɛmu aduonum, akyiripɔ aduowɔtwe. Ɔfaa akonwa no wɔ Ghana mfeɛ mpem mmienu abatoɔ no mu na ɔnyaa mma mpem nan, ahansia ne aduokron wɔ aba no nyinaa mu a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyɛmu aduonum-mmienu, akyiripɔ aduanan wɔ wɔn a ɔne wɔn sii akan no so. Achianah J. Amoabil a ɔnyaa mma mpem mmiɛnsa ahanan ne aduosia-nson. Kanbonaba H. Abeka a ɔnyaa mma ahanan ne aduanan-num a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyɛmu num, Adama Bawah a ɔnyaa mma ahanu ne du-baako a ɛyɛ ɔha nkyɛmu mmienu, akyiripɔ aduanan ne Atukpok Angabe a ɔnyaa mma ɔha ne aduanan-num a ɛyɛ ɔha nkyɛmu baako, akyiripɔ aduosia.[5][6] Ɔhweree n'akonwa maa Abolimbisa Roger Akantagriwen wɔ Ghana mfeɛ mpem mmienu ne nan abatoɔ no mu.[7]

Ɔno Ankasa n'abrabɔ[sesa]

Awulley yɛ kristonii

Beaɛ a me nyaa mmoa firiiɛ[sesa]