Nii Armah Ashietey

Ɛfi Wikipedia
Hon
Nii Armah Ashitey
Member of the Ghana Parliament
for Korle Klottey
Bere
7 January 2009 – 7 January 2017
OdikanfoNii Adu Daku Mante
AnanmusiniZanetor Agyeman-Rawlings
Minister for Employment and Labour Relations
Bere
14 February 2013 – 7 January 2017
ƆmanpanyinJohn Dramani Mahama
OdikanfoMoses Asaga
(Employment and Social Welfare)
Greater Accra Regional Minister
Bere
January 2009 – 7 January 2013
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
John Dramani Mahama
OdikanfoShiekh Ibrahim Cudjoe Quaye
AnanmusiniJoshua Nii Laryea Afotey-Agbo
Ne ho asɛm
Awo bere28 January 1950 (1950-01-28) (age 74)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔKwame Nkrumah University of Science and Technology
N'adwumaLawyer

Nii Armah AshiteyGhana mmaranimfoɔ ne amanyɔfoɔ. Ɔyɛ Korle Klottey Mmarahyɛ Bagua no muni na ɔsan nso yɛ kan ɔmanpanyin a ɔhwɛ adwumayɛ ne adwumayɛfo ntam abusuabɔ so wɔ Ghana aban mu.

Adwuma[sesa]

Ashietey suaa adeɛ wɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfiridwuma so wɔ Kumasi, Ashanti Mantam ahenkuro wɔ Ghana. Owiee sukuu wɔ 1975 mu na onyaa Bachelor of Arts abodin krataa wɔ asetra ho nyansahu mu. Akyiri yi ɔbɛyɛɛ mmaranimfo wɔ afe 1986 mu bere a osuaa ade wɔ Ghana Mmara Sukuu mu no. Ɔyɛɛ adwuma sɛ Ocerec Company Limited a ɛwɔ Accra no panyin ansa na ɔrekɔ amammuisɛm mu.[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Ashitey yɛ adwumayɛfo panyin wɔ Tema Metropolitan Area fi 1993 kosi 2001. Ɔde ne ho bɔɔ National Democratic Congress na ɔgyinaa wɔn tekiti so wɔ Ghana amansan abatoɔ mu wɔ December 2004 mu, na ɔdii nkoguo ketewaa bi wɔ New Patriotic Party kandifoɔ Nii Adu Daku Mante[2] anim. Mfeɛ nnan akyi no, ɔsan gyinaa nkongua korɔ no ara so, na ɔdii nkonim wɔ abatoɔ ɔha mu nkyekyɛmu 50.6 ne dodoɔ no ara 2,622 (ɔha mu nkyekyɛmu 4.3).[3]

Wɔ afe 2009 mu no, Ɔmampanyin Mills paw no sɛ ɔmantam soafo ma Greater Accra Mantam no. Ɔkɔɔ so traa saa dibea yi mu wɔ Mills wu akyi. Bere a John Dramani Mahama dii nkonim wɔ Ghana amansan abatow mu wɔ Ɔpɛnimma bosome no mu wɔ afe 2012 mu no, wɔpaw no sɛ ɔmanpanyin foforo a ɔhwɛ adwumayɛ ne adwumayɛfo ntam abusuabɔ so.[4]

Beaɛ menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Mansa Fredua-Agyeman, Blessing Onwukwe, Nii Armah Adu-Aryee (2020-08-31), "Antibiotic prescribing and the risk of antibiotic–associated diarrhoea in Korle Bu Teaching Hospital, Ghana: a pilot study", The Journal of Infection in Developing Countries, vol. 14, no. 08, pp. 861–868, doi:10.3855/jidc.11259, ISSN 1972-2680, retrieved 2023-10-02{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  2. pdf (PDF), archived from the original (PDF) on 2012-10-21, retrieved 2023-10-02
  3. Parliamentary Results Korle Klottey (Greater Accra Region), retrieved 2023-10-02
  4. President Mahama Administeres Oaths Of Allegiance And Secrecy To 17 Ministers, 2013-10-02, archived from the original on 2013-10-02, retrieved 2023-10-02{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)