Builsa South (Ghana marahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Builsa South(About this soundPronunciation of"Builsa South" ) yɛ mpesua nom baako a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam. Wɔyi mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyina hɔ ma saa mpesua no. Builsa South wɔ Builsa mansini a ɛwɔ apueɛ do mantam wɔ Ghana.

Ɛhyeɛ[sesa]

Mpesua no akonnwa no hyɛ Builsa mansini mu a ɛwɔ Ghana apueɛ do mantam.

Akyire nsɛm.[sesa]

Wɔtee Builsa South mansini no wɔ Ayɛwohomummɔ bosome da a ɛtɔ nson wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu (7 June,2012) mu. Wɔyi firii ɛnkane Builsa mansini mu. Mansini no ka mansini nan a wɔtee no wɔ mantam nom wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu (2012) a ɛde mansini du mmiɛnsa (13) baa mantam nom. Fumbisi na ɛyɛ n'adwumam ahenkuro. Aban a ɛhyɛ mmara akodeɛ a ɛhyɛɛ wɔn ma wɔteeɛ yɛ mpɔtam mpɔtam aban Act, 1993(Act 462) wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu (2012) yɛ (L12104).[1]

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992) mu no Norbert Garko Awullay a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress na ɔdii akonnwa no so. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) mu no, kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress sane de anamusini foforɔ a wɔfrɛ no Abolimbisa Roger Akantagriwen na ɛbɛgyina maa mpesua no. People's National convention anamusini Alhassan Azong nso bɛperee mpesua no akonnwa no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe (2008) nom. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia (2016) nom no Kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress sane de anamusini foforɔ baeɛ a wɔfrɛ no Dr. Clement Apaak.

Abatoɔ[sesa]

Alhassan bɛyɛɛ people's National convention nkoa kuoba wɔ mmarahyɛbedwafie a ɛtɔ so nsia wɔ kwasafoman a ɛtɔ so nan nom aberɛ a wɔtoo mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu (2012) Ghana abatoɔ no wieeɛ wɔ ɔpɛnimaa bosome da a ɛtɔ so nson wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu (7 December,2012) mu. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe (2008) Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ wɔ Builsa South no, nnipa nan na ɛperee mpesua no akonnwa no. Alhassan Azong a ɔwɔ People's National convention nyaa mma mpem nsia ne aduanan nwɔtwe (6,048) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduanan nson akyirepɔ du mmienu (47.12). Abolimbisa Roger Akantagriwen a ɔno nso wɔ Kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nso nyaa mma mpem nan, ahansia ne du nsia(4,616) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduasa mmiɛnsa akyirepɔ aduokron nson(33.97). Mma mpem mmienu, ɔha ne du nan(2,114) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu du nsia akyirepɔ aduanan nwɔtwe(16.47) na Ɔsono amanyɔkuo New patroitic party ananmusini Paulina Atiik Morton-Bruce nyaeɛ. Akokɔ amanyɔkuo convention people's party anamsini Daniel Kwallinjam Kunde nyaa mma aduonum nsia(56) a ɛyɛ akyirepɔ aduanan nan(0.44).

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe (2008) Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ wɔ Builsa South mpesua so no, nnipa nsia na na wɔn din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyina hɔ maa mpesua no. Alhassan Azong a ɔwɔ People's National convention nyaa mma mpem nan ne aduanan nson(4,047) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduasa nsia akyirepɔ num (36.5). Kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress ananmusini Abolimbisa Roger Akantagriwen nyaa mma mpem mmiɛnsa, ahankron ne aduowɔtwe nwɔtwe (3,988) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduasa nsia (36.0). Akaachobli Kojo Daniel a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party nso nyaa mma mpem mmienu, ahankron ne aduasa nnwɔtwe (2,938) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonu nsia akyirepɔ num (26.5). Daniel Kwallinjam Kunde a ɔwɔ akokɔ amanyɔkuo convention people's party nso nyaa mma aduonum nnwɔtwe (58) a ɛyɛ akyirepɔ num(0.5). Mma aduasa nkron (39) a ɛyɛ akyirepɔ nan(0.4) n Democratic freedom party anamsini Gifty Ajavuuk nyaeɛ. Democratic people's party anamsini Eric Akaba nso nyaa mma aduonu mmienu (22) a ɛyɛ akyirepɔ mmienu (0.2).

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ nom wɔ Builsa South no, nnipa nan na ɛperee mpesua no akonnwa no. Kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress anamusini Abolimbisa Roger Akantagriwen nyaa mma mpem nan, ahannwɔtwe ne aduonu (4,820) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduanan nan(44.0). Theodore Kaboa Ayaric a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party nso nyaa mma mpem mmiɛnsa, ahanan ne du mmiɛnsa (3,413) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduasa mmienu akyirepɔ mmienu (32.2). People's National convention anamusini Achianah Joseph Amoabil nso nyaa mpem mmienu, ahansia ne aduasa baako (2,631) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonu nan(24.0). Mma aduowɔtwe mmiɛnsa (83) a ɛyɛ akyirepɔ nnwɔtwe (0.8) na Kunde Daniel Collins a ɔwɔ akokɔ amanyɔkuo convention people's party nyaeɛ.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. "2010 Population and Housing Census: Builsa South District" (PDF). Archived from the original (PDF) on March 5, 2016. Retrieved November 27, 2017.