Nkrumah James Eric

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Nkrumah James Eric About this soundpronounciation of "Nkrumah James Eric" Ghana amanyɔni na ɔsan ka mmarahyɛbedwafoɔ a wɔdi kan wɔ kwasafoman Ghana na ɔgyinaa mu maa NDC wɔ Awutu/Senya abatoɔ mpɛsoa so.

N'abrabɔ ahyɛaseɛ ne Nnwomasua[sesa]

Yɛwoo Nkrumah wɔ Ayɛwohomumɔ da a ɛtɔ so du wɔ afe apem, ahankron ne aduasa-nsia (1936) mu. Ɔkɔɔ Sukuupɔn wɔ 'Kwame Nkrumah Idiological College' a ne nsa kaa ne GCE Advanced level. Ɔyɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛni ansa na ɔrekɔ mmarahyɛbedwafie.

Amanyɔsɛm[sesa]

Ɔhyɛɛ n'amanyɔsɛm dwumadie ase wɔ afe apem, ahankron ne aduokron mmienu (1992) mu na ɔtuu ne ho sii hɔ sɛ ɔrepere abɛyɛ NDC mmarahyɛbedwani wɔ ne mpɛsoa so wɔ mfimfini mantam mu a ɛwɔ Ghana bere a wɔrehyɛ Ghana mmarahyɛbadwafie abatoɔ a edi kan ase wɔ afe apem, ahankron ne aduokron mmienu (1992) mu. Ɔdii nse wɔ mmarahyɛbedwa a edi kan no mu wɔ Ghana Kwasafoman a ɛtɔ so nnan wɔ Ɔpɛpɔn da a ɛtɔ so nson wɔ afe apem, ahankron ne aduokron mmiɛnsa (1993) mu bere a wɔpae mu kaa sɛ woadi nkunim wɔ Ghana abatoɔ a wɔtoo no Ɔpɛnimaa da a ɛtɔ so aduonu-nkron wɔ afe apem, ahankron ne aduokron mmienu (1992) mu. Bere a ɔsomm mfie nnan wieeɛ no, Nkrumah hweree ne diberɛ maa ne yɔnko a ɔne no wɔ amanyɔkuo baako mu a wɔfrɛ no Babalami Abu-Sadat. Ɔdii nkunim wɔ NPP kuoba a wɔfrɛ no Haruna Esseku so a ɔnyaa mma 11,722 a ɛgyina hɔ ma 23.50% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ no, Clifford Okyne a ɔwɔ CPP nso nyaa mma 7,234 a ɛgyina hɔ ma 14.50% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ no, Haruna Atta-Husseyin nso nyaa mma 493 a ɛgyina hɔ ma 1.00% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ no ɛna S.K.Romeo-Tetteh a ɔwɔ NCP nso nyaa mma 370 a ɛgyina hɔ ma 0.70% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ no mu wɔ Ghana abatoɔ a wɔtoo no wɔ afe apem, ahankron ne aduokron nsia (1996) mu. Babalami nyaa mma 20,347 a ɛgyina hɔ ma 40.80% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ no mu. Ɛno akyi no, yɛde tumi hyɛɛ ne nsa wɔ Ɔpɛpɔn da a ɛtɔ so nson wɔ afe apem ahankron ne aduokron nson (1997) mu.[1]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/central/71/index.php