Kwame Addo-Kufuor

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Kwame Addo-Kufuor
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Manhyia Mpɛsoaso
Bere
7 January 1997 – 7 January 2009
AnanmusiniMathew Opoku Prempeh
OdikanfoKwamena Bartels
Minister of the Interior
Bere
2008–2009
ƆmanpanyinJohn Kufuor
OdikanfoAlbert Kan-Dapaah
AnanmusiniCletus Avoka
Minister for Defence
Bere
January 2001 – 2008
ƆmanpanyinJohn Kufuor
OdikanfoLt. Col. E. K. T. Donkoh
Ne ho asɛm
Awo bere14 July 1940 (1940-07-14) (age 83)
Kumasi, Ghana
Ne manGhana Ghana
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
NehokaniRosemary Addo-Kufuor
RelationsJohn Kufuor - brother
MmaKwame Addo-Kufuor, Kojo Addo-Kufuor & Nana Ama Poku
Sukuu a w'akɔJesus College, University of Cambridge
N'adwumaMedical doctor

Wɔwoo Kwame Addo-Kufuor Ketawonsa bosome ne da a ɛtɔ so du-nnan afe apem ahankron ne aduanan(Kitawonsa14, 1940) Ɔyɛ Ghanani mmarahyɛbadwani sane yɔ Dɔkota. Addo-Kufuor ka mmarahyɛbadwafoɔ no ho a na ɔgyina amanfoɔ a ɔwɔ Manhyia firi 2001 kɔpem 2007, na ɔyɛ ɔsuafoɔ ɔhwɛ banbɔ so wɔ ne nua Ɔmanpanin John Kufuor firi Ayɛwohummumɔ bosome afe mpenu ne nnwɔtwe ne mpenu ne nkron mu (2008 ne 2009).

Adwuma[sesa]

Addo-Kufuor yɛ dɔkotani ankasa.

Amanyɔsɛm[sesa]

Addo-Kufuor ka New Patriotic Party amanyɔkuo ho. Ɔbɛyɛɛ mmarahyɛbadwani wɔ Ɔpɛpɔn bosome afe apem ahankron aduokron nson (1997) wɔ berɛ a ɔdii nkunim wɔ Ɔpɛnimaa bosome Ghanafoɔ nyinaa abatoɔ mu wɔ 1996. Ɔsane yii no bio sɛ mmarahyɛbadwani ma Manhyia abatoɔ mpasoa so wɔ Ghana mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nnan.

Abatoɔ[sesa]

1997 mmarahyɛbadwa abatoɔ[sesa]

Addo yɛ mmarahyɛbani a ɔyii no wɔ afe apem ahankron aduokron nsia(1996) Ɔpɛnimaa Ghanafoɔ nyinaa abotoɔ ma Manhyia abatoɔ mpasoa so wɔ Asante mantam mu. Mma a Ɔnyaeɛ ne 59,227 de firii 72,789 mma mu a ɛgyina hɔ ma 63.30% de tea Yaw Addai Boadu a ɔɛ NDC amanyɔkuo ba a ɔnyaa 13,562 a ɛgyina hɔ ma 14.50%. Ɔsane yii no bio maa no mma 64,067 firii 78,368 mma mu a ɛgyina hɔ ma 81.80% de tea Samuel B.Donkoh a ɔyɛ NDC amanyɔkuo ba a ɔnyaa mma 12,244 ɛgyina hɔ ma 15.60%, Salifu Mumuni PNC nyaa 1,614 ɛgyina hɔ ma 2.10% ne Nana O. Boateng ɔnyaa 443 ɛgyina hɔ ma 0.60%.

2004 mmarahyɛbadwa abatoɔ[sesa]

Ɔtoo aba maa Addo-Kofuor sɛ mmarahyɛbɛdwani ma Bekwai abatoɔ mpɛsua so wɔ Asante Mantam mu a ɛwɔ Ghana wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan mu (2004) wɔ abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ Ghana mu no.ɔdii nkonim de maa Ɔsono Kokuroko amanyɔkuo (NPP) no. Na ne mpɛsua no ka mmarahyɛbɛdwam akonwa aduasa nsia (36) a na ne nyinaa dodoɔ yɛ aduasa nkron (39) a Ɔsono amanyɔkuo (NPP) nyaa wɔ saa abatoɔ no mu wɔ Asante Mantam mu. Ɔsono Kokuroko amanyɔkuo no nyaa mmarahyɛbɛdwa akonwa no mu ɔha ne aduonunwɔtwe (128) de firii mmarahyɛbɛdwam akonwa a ne dodoɔ yɛ ahaanu ne aduasa (230). Ɔdii nkonim wɔ berɛ a ɔnyaa mma no mu mpem aduosia nsia,ahaanu ne du (66,210 ) de firii mma a ne dodoɔ yɛ mpem aduowɔtwe nson,ahansia ne aduonu nkron (87,629) mu a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduosonum ne akyiripɔ nsia (75.6%) a na ɛyɛ mma a wɔtoeɛ no nyinaa dodoɔ. Wɔyii no gyaa Salifu Mumuni a ɔgyinaa  mu maa People's National Convention amanyɔkuo no, Kwame Boateng a ɔgyinaa mu de maa National Democratic Congress amanyɔkuo no,E.A.Ohene Darko a ɔno nso gyina maa Convention People's Party amanyɔkuo no ne Kofi Pervical Akpaloo a na ɔyɛ kɔntɔnkorɔ ananmusini (Independence Candidate). Wɔn mma a wɔnyaeɛ na ɛdidisoɔ yi; ahansia ne aduosia nson (667) , mpem nkron,ahanum ne aduonum (9,550) , ahanan ne aduokron nwɔtwe (498) ne mpem du ,ahanson ne nan (10,704) . Saa mma yi gyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu hwee ne akyiripɔ nwɔtwe (0.8% ) ,ɔha mu nkyekyɛmu du ne akyiripɔ nkron (10.9%) ,ɔha mu nkyekyɛmu hwee ne akyiripɔ nsia (0.6%) ne ɔha mu nkyekyɛmu dunan ne akyiripɔ mmienu (12.2%) wɔ nnidisoɔ mu.

Ɔbra ahyɛaseɛ ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Addo-Kufuor Kitawonsa bosome ne da a ɛtɔ so du-nnan afe apem ahankron ne aduanan(Kitawonsa14, 1940). Ɔwie suapɔn wɔ Cambridge suapɔn mu. Ɔkura bachelor's degree wɔ nnuroyɛ mu. Ɔsane sua adeɛ wɔ Middlesex Medical sukuu asopite ne Jesus College.

Nabrabɔ[sesa]

Addo-Kufuor yɛ kristoni

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]