Jump to content

Justicia flava

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Justicia flava
taxon
short nameJ. flava Sesa
taxon nameJusticia flava Sesa
taxon rankspecies Sesa
parent taxonJusticia Sesa
basionymDianthera americana var. flava Sesa
GRIN URLhttps://npgsweb.ars-grin.gov/gringlobal/taxonomydetail.aspx?id=450175 Sesa

Justicia flava yɛ nhwiren bi a ɛwɔ abusua Acanthaceae mu[1][2]. Saa nhwiren yi da nsow wɔ n’aduruyɛ mu na wɔde di dwuma kɛse wɔ amanne kwan so aduruyɛ mu wɔ mmeae ahorow, a Ghana ka ho[3].

Ayaresa[sesa]

Justicia flava wɔ mfaso kɛse wɔ Ghanafo aduruyɛ mu. Wɔde nhaban ne ntini no sa nyarewa ahorow[4].

Atiridii[sesa]

Wɔde nneɛma a wɔayi afi nhaban no mu di dwuma de sa atiridii (malaria). Nhabannuru ho animdefo siesie nhabannuru yi s yareɛ na wogye di sɛ ɛtew atiridiinini so na ɛko tia yareɛ mmoawa.

Home mu yareɛ[sesa]

Wɔde nnuru a wɔde Justicia flava ayɛ no di dwuma de brɛ ɔhome mu tebea horow te sɛ ɛwabɔ ne hwenemu nsuo sɛnkyerɛnne ase.

Akuru[sesa]

Wɔde nhaban no gu akuru ne pira so na ama ayɛ mogya atwa na asiw no trɛw ano ama no akɔ ntɛm. Wɔtumi nso de sa Asikyireyareɛ.

Beaɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. Justicia flava - Useful Tropical Plants, retrieved 2024-07-03
  2. Justicia flava | PlantZAfrica, retrieved 2024-07-03
  3. Justicia flava (Forssk.) Vahl | Plants of the World Online | Kew Science (in English), retrieved 2024-07-03
  4. plant.jstor, Justicia flava (Forssk.) Vahl [family ACANTHACEAE] on JSTOR, retrieved 2024-07-03