Jump to content

Lannea welwithschii

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Lannea welwithschii
taxon
short nameL. welwitschii Sesa
taxon nameLannea welwitschii Sesa
taxon rankspecies Sesa
parent taxonLannea Sesa
IUCN conservation statusLeast Concern Sesa

Lannea welwitschii yɛ dua bi a ɛwɔ Anacardiaceae abusua mu.[1][2] Ɛtaa wɔ Afrika Atɔefam anaa ne Mfinimfini fam a Ghana ka ho no kwae a osu tɔ na owia bɔ kɛse wom no mu.[3][4]

Wɔde dua yi yɛ dan mu nneɛma ne nnwinnade, wotumi di nnuaba no, na wɔde ne ho yɛ aduru, ne hama.[2]

Ma wɔde yɛ

[sesa]

Aduruyɛ

[sesa]

Wɔde Lannea welwitschii dua honam di dwuma wɔ amanne kwan so nduruyɛ mu de sa brayɛ mu haw ahorow, awo akyi ɛyaw, awo a wontumi nwo, asikyireyadeɛ, akisikuru, nsu gu, ne akisikuru (wɔde fra nsa anaa bobesa).[3]

Aduane

[sesa]

Nnuaba no yɛ nea wotumi di na nnipa pii wɔwɔ Ghana di. Wɔde yɛ anonne ne nsa nso.

Dua Dwumadi

[sesa]

Nnua no yɛ den na mmoa a wɔseɛ nneɛma ntumi nkɔ mu, enti ɛyɛ nea eye ma adansi, dan mu nneɛma, ne fam asiesie.[3]

Duadwumfo de Lannea welwitschii dua a wɔfrɛ no ‘kumbi’ yɛ nneɛma a emu nyɛ duru, nnaka, nkuku, plywood, ne ahyɛmma. Wɔtumi nso de di dwuma wɔ fam, dan mu nneɛma, nkuku, na wɔde hyew brew anaa gyebidie.[2]

Sua pii

[sesa]

Beaɛ a menyaa mmoa fii

[sesa]
  1. Lannea welwitschii (Hiern) Engl. (World flora) (in English), retrieved 2024-07-09
  2. 2.0 2.1 2.2 Lannea welwitschii, retrieved 2024-07-09
  3. 3.0 3.1 3.2 Lannea welwitschii - Useful Tropical Plants, retrieved 2024-07-09
  4. Research Gate, Lannea welwitschii