Jump to content

Hwene mu a ɛsɔne nsuo

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
runny nose
symptom, symptom or sign
subclass ofnose symptom, rhinitis, nasal discharge Sesa
has causecold, common cold, influenza, deviated septum, allergy Sesa
health specialtypulmonology Sesa
ICPC 2 IDR08 Sesa
NCI Thesaurus IDC54282 Sesa

Hwene mu a ɛsɔne nsuo (Rhinorrhea, rhinorrhoea, anaa runny nose) yɛ sɛ nsuo bɛfiri obi hwene mu aba wɔ berɛ a ɛnyɛ nipa no ankasa na ɔrepu nsuo afiri ne hwene mu. Nsuo no ankasa na ɛpue. Nsuo no taa yɛ mann. Edin a wɔde feɛ nsuo torotorootoro yi ne mucus [1] [2]Yei yɛ bebea bi a Ɛnyɛ na koraa. Mmɔfra na ɛtaa yɛ wɔn. Nyɛ wɔn nko, mpanimfoɔ nso kɔ tebea bi mu a, sɛ ebia wɔyare tipaeɛ a, nsuo tumi firi wɔn hwene mu ba. Sɛ obi kɔdi aduane bi a ne nipadua no mpɛ a ɛso nsunsuansoɔ no bi ne sɛ nsuo bɛfiri ne hwene mu. Wɔn a wɔanya COVID 19 [3]nso bɛtumi akɔ saa tebea no mu. Nyɛ yadeɛ nko na ɛtumi ma obi hwene mu sɔne nsuo. Sɛ obi fa nnurubɔne bi te sɛ cocaine boro so nso a, ɛma ne hwene mu sɔne nsuo. Ɛbɛtumi nso ayɛ esu mmorosoɔ[4][5] Sɛ ayarehwɛfoɔ yɛ wɔn adwene sɛ wɔresa saa yadeɛ yi a, nyɛ wɔn botaeɛ nko ara ne sɛ wɔbɛma nsuo a ɛfiri nipa no hwene mu no abgyae ba mmom, wɔhwɛ nso sɛ wɔbɛtu adeɛ a ɛde hwene mu nsuo no baeɛ no nso ase.[6]

Nsɛnkyerɛnne[sesa]

Rhinorrhea

Deɛ ɛbɛma yɛahunu sɛ obi anya rhinorrhea ne nsuo a ɛtaa firi ne hwene mu ba. Nsuo a ɛpue firi nipa no hwene mu no firi ne tiri mu. [7]Nsuo a ɛwɔ yɛn tiri mu no deɛ, ɛsɛ sɛ ɛwɔ hɔ, nanso ɛnam tebea bi a obi bɛkɔ mu so mu nti ɛbɛdɔɔso wɔ nipa no tiri mu a na ebi pue firi ne hwene mu. Nyɛ ne hwene mu nko ara na ebi tumi fa ne mene mu te sɛ ahɔhorɔ.[8] sɛ obi nya hwenemmusie a, mframa ntumi mfa ne hwene mu. Nti, nsuo yi a ɛwɔ ne tiri mu no ntumi nkenkyene sɛdeɛ ɛsɛ sɛ ɛyɛ no. Ɛba saa a, ɛsɔne firi ne hwenemu. [8] Rhinorrhea ho nɛnkyerɛnne no bi nso ne su onipa a wanya no bɛwansin atoɔtoa so anaa ebi wɔ hɔ a ne hwene mu bɛfiro mogya.[9]

Deɛ Ɛde Ba[sesa]

Deɛ ɛma nsuo firi obi hwene mu ba no dɔɔso bebree. Yɛadi kan aka bi. Yɛbɛsan ati mu bio. Ɛgu ahodoɔ mmienu; yɛwɔ deɛ ɛyɛ yadeɛ bi nsunsuansoɔ. Yɛsan wɔ deɛ ɛnyu yadeɛ biara nsunsuansoɔ nanso tebea bi a obi bɛkɔ mu anaa ne nneyɔeɛ bi de bɛba. Deɛ yadeɛ de ba no bi ne sɛ, sɛ obi ti pae no , ɔnya hwene mu sie anaa biribi a ɛte saa a, ne hwene mu tumi firi nsuo. Yadeɛ COVID 19 nso ho nsunsuansoɔ no bi ne no. Afei, obi nso kɔdi biribi a ɔmpɛ a, ɛno nso tumi de ba. Deɛ tebea foforɔ bi nso de ba no bi na ɛdidi soɔ yi. Sɛ obi fa adubɔne bi te sɛ cocaine boro so ɛno nso tumi ma ne hwene mu firi nsuo. [10]Afei sɛ obi su mmorosoɔ nso a, ɛtumi de ba.[11]

Nsɔano[sesa]

Mpɛn pii no, ɛyɛ rhinorrhea ho ayarehwɛ nhyɛ da nhia esiane sɛ, sɛ ɛno ankasa wɔ hɔ a, ɛtumi kɔ, nkanka ne berɛ a ɛyɛ yadeɛ bi anaa tebea bi a obi akɔ mu nsunsuansoɔ. Ayarehwɛfoɔ taa tu fo sɛ biribi saa ba a, ɛyɛ a ɔyarefoɔ no ntaa nnuom nsuo no. Sɛ wɔhwɛ nso na ɛho bɛhia sɛ wɔma nipa a ne hwene mu resɔne nsuo no aduro nso a, aduro a wɔde ma no no yɛ deɛ ɛbɛsɔ yadeɛ a ama ne hwene mu resɔne nsuo no ano.[12]

[13]

Beaeɛ a Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. Dorland's pocket medical dictionary. Elsevier. 10 November 2013. p. 660. ISBN 978-81-312-3501-0.
  2. https://www.cancer.gov/publications/dictionaries/cancer-terms/def/mucous-membrane (in English), 2011-02-02, retrieved 2024-06-20 {{citation}}: External link in |title= (help)
  3. CDC (2020-02-11), COVID-19 and Your Health (in American English), retrieved 2024-06-20
  4. Myon L, Delforge A, Raoul G, Ferri J (February 2010). "[Palatal necrosis due to cocaine abuse]". Rev Stomatol Chir Maxillofac (in French). 111 (1): 32–5. doi:10.1016/j.stomax.2009.01.009. PMID 20060991.
  5. Eileen Trigoboff; Kneisl, Carol Ren; Wilson, Holly Skodol (2004). Contemporary psychiatric-mental health nursing. Upper Saddle River, N.J: Pearson/Prentice Hall. p. 274. ISBN 978-0-13-041582-0.
  6. "Rhinorrhea (Runny Nose)". Cleveland Clinic (in English). Retrieved 2023-10-10.
  7. https://www.cancer.gov/publications/dictionaries/cancer-terms/def/nasal-cavity (in English), 2011-02-02, retrieved 2024-06-20 {{citation}}: External link in |title= (help)
  8. 8.0 8.1 "Nasal discharge". Medline Plus. United States National Library of Medicine, National Institutes of Health. Retrieved 1 November 2007.
  9. "Rhinorrhea Overview". FreeMd. Retrieved 21 September 2011.
  10. Julie Marks, Cocaine: How It Works, Effects, and Risks (in English), retrieved 2024-06-20
  11. "Runny nose: causes". Mayo Clinic. 2021-03-16.
  12. Ramey JT, Bailen E, Lockey RF (2006). "Rhinitis medicamentosa" (PDF). Journal of Investigational Allergology and Clinical Immunology. 16 (3): 148–155. PMID 16784007. Retrieved 29 April 2015.
  13. "Rhinorrhea (Runny Nose)". Cleveland Clinic (in English). Retrieved 2023-10-10.